< Atemmufo 13 >

1 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifo nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfe aduanan.
And the sons of Israel again did that which was evil in the sight of Jehovah, and Jehovah delivered them into the hand of the Philistines forty years.
2 Saa bere no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ofi Dan abusuakuw mu. Na ne yere nnya awo, enti na wonni mma.
And there was a certain man of Zorah, of the family of the Danites, whose name was Manoah, and his wife was barren, and did not bear.
3 Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kae se, “Ɛwɔ mu sɛ wonwoe de, nanso ɛrenkyɛ worebenyinsɛn na woawo ɔbabarima.
And the agent of Jehovah appeared to the woman, and said to her, Behold now, thou are barren, and do not bear, but thou shall conceive, and bear a son.
4 Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsa a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwade.
Now therefore beware, I pray thee, and drink no wine nor strong drink, and do not eat any unclean thing,
5 Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.”
for, lo, thou shall conceive, and bear a son. And no razor shall come upon his head, for the child shall be a Nazirite to God from the womb. And he shall begin to save Israel out of the hand of the Philistines.
6 Ɔbea no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ, “Onyankopɔn nipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfo no mu baako a ne ho yɛ hu yiye. Mammisa no baabi a ofi bae, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me.
Then the woman came and told her husband, saying, A man of God came to me, and his countenance was like the countenance of the agent of God, very awesome. And I did not ask him from where he was, neither did he tell me his name,
7 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwade. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu kosi bere a obewu.’”
but he said to me, Behold, thou shall conceive, and bear a son. And now drink no wine nor strong drink, and do not eat any unclean thing, for the child shall be a Nazirite to God from the womb to the day of his death.
8 Na Manoa bɔɔ Awurade mpae se, “Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn nipa no nsan mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛe a ɛfa abarimaa a wɔbɛwo no no ho.”
Then Manoah entreated Jehovah, and said, Oh, Lord, I pray thee, let the man of God whom thou sent come again to us, and teach us what we shall do to the child that shall be born.
9 Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfo no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ bere a ɔwɔ afum. Nanso na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ.
And God hearkened to the voice of Manoah, and the agent of God came again to the woman as she sat in the field, but Manoah her husband was not with her.
10 Ɔbea no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Ɔbarima a oyii ne ho adi kyerɛɛ me da no aba bio!”
And the woman made haste, and ran, and told her husband, and said to him, Behold, the man has appeared to me, who came to me the other day.
11 Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Oduu ɔbarima no ho no, obisaa no se, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no ana?” Obuae se, “Yiw, ɛyɛ me.”
And Manoah arose, and went after his wife, and came to the man, and said to him, Are thou the man who spoke to the woman? And he said, I am.
12 Enti Manoa bisaa no se, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ fa abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ ho?”
And Manoah said, Now let thy words come to pass. What shall be the ordering of the child, and what shall we do to him?
13 Awurade bɔfo no buae se, “Hwɛ sɛ wo yere bedi nhyehyɛe a mekyerɛɛ no no so.
And the agent of Jehovah said to Manoah, Of all that I said to the woman let her beware.
14 Ɛnsɛ sɛ odi bobe anaa biribiara a efi bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ odi aduan biara a ɛyɛ akyiwade.”
She may not eat of anything that comes of the vine, neither let her drink wine or strong drink, nor eat any unclean thing. All that I commanded her let her observe.
15 Enti Manoa ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, “Mesrɛ wo, tena ha kosi sɛ yebesiesie abirekyi ba bi ama woadi ansa na woakɔ.”
And Manoah said to the agent of Jehovah, I pray thee, let us detain thee, that we may make ready a kid for thee.
16 Awurade bɔfo no buae se, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, mutumi siesie ɔhyew afɔre sɛ afɔrebɔde de ma Awurade.” (Na Manoa anhu sɛ ɔyɛ Awurade bɔfo.)
And the agent of Jehovah said to Manoah, Though thou detain me, I will not eat of thy bread, and if thou will make ready a burnt offering, thou must offer it to Jehovah. For Manoah did not know that he was the agent of Jehovah.
17 Afei, Manoa bisaa Awurade bɔfo no se, “Wo din de dɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo anuonyam.”
And Manoah said to the agent of Jehovah, What is thy name, that, when thy words come to pass, we may do thee honor?
18 Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na wubisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente ase.”
And the agent of Jehovah said to him, Why do thou ask after my name, seeing it is wonderful?
19 Afei, Manoa faa abirekyi ba no ne aduan afɔrebɔde de bɔɔ afɔre wɔ ɔbotan bi so maa Awurade. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwonwade bi.
So Manoah took the kid with the meal offering, and offered it upon the rock to Jehovah. And the agent did wondrously, and Manoah and his wife looked on,
20 Ogyaframa a ɛwɔ afɔremuka no mu no teɛ kɔɔ wim no, Awurade bɔfo no faa mu foro kɔe. Na Manoa ne ne yere huu saa no, wɔde wɔn anim butubutuw fam.
for it came to pass, when the flame went up toward heaven from off the altar, that the agent of Jehovah ascended in the flame of the altar. And Manoah and his wife looked on, and they fell on their faces to the ground.
21 Ɔbɔfo no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa huu sɛ ɛyɛ Awurade bɔfo,
But the agent of Jehovah appeared no more to Manoah or to his wife. Then Manoah knew that he was the agent of Jehovah.
22 na ɔka kyerɛɛ ne yere se, “Yebewuwu, efisɛ yɛahu Onyankopɔn!”
And Manoah said to his wife, We shall surely die, because we have seen God.
23 Nanso ne yere kae se, “Sɛ Awurade bekum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwonwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwonwade yi nso.”
But his wife said to him, If Jehovah were pleased to kill us, he would not have received a burnt offering and a meal offering at our hand, neither would he have shown us all these things, nor would at this time have told such things as these.
24 Ɔbea no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abofra no renyin no, Awurade hyiraa no.
And the woman bore a son, and called his name Samson. And the child grew, and Jehovah blessed him.
25 Na bere a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, Awurade Honhom fii ase baa ne so.
And the Spirit of Jehovah began to move him in Mahaneh-dan, between Zorah and Eshtaol.

< Atemmufo 13 >