< Atemmufo 12 >
1 Efraim abusuakuw no boaboaa asraafo ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn nti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfo? Yɛrebɛhyew wo ne wo fi nyinaa pasaa!”
以法蓮人聚集,到了北方,對耶弗他說:「你去與亞捫人爭戰,為甚麼沒有招我們同去呢?我們必用火燒你和你的房屋。」
2 Yefta buae se, “Mansotwe no mfiase no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa annye me wɔ Amonfo nsam.
耶弗他對他們說:「我和我的民與亞捫人大大爭戰;我招你們來,你們竟沒有來救我脫離他們的手。
3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso Awurade ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”
我見你們不來救我,我就拚命前去攻擊亞捫人,耶和華將他們交在我手中。你們今日為甚麼上我這裏來攻打我呢?」
4 Efraimfo ntuanofo no buae se, “Gileadfo nyɛ nnipa biara sɛ aguanfo a wofi Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakofo; wɔtow hyɛɛ Efraimfo so, dii wɔn so nkonim.
於是耶弗他招聚基列人,與以法蓮人爭戰。基列人擊殺以法蓮人,是因他們說:「你們基列人在以法蓮、瑪拿西中間,不過是以法蓮逃亡的人。」
5 Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ guan kɔ nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, “Wufi Efraim abusua mu ana?” Sɛ ɔbarima no bua se, “Dabi” a,
基列人把守約旦河的渡口,不容以法蓮人過去。以法蓮逃走的人若說:「容我過去。」基列人就問他說:「你是以法蓮人不是?」他若說:「不是」,
6 wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.
就對他說:「你說『示播列』。」以法蓮人因為咬不真字音,便說「西播列」。基列人就將他拿住,殺在約旦河的渡口。那時以法蓮人被殺的有四萬二千人。
7 Yefta yɛɛ Israel so temmufo mfe asia. Owui no, wosiee no wɔ Gilead nkurow no baako so.
耶弗他作以色列的士師六年。基列人耶弗他死了,葬在基列的一座城裏。
8 Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem.
耶弗他以後,有伯利恆人以比讚作以色列的士師。
9 Na ɔwɔ mmabarima aduasa ne mmabea nso aduasa. Ɔmaa ne mmabea no wareware fii mmusua foforo mu. Ne mmabarima no de, ɔfaa mmabun aduasa fii mmusua foforo mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfe ason.
他有三十個兒子,三十個女兒;女兒都嫁出去了。他給眾子從外鄉娶了三十個媳婦。他作以色列的士師七年。
10 Owui no, wosiee no wɔ Betlehem.
以比讚死了,葬在伯利恆。
11 Ibsan akyi no, Elon a ofi Sebulon na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Obuu Israel atɛn mfe du.
以比讚之後,有西布倫人以倫,作以色列的士師十年。
12 Bere a owui no, wosiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.
西布倫人以倫死了,葬在西布倫地的亞雅崙。
13 Elon wu akyi no, Hilel babarima Abdon a ofi Piraton na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel.
以倫之後,有比拉頓人希列的兒子押頓作以色列的士師。
14 Onyaa mmabarima aduanan ne nananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfurum so. Ɔyɛɛ otemmufo wɔ Israel mfe awotwe.
他有四十個兒子,三十個孫子,騎着七十匹驢駒。押頓作以色列的士師八年。
15 Owu ma wosiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw asase no so.
比拉頓人希列的兒子押頓死了,葬在以法蓮地的比拉頓,在亞瑪力人的山地。