< Yosua 1 >

1 Mose a ɔyɛ Awurade somfo no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose boafo no se,
Now it came about after the death of Moses the servant of Yahweh, that Yahweh spoke to Joshua the son of Nun, Moses' chief assistant, saying,
2 “Afei a me somfo Mose awu no, ɛsɛ sɛ wudi me nkurɔfo no anim kotwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.
“Moses, my servant, is dead. Now therefore, arise, cross over this Jordan, you and all this people, into the land that I am giving to them—to the people of Israel.
3 Sɛnea mehyɛɛ Mose bɔ no, baabiara a wode wo nan besi no, mede bɛma wo.
I have given you every place where the sole of your foot will walk. I have given it to you, just as I promised to Moses.
4 Efi Negeb sare a ɛwɔ anafo fam kosi Lebanon mmepɔw a ɛwɔ atifi fam, efi Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apuei fam kosi Ntam Po a ɛwɔ atɔe fam, ne Hetifo asase nyinaa.
From the wilderness and Lebanon, as far as the great river, the Euphrates, all the land of the Hittites, and to the Great Sea, where the sun goes down, will be your land.
5 Obiara rentumi nsɔre ntia wo, wo nkwanna nyinaa. Sɛnea na mekaa Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennyaw wo na merempa wʼakyi da.
No one will be able to stand before you all the days of your life. I will be with you as I was with Moses. I will not abandon you or leave you.
6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, efisɛ wubedi me nkurɔfo yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.
Be strong and courageous. You will cause this people to inherit the land that I promised their ancestors I would give to them.
7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfi ho, na wubedi nkonim biribiara a woyɛ mu.
Be strong and very courageous. Be careful to obey all the law my servant Moses commanded you. Do not turn from it to the right or to the left, so that you may be successful wherever you go.
8 Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.
You will always speak about this book of the law. You will meditate on it day and night so that you can obey all that is written in it. Then you will be prosperous and successful.
9 Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
Have I not commanded you? Be strong and courageous! Do not be afraid. Do not be discouraged. Yahweh your God is with you wherever you go.”
10 Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofo no se,
Then Joshua commanded the leaders of the people,
11 “Momfa atenae no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wonsiesie wɔn nnuan. Nnansa akyi no, mubetwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama mo no.”
“Go through the camp and command the people, 'Prepare provisions for yourselves. In three days you will cross over this Jordan and go in and possess the land that Yahweh your God is giving you to possess.'”
12 Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua no fa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se,
To the Reubenites, the Gadites and the half tribe of Manasseh, Joshua said,
13 “Monkae ahyɛde a Awurade somfo Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Nyankopɔn, rema mo ɔhome na ɔde asase yi ama mo.’
“Call to mind the word that Moses the servant of Yahweh, commanded you when he said, 'Yahweh your God is giving you rest, and he is giving you this land.'
14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwi bɛtena Yordan apuei fam ha. Nanso, mo akofo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bedi mmusuakuw a aka no anim atwa Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ
Your wives, your little ones, and your livestock will stay in the land that Moses gave you beyond the Jordan. But your fighting men will go over with your brothers and help them
15 nkosi sɛ Awurade bɛma wɔn ɔhome sɛnea wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bedi asase a Awurade, mo Nyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apuei fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa mo no, bɛyɛ mo atenae.”
until Yahweh has given your brothers rest just as he has given it to you. Then they also will take possession of the land Yahweh your God gives them. Then you will return to your own land and possess it, the land that Moses the servant of Yahweh gave you beyond the Jordan, where the sun rises.”
16 Wobuaa Yosua se, “Nea woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ.
Then they answered Joshua, saying, “All that you have commanded us we will do, and wherever you send us we will go.
17 Yɛbɛyɛ osetie ama wo sɛnea yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Nyankopɔn, nni wʼakyi sɛnea odii Mose akyi no.
We will obey you just as we obeyed Moses. Only may Yahweh your God be with you, as he was with Moses.
18 Obiara a ɔbɛtew wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛde mu biara so no, wonkum no. Enti, hyɛ wo ho den na nya akokoduru!”
Whoever rebels against your commands and disobeys your words will be put to death. Only be strong and courageous.”

< Yosua 1 >