< Yosua 9 >

1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. Eyinom ne Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo ahemfo a na wɔtete mmepɔw nsase a ɛwɔ atɔe fam mmepɔw no ase ne Po Kɛse no mpoano kosi Lebanon atifi fam mmepɔw no so tɔnn.
And it came to pass, when all the kings that were on this side of the Jordan, in the mountain, and in the lowlands, and in all the coast of the great sea opposite Lebanon, the Hittites, and the Emorites, the Canaanites, the Perizzites, the Hivites, and the Jebusites, heard this,
2 Saa ahemfo yi boaa wɔn nsraadɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfo.
That they assembled themselves all together, to fight with Joshua and with Israel, with one accord.
3 Nanso Gibeonfo tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no,
And when the inhabitants of Gib'on heard what Joshua had done unto Jericho and unto 'Ai,
4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifo kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotoku a atetew ne mmoa nhoma nsa nkotoku a ayɛ dedaw na wɔatetare mu soaa wɔn mfurum.
They also did work wilily, and went and feigned to be messengers, and took old sacks for their asses, and wine-bottles, old, and rent, and bound up;
5 Wɔhyehyɛɛ ntade dedaw ne mpaboa a akyɛ na wɔapempam. Afei wɔfaa brodo a abɔ ntuw sɛ wɔn aduan.
And [put] old and patched-up shoes upon their feet, and old garments upon themselves; and all the bread of their provision was dry and mouldy.
6 Woduu Israelfo atenae wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarima no se, “Yefi akyirikyiri man bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoe apam.”
And they went to Joshua unto the camp at Gilgal, and said unto him, and to the men of Israel, We are come from a far-off country; and now make ye a covenant with us.
7 Israelfo no buaa saa Hewifo yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ monnte mmɛn ha? Efisɛ sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”
And the men of Israel said unto the Hivites, Peradventure ye dwell in the midst of us; and how can we make a covenant with you:
8 Wobuae se, “Yɛbɛyɛ mo asomfo.” Yosua bisaa wɔn se, “Moyɛ ɛhefo na mufi he?”
And they said unto Joshua, We are thy servants. And Joshua said unto them, Who are ye? and whence come ye!
9 Wobuaa se, “Yefi akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Nyankopɔn no kɛseyɛ ne nea ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa.
And they said unto him, From a very far-off country are thy servants come, because of the name of the Lord thy God; for we have heard his fame, and all that he hath done in Egypt;
10 Afei yɛate nea ɔyɛɛ Amorifo ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no).
And all that he hath done to the two kings of the Emorites, that were beyond the Jordan, to Sichon the king of Cheshbon, and to 'Og the king of Bashan, who was at 'Ashtaroth.
11 Ɛno nti, yɛn mpanyimfo ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Munsiesie mo ho mma akwantu tenten. Munkohyia Israelfo na mompae mu nka se “Yɛn nkurɔfo bɛyɛ wɔn asomfo na mompere asomdwoe.”’
Wherefore our elders and all the inhabitants of our country said to us, as followeth, Take provisions with you for the journey, and go to meet them, and say unto them, Your servants are we: and now make ye with us a covenant.
12 Yɛresi mu no, na brodo yi yɛ hyerehyere a efi fonoo mu. Nanso sɛnea muhu no, akyenkyen na abɔ ntuw.
This our bread we took hot for our provision out of our houses on the day we came forth to go unto you; and now, behold, it is dry, and it is become mouldy:
13 Saa mmoa nhoma nsa nkotoku yi, bere a yɛde nsa guu mu no na ɛyɛ foforo, nanso mprempren, apaapae ayɛ dedaw. Na yɛn ntade ne mpaboa nso, esiane akwantu tenten nti, atetew.”
And these wine-bottles, which we filled, when new, — but behold, they are now become rent; and these our garments and our shoes are become worn out by reason of the very long journey.
14 Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa Awurade.
And the men took of their provisions, but the decision of the Lord they did not ask.
15 Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na Israel mpanyimfo no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.
And Joshua made peace with them, and made a covenant with them, to let them live; and the princes of the congregation swore unto them.
16 Nnansa akyi no, nokware no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfo no te bɛn.
And it came to pass at the end of three days after they had made a covenant with them, that they heard that they were their neighbors, and that they dwelt in the midst of them.
17 Enti Israelfo no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no woduu wɔn nkurow no so. Saa nkurow no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim.
And the children of Israel broke up, and came unto their cities on the third day; and their cities were Gib'on, and Kephirah, and Beeroth, and Kiryath-ye'arim.
18 Nanso Israelfo no antow anhyɛ nkurow no so, efisɛ na wɔn mpanyimfo aka ntam akyerɛ Awurade, Israel Nyankopɔn. Esiane Apam no nti, Israelfo no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanyimfo no.
And the children of Israel smote them not; because the princes of the congregation had sworn unto them by the Lord, the God of Israel; but all the congregation murmured against the princes.
19 Na mpanyimfo no buae se, “Yɛaka ntam wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn.
And all the princes said unto all the congregation, We have sworn unto them by the Lord the God of Israel: and now we cannot touch them.
20 Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yebu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo befuw yɛn.
This will we do to them, and we will let them live, that there be no wrath upon us, on account of the oath which we have sworn unto them.
21 Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asu ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfo no dii bɔ a wɔahyɛ Gibeonfo no so.
And the princes said unto them, Let them live: and they became hewers of wood and drawers of water unto all the congregation, as the princes had spoken unto them.
22 Na Yosua frɛɛ Gibeonfo mpanyimfo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mutwaa atoro kyerɛɛ yɛn? Adɛn nti na mokaa se mote akyirikyiri asase so wɔ bere a mote yɛn mu pɛɛ?
And Joshua called for them, and he spoke unto them, saying, Wherefore have ye deceived us, saying, We are very far from you: whereas ye dwell in the midst of us?
23 Nnome mmra mo so! Efi nnɛ rekɔ, mubebu nnua, atwe nsu de akɔ me Nyankopɔn fi.”
And now be ye cursed, and there shall not cease to be of you servants and hewers of wood and drawers of water for the house of my God.
24 Wobuaa Yosua se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ wɔka kyerɛɛ yɛn se, Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ ne somfo Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yesuroo sɛ mubekunkum yɛn. Ɛno nti na ɛma yɛyɛɛ saa.
And they answered Joshua, and said, Because it was certainly told thy servants, how that the Lord thy God had commanded his servant Moses to give unto you all the land, and to destroy all the inhabitants of the land from before you; wherefore we were sore afraid for our lives because of you, and we have done this thing.
25 Mprempren yɛdan mo. Nea mususuw sɛ eye ma mo biara no, monyɛ.”
And now, behold, we are in thy hand; as it seemeth good and right in thy eyes to do unto us, so do.
26 Yosua amma Israelfo no ankum wɔn.
And he did unto them thus; and he delivered them out of the hand of the children of Israel, and they slew them not.
27 Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfo no yɛɛ nnuabufo ne asukɔfo maa Israelfo ne Awurade afɔremuka no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wonsi no no. Saa nhyehyɛe no wɔ hɔ de besi nnɛ.
And Joshua appointed them on that day hewers of wood and drawers of water for the congregation, and for the altar of the Lord, even unto this day, for the place which he should choose.

< Yosua 9 >