< Atemmufo 10 >
1 Abimelek wu akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba begyee Israel. Na ofi Isakar abusuakuw mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so.
Efter Abimelek fremstod som Israels Befrier Tola, en Søn af Dodos Søn Pua, en Mand af Issakar, som boede i Sjamir i Efraims Bjerge.
2 Ɔyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abiɛsa. Owui no, wosiee no wɔ Samir.
Han var Dommer i Israel i tre og tyve Aar. Da han døde, blev han jordet i Sjamir.
3 Tola wu akyi no, Yair a ofi Gilead bɛyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abien.
Efter ham fremstod Gileaditen Ja'ir; han var Dommer i Israel i to og tyve Aar.
4 Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so wɔ Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkurow.
Han havde tredive Sønner, som red paa tredive Æsler, og de havde tredive Byer, som endnu den Dag i Dag kaldes Ja'irs Teltbyer; de ligger i Gilead.
5 Yair wui na wosiee no Kamon.
Da Ja'ir døde, blev han jordet i Kamon.
6 Bio, Israelfo yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii Awurade ho a wɔansom no koraa.
Men Israeliterne blev ved at gøre, hvad der var ondt i HERRENS Øjne, idet de dyrkede Ba'alerne og Astarterne og Aramæernes, Zidons, Moabs, Ammoniternes og Filisternes Guder og faldt fra HERREN og undlod at dyrke ham.
7 Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amorifo nsa,
Da blussede HERRENS Vrede op mod Israel, og han gav dem til Pris for Filisterne og Ammoniterne,
8 na wofii ase hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Amorifo (wɔ Gilead) asase no so mfe dunwɔtwe.
som kuede og mishandlede Israeliterne i det Aar; i atten Aar kuede de alle Israeliterne hinsides Jordan i Amoriternes Land i Gilead.
9 Amorifo no nso twaa Yordan kɔɔ atɔe fam kɔtow hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfo kɔɔ ahokyere kɛse mu.
Og Ammoniterne satte over Jordan for ogsaa at angribe Juda, Benjamin og Efraims Slægt, saa at Israeliterne kom i stor Nød.
10 Afei Israelfo su frɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne atia wo, efisɛ yɛatwe yɛn ho afi yɛn Nyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”
Da raabte Israeliterne til HERREN og sagde: »Vi har syndet imod dig, thi vi har forladt HERREN vor Gud og dyrket Ba'alerne!«
11 Awurade buae se, “Mannye mo amfi Misraimfo, Amorifo, Amonfo, Filistifo,
Men HERREN svarede Israeliterne: »Har ikke Ægypterne, Amoriterne, Ammoniterne, Filisterne,
12 Sidonfo, Amalekfo ne Maonfo nsam? Bere a wɔhyɛɛ mo so no, musu frɛɛ me na migyee mo.
Zidonierne, Amalekiterne og Midjaniterne mishandlet eder? Og da I raabte til mig, frelste jeg eder af deres Haand.
13 Nanso moagyaw me akɔsom anyame foforo. Ɛno nti, merennye mo bio.
Men I forlod mig og dyrkede andre Guder! Derfor vil jeg ikke mere frelse eder!
14 Munkosu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wonnye mo bere a morehu amane yi.”
Gaa nu hen og raab til de Guder, I udvalgte eder, og lad dem frelse eder i eders Nød!«
15 Nanso Israelfo no kɔɔ so srɛɛ Awurade se, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛnea ɛfata. Nanso gye yɛn fi yɛn atamfo nsam nnɛ.”
Da sagde Israeliterne til HERREN: »Vi har syndet! Gør med os, hvad dig tykkes godt, men frels os blot nu!«
16 Na Israelfo no tow ananafo anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraw no wɔ wɔn ahokyere no ho.
Og de skilte sig af med de fremmede Guder og dyrkede HERREN; da kunde han ikke længer holde ud at se Israels Nød.
17 Saa bere no na Amonfo asraafo aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Israel asraafo so wɔ Mispa.
Ammoniterne stævnedes sammen, og de slog Lejr i Gilead; ogsaa Israeliterne samlede sig, og de slog Lejr i Mizpa.
18 Na Gilead ntuanofo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Obiara a obedi kan atow ahyɛ Amonfo so no bɛyɛ nea obedi Gileadfo nyinaa so.”
Da sagde Folket, Gileads Høvdinger, til hverandre: »Hvis der findes en Mand, som vil tage Kampen op med Ammoniterne, skal han være Høvding over alle Gileads Indbyggere!«