< Atemmufo 1 >

1 Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔtow hyɛ Kanaanfo no so kan?”
After the death of Joshua, the children of Israel asked of the LORD, saying, “Who should go up for us first against the Canaanites, to fight against them?”
2 Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no sodi ahyɛ wɔn nsam.”
The LORD said, “Judah shall go up. Behold, I have delivered the land into his hand.”
3 Enti Yuda ntuanofo no ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuw no se, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfo a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti Simeonfo mmarima no ne Yudafo no kɔe.
Judah said to Simeon his brother, “Come up with me into my lot, that we may fight against the Canaanites; and I likewise will go with you into your lot.” So Simeon went with him.
4 Bere a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wodii Kanaanfo ne Perisifo no so nkonim, na wokunkum atamfo akofo mpem du wɔ Besek.
Judah went up, and the LORD delivered the Canaanites and the Perizzites into their hand. They struck ten thousand men in Bezek.
5 Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiae, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfo no ne Perisifo no so nkonim.
They found Adoni-Bezek in Bezek, and they fought against him. They struck the Canaanites and the Perizzites.
6 Adoni-Besek guanee, nanso ankyɛ na Israelfo kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti.
But Adoni-Bezek fled. They pursued him, caught him, and cut off his thumbs and his big toes.
7 Ɛmaa Adoni-Besek kae se, “Bere bi, na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobeti na wɔbɛtasee mporoporowa wɔ me didipon ase. Afei, Awurade atua me nea meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na owui wɔ hɔ.
Adoni-Bezek said, “Seventy kings, having their thumbs and their big toes cut off, scavenged under my table. As I have done, so God has done to me.” They brought him to Jerusalem, and he died there.
8 Yuda mmarima no tow hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wokunkum kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu gya.
The children of Judah fought against Jerusalem, took it, struck it with the edge of the sword, and set the city on fire.
9 Ɛno akyi, wɔdan faa anafo fam, kɔtow hyɛɛ Kanaanfo a wɔtete bepɔw asase, Negeb ne atɔe fam nkoko so no so.
After that, the children of Judah went down to fight against the Canaanites who lived in the hill country, and in the South, and in the lowland.
10 Yuda bɔ wuraa Kanaanfo a na wɔte Hebron a kan no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahima ne Talmai so.
Judah went against the Canaanites who lived in Hebron. (The name of Hebron before that was Kiriath Arba.) They struck Sheshai, Ahiman, and Talmai.
11 Wofi hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kan no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no).
From there he went against the inhabitants of Debir. (The name of Debir before that was Kiriath Sepher.)
12 Na Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.”
Caleb said, “I will give Achsah my daughter as wife to the man who strikes Kiriath Sepher, and takes it.”
13 Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfae. Enti Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
Othniel the son of Kenaz, Caleb’s younger brother, took it, so he gave him Achsah his daughter as his wife.
14 Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no se ommisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka nea wɔwɔ no ho. Ofi nʼafurum so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no se, “Asɛm bɛn? Dɛn na menyɛ mma wo?”
When she came, she got him to ask her father for a field. She got off her donkey; and Caleb said to her, “What would you like?”
15 Obuae se, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsu wɔ so.” Enti Kaleb maa no atifi ne anafo nsubɔnten.
She said to him, “Give me a blessing; because you have set me in the land of the South, give me also springs of water.” Then Caleb gave her the upper springs and the lower springs.
16 Bere a Yuda abusuakuw fii Yeriko no, Kenifo a wɔyɛ Mose ase barima asefo ne wɔn kɔɔ Yuda sare no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beae bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.
The children of the Kenite, Moses’ brother-in-law, went up out of the city of palm trees with the children of Judah into the wilderness of Judah, which is in the south of Arad; and they went and lived with the people.
17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfo a wɔte Sefat no sɛee kurow no pasaa. Enti wɔtoo kurow no din Horma.
Judah went with Simeon his brother, and they struck the Canaanites who inhabited Zephath, and utterly destroyed it. The name of the city was called Hormah.
18 Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia.
Also Judah took Gaza with its border, and Ashkelon with its border, and Ekron with its border.
19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfo ho nti, ɛmaa wɔfaa bepɔw nsase no. Nanso wɔantumi ampam nnipa a wɔte tataw so no amfi hɔ, efisɛ na wɔwɔ nnade nteaseɛnam.
The LORD was with Judah, and drove out the inhabitants of the hill country; for he could not drive out the inhabitants of the valley, because they had chariots of iron.
20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ.
They gave Hebron to Caleb, as Moses had said, and he drove the three sons of Anak out of there.
21 Benyamin abusuakuw no antumi ampam Yebusifo a na wɔte Yerusalem no. Enti ebesi nnɛ yi, Yebusifo ne Benyamin nkurɔfo da so te Yerusalem.
The children of Benjamin didn’t drive out the Jebusites who inhabited Jerusalem, but the Jebusites dwell with the children of Benjamin in Jerusalem to this day.
22 Yosef asefo kɔtow hyɛɛ Bet-El kurow no so, na Awurade kaa wɔn ho.
The house of Joseph also went up against Bethel, and the LORD was with them.
23 Wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bet-El (a kan no na wɔfrɛ no Lus) hɔ.
The house of Joseph sent to spy out Bethel. (The name of the city before that was Luz.)
24 Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ofi kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ yɛn ɔkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yebehu wo mmɔbɔ.”
The watchers saw a man come out of the city, and they said to him, “Please show us the entrance into the city, and we will deal kindly with you.”
25 Enti ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wokokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wogyaw ɔbarima no ne nʼabusuafo.
He showed them the entrance into the city, and they struck the city with the edge of the sword; but they let the man and all his family go.
26 Akyiri no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifo asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no din Lus. Na saa din no da kuropɔn no so de besi nnɛ.
The man went into the land of the Hittites, built a city, and called its name Luz, which is its name to this day.
27 Manase abusuakuw no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraase no, efisɛ na Kanaanfo no aka se, sɛnea ɛte biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena.
Manasseh didn’t drive out the inhabitants of Beth Shean and its towns, nor Taanach and its towns, nor the inhabitants of Dor and its towns, nor the inhabitants of Ibleam and its towns, nor the inhabitants of Megiddo and its towns; but the Canaanites would dwell in that land.
28 Israelfo no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn na wɔampam wɔn amfi asase no so.
When Israel had grown strong, they put the Canaanites to forced labour, and didn’t utterly drive them out.
29 Efraim abusuakuw no nso antumi antu Kanaanfo a na wɔte Geser no enti Kanaanfo no kɔɔ so ne wɔn tenae.
Ephraim didn’t drive out the Canaanites who lived in Gezer, but the Canaanites lived in Gezer amongst them.
30 Sebulon abusuakuw no antumi antu Kanaanfo a na wɔte Kitron ne Nahalol, nti wɔkɔɔ so ne wɔn tenae. Nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.
Zebulun didn’t drive out the inhabitants of Kitron, nor the inhabitants of Nahalol; but the Canaanites lived amongst them, and became subject to forced labour.
31 Aser abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob.
Asher didn’t drive out the inhabitants of Acco, nor the inhabitants of Sidon, nor of Ahlab, nor of Achzib, nor of Helbah, nor of Aphik, nor of Rehob;
32 Nokware, esiane sɛ wɔantumi antu wɔn no nti, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a Aserfo no te so no so.
but the Asherites lived amongst the Canaanites, the inhabitants of the land, for they didn’t drive them out.
33 Naftali abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a wɔte so no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfo.
Naphtali didn’t drive out the inhabitants of Beth Shemesh, nor the inhabitants of Beth Anath; but he lived amongst the Canaanites, the inhabitants of the land. Nevertheless the inhabitants of Beth Shemesh and of Beth Anath became subject to forced labour.
34 Dan abusuakuw no de, Amorifo hyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ bepɔw nsase no so na wɔamma wɔn amma tataw so hɔ.
The Amorites forced the children of Dan into the hill country, for they would not allow them to come down to the valley;
35 Amorifo no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefo no yɛɛ den mmoroso no, wɔhyɛɛ Amorifo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.
but the Amorites would dwell in Mount Heres, in Aijalon, and in Shaalbim. Yet the hand of the house of Joseph prevailed, so that they became subject to forced labour.
36 Na Amorifo hye fi Akrabbim atrapoe kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.
The border of the Amorites was from the ascent of Akrabbim, from the rock, and upward.

< Atemmufo 1 >