< Yuda 1 >
1 Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo nua na ɔkyerɛw krataa yi, Ɔde kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo bammɔ mu:
Judas, Knecht Jesu Christi, Bruder aber des Jakobus, an die Berufenen, die in Gott, dem Vater, geliebt und durch Jesus Christus bewahrt sind:
2 Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.
Barmherzigkeit, Friede und Liebe widerfahre euch mehr und mehr!
3 Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da no mu.
Geliebte, da es mir ein großes Anliegen ist, euch von unsrem gemeinsamen Heil zu schreiben, halte ich es für notwendig, euch zu schreiben mit der Ermahnung, daß ihr für den Glauben kämpfet, der den Heiligen ein für allemal übergeben worden ist.
4 Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho ka se adom no nti ɔbra bɔne nsɛe hwee. Wonnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afɔbu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.
Es haben sich nämlich etliche Menschen eingeschlichen, für die schon längst folgendes Urteil geschrieben worden ist: «Gottlose, welche die Gnade unsres Gottes in Ausgelassenheit verkehren und den einzigen Herrscher und Herrn, Jesus Christus, verleugnen.»
5 Ɛwɔ mu sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ gye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri no, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho.
Ich will euch aber daran erinnern, obschon ihr alles schon einmal wußtet, daß der Herr, nachdem er das Volk aus dem Lande Ägypten errettet hatte, das zweitemal diejenigen vertilgte, die nicht glaubten,
6 Monkae abɔfo a wodii tumi traa so ma wogyaw wɔn atenae no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn. (aïdios )
und daß er die Engel, welche ihr Fürstentum nicht bewahrten, sondern ihre eigene Behausung verließen, für das Gericht des großen Tages mit ewigen Banden unter der Finsternis verwahrt hat; (aïdios )
7 Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na mu nnipa no yɛ nguamanfo. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛso maa wɔn a wobenya asotwe a ɛde wɔn bɛkɔ ogya a ennum da no mu. (aiōnios )
wie Sodom und Gomorra und die umliegenden Städte, die in gleicher Weise wie diese die Unzucht bis aufs äußerste trieben und anderem Fleisch nachgingen, nun als Beispiel vor uns liegen, indem sie die Strafe eines ewigen Feuers erleiden. (aiōnios )
8 Saa ɔkwan koro no ara so na adaesofo yi nam. Wugu wɔn ankasa nipadua ho fi. Wɔpo tumidi, na wɔka nsɛmmɔne fa anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no ho.
Trotzdem beflecken auch diese in gleicher Weise mit ihren Träumereien das Fleisch, verachten die Herrschaft und lästern die Majestäten.
9 Ɔbɔfopanyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”
Der Erzengel Michael dagegen, als er mit dem Teufel in Streit geriet und über den Leib Moses verhandelte, wagte kein lästerndes Urteil zu fällen, sondern sprach: «Der Herr strafe dich!»
10 Nanso saa nnipa yi tew nneɛma a wɔnte ase ho atua. Na nneɛma a wɔn abɔsu mu wɔnte ase no, sɛnea nkekaboa yɛ no, saa nneɛma koro no ara na ɛbɛsɛe wɔn.
Diese aber lästern alles, was sie nicht verstehen; was sie aber von Natur wie die unvernünftigen Tiere wissen, darin verderben sie sich.
11 Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔatew Onyankopɔn so atua sɛnea Kora yɛe pɛpɛɛpɛ, eyi nti wɔbɛsɛe wɔn.
Wehe ihnen, denn sie sind den Weg Kains gegangen und haben sich durch den betrüglichen Lohn Bileams verlocken lassen und sind durch die Widersetzlichkeit Koras ins Verderben geraten!
12 Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ onua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no, nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusowbere mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntin ama awu koraa.
Das sind die, welche bei euren Liebesmahlen in anstößiger Weise miteinander schmausen, indem sie ohne Scheu sich selbst weiden, Wolken ohne Wasser, von Winden umhergetrieben, unfruchtbare Bäume im Spätherbst, zweimal erstorben und entwurzelt,
13 Wɔte sɛ po asorɔkye a ano yɛ den a ehuru sɛ ahuru da wɔn aniwude adi. Wɔte sɛ nsoromma a ekyinkyin a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛe sum kabii mu afebɔɔ. (aiōn )
wilde Wellen des Meeres, die ihre eigene Schande ausschäumen, Irrsterne, welchen das Dunkel der Finsternis in Ewigkeit aufbehalten ist. (aiōn )
14 Henok, Adam aseni a ɔto no so asia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfo Kronkron mpempem reba,
Es hat aber auch von diesen Enoch, der siebente nach Adam, geweissagt mit den Worten:
15 na wɔabebu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”
«Siehe, der Herr ist gekommen mit seinen heiligen Zehntausenden, um Gericht zu halten über alle und alle Gottlosen zu strafen wegen all ihrer gottlosen Taten, womit sie sich vergangen, und wegen aller harten Worte, welche die gottlosen Sünder gegen ihn geredet haben.»
16 Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.
Das sind Unzufriedene, die mit ihrem Schicksal hadern und dabei nach ihren Lüsten wandeln; und ihr Mund redet übertriebene Worte, wenn sie dem Nutzen zuliebe ins Angesicht schmeicheln.
17 Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no kae.
Ihr aber, Geliebte, gedenket der Worte, die zum voraus von den Aposteln unsres Herrn Jesus Christus gesprochen worden sind,
18 Wɔkae se, “Sɛ awiei no du a nnipa a wodi mo ho fɛw na wodi wɔn akɔnnɔ akyi bɛba.”
als sie euch sagten: «In den letzten Zeiten werden Spötter auftreten, die nach ihren eigenen gottlosen Lüsten wandeln.»
19 Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.
Das sind die, welche sich absondern, seelische Menschen, die den Geist nicht haben.
20 Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,
Ihr aber, Geliebte, erbauet euch selbst auf euren allerheiligsten Glauben und betet im heiligen Geist;
21 na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no. (aiōnios )
bewahret euch selbst in der Liebe Gottes und hoffet auf die Barmherzigkeit unsres Herrn Jesus Christus zum ewigen Leben. (aiōnios )
22 Munhu wɔn a wɔn gyidi sua no mmɔbɔ.
Und weiset diejenigen zurecht, welche sich trennen;
23 Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na munkyi ntade a wɔn bɔne nkekae akeka mu no.
andere aber rettet, indem ihr sie aus dem Feuer reißet, und wieder anderer erbarmet euch aus Furcht, wobei ihr auch den vom Fleische befleckten Rock hassen sollt.
24 Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi nʼanuonyam anim sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no,
Dem aber, welcher mächtig genug ist, euch ohne Fehl zu bewahren und euch unsträflich, mit Freuden vor das Angesicht seiner Herrlichkeit zu stellen,
25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam, ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen. (aiōn )
Gott allein, unsrem Retter durch Jesus Christus, unsren Herrn, gebührt Herrlichkeit, Majestät, Macht und Gewalt vor aller Zeit, jetzt und in alle Ewigkeit! Amen. (aiōn )