< Yuda 1 >

1 Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo nua na ɔkyerɛw krataa yi, Ɔde kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo bammɔ mu:
イエス・キリストの僕またヤコブの兄弟であるユダから、父なる神に愛され、イエス・キリストに守られている召された人々へ。
2 Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.
あわれみと平安と愛とが、あなたがたに豊かに加わるように。
3 Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da no mu.
愛する者たちよ。わたしたちが共にあずかっている救について、あなたがたに書きおくりたいと心から願っていたので、聖徒たちによって、ひとたび伝えられた信仰のために戦うことを勧めるように、手紙をおくる必要を感じるに至った。
4 Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho ka se adom no nti ɔbra bɔne nsɛe hwee. Wonnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afɔbu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.
そのわけは、不信仰な人々がしのび込んできて、わたしたちの神の恵みを放縦な生活に変え、唯一の君であり、わたしたちの主であるイエス・キリストを否定しているからである。彼らは、このようなさばきを受けることに、昔から予告されているのである。
5 Ɛwɔ mu sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ gye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri no, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho.
あなたがたはみな、じゅうぶんに知っていることではあるが、主が民をエジプトの地から救い出して後、不信仰な者を滅ぼされたことを、思い起してもらいたい。
6 Monkae abɔfo a wodii tumi traa so ma wogyaw wɔn atenae no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn. (aïdios g126)
主は、自分たちの地位を守ろうとはせず、そのおるべき所を捨て去った御使たちを、大いなる日のさばきのために、永久にしばりつけたまま、暗やみの中に閉じ込めておかれた。 (aïdios g126)
7 Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na mu nnipa no yɛ nguamanfo. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛso maa wɔn a wobenya asotwe a ɛde wɔn bɛkɔ ogya a ennum da no mu. (aiōnios g166)
ソドム、ゴモラも、まわりの町々も、同様であって、同じように淫行にふけり、不自然な肉欲に走ったので、永遠の火の刑罰を受け、人々の見せしめにされている。 (aiōnios g166)
8 Saa ɔkwan koro no ara so na adaesofo yi nam. Wugu wɔn ankasa nipadua ho fi. Wɔpo tumidi, na wɔka nsɛmmɔne fa anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no ho.
しかし、これと同じように、これらの人々は、夢に迷わされて肉を汚し、権威ある者たちを軽んじ、栄光ある者たちをそしっている。
9 Ɔbɔfopanyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”
御使のかしらミカエルは、モーセの死体について悪魔と論じ争った時、相手をののしりさばくことはあえてせず、ただ、「主がおまえを戒めて下さるように」と言っただけであった。
10 Nanso saa nnipa yi tew nneɛma a wɔnte ase ho atua. Na nneɛma a wɔn abɔsu mu wɔnte ase no, sɛnea nkekaboa yɛ no, saa nneɛma koro no ara na ɛbɛsɛe wɔn.
しかし、この人々は自分が知りもしないことをそしり、また、分別のない動物のように、ただ本能的な知識にあやまられて、自らの滅亡を招いている。
11 Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔatew Onyankopɔn so atua sɛnea Kora yɛe pɛpɛɛpɛ, eyi nti wɔbɛsɛe wɔn.
彼らはわざわいである。彼らはカインの道を行き、利のためにバラムの惑わしに迷い入り、コラのような反逆をして滅んでしまうのである。
12 Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ onua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no, nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusowbere mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntin ama awu koraa.
彼らは、あなたがたの愛餐に加わるが、それを汚し、無遠慮に宴会に同席して、自分の腹を肥やしている。彼らは、いわば、風に吹きまわされる水なき雲、実らない枯れ果てて、抜き捨てられた秋の木、
13 Wɔte sɛ po asorɔkye a ano yɛ den a ehuru sɛ ahuru da wɔn aniwude adi. Wɔte sɛ nsoromma a ekyinkyin a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛe sum kabii mu afebɔɔ. (aiōn g165)
自分の恥をあわにして出す海の荒波、さまよう星である。彼らには、まっくらなやみが永久に用意されている。 (aiōn g165)
14 Henok, Adam aseni a ɔto no so asia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfo Kronkron mpempem reba,
アダムから七代目にあたるエノクも彼らについて預言して言った、「見よ、主は無数の聖徒たちを率いてこられた。
15 na wɔabebu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”
それは、すべての者にさばきを行うためであり、また、不信心な者が、信仰を無視して犯したすべての不信心なしわざと、さらに、不信心な罪人が主にそむいて語ったすべての暴言とを責めるためである」。
16 Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.
彼らは不平をならべ、不満を鳴らす者であり、自分の欲のままに生活し、その口は大言を吐き、利のために人にへつらう者である。
17 Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no kae.
愛する者たちよ。わたしたちの主イエス・キリストの使徒たちが予告した言葉を思い出しなさい。
18 Wɔkae se, “Sɛ awiei no du a nnipa a wodi mo ho fɛw na wodi wɔn akɔnnɔ akyi bɛba.”
彼らはあなたがたにこう言った、「終りの時に、あざける者たちがあらわれて、自分の不信心な欲のままに生活するであろう」。
19 Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.
彼らは分派をつくる者、肉に属する者、御霊を持たない者たちである。
20 Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,
しかし、愛する者たちよ。あなたがたは、最も神聖な信仰の上に自らを築き上げ、聖霊によって祈り、
21 na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no. (aiōnios g166)
神の愛の中に自らを保ち、永遠のいのちを目あてとして、わたしたちの主イエス・キリストのあわれみを待ち望みなさい。 (aiōnios g166)
22 Munhu wɔn a wɔn gyidi sua no mmɔbɔ.
疑いをいだく人々があれば、彼らをあわれみ、
23 Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na munkyi ntade a wɔn bɔne nkekae akeka mu no.
火の中から引き出して救ってやりなさい。また、そのほかの人たちを、おそれの心をもってあわれみなさい。しかし、肉に汚れた者に対しては、その下着さえも忌みきらいなさい。
24 Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi nʼanuonyam anim sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no,
あなたがたを守ってつまずかない者とし、また、その栄光のまえに傷なき者として、喜びのうちに立たせて下さるかた、
25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam, ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen. (aiōn g165)
すなわち、わたしたちの救主なる唯一の神に、栄光、大能、力、権威が、わたしたちの主イエス・キリストによって、世々の初めにも、今も、また、世々限りなく、あるように、アァメン。 (aiōn g165)

< Yuda 1 >