< Yosua 6 >

1 Wɔtotoo Yeriko apon mu papee, efisɛ na wosuro Israelfo no. Wɔamma obiara kwan ma wankɔ mu anaa wamfi adi.
Hiericho autem clausa erat atque munita timore filiorum Israhel et nullus egredi audebat aut ingredi
2 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Mede Yeriko, ɛhɔ hene ne ɛhɔ akofo nyinaa ahyɛ wo nsa.
dixitque Dominus ad Iosue ecce dedi in manus tuas Hiericho et regem eius omnesque fortes viros
3 Ma wo nsraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkoro da biara nnansia.
circuite urbem cuncti bellatores semel per diem sic facietis sex diebus
4 Asɔfo baason a wokurakura adwennini mmɛn abɛn bedi Adaka no anim. Da a ɛto so ason no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mpɛn ason, a asɔfo no rehyɛn mmɛn no.
septimo autem die sacerdotes tollant septem bucinas quarum usus est in iobeleo et praecedant arcam foederis septiesque circuibitis civitatem et sacerdotes clangent bucinis
5 Sɛ mote sɛ asɔfo no hyɛn mmɛn no denneennen ma ɛkyɛ a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasu nyinaa bedwiriw agu fam, na nnipa no betumi atow ahyɛ kuropɔn no so.”
cumque insonuerit vox tubae longior atque concisior et in auribus vestris increpuerit conclamabit omnis populus vociferatione maxima et muri funditus corruent civitatis ingredienturque singuli per locum contra quem steterint
6 Na Yosua frɛɛ asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Apam Adaka no na mo mu baason nni anim a wokurakura mmɛn.”
vocavit ergo Iosue filius Nun sacerdotes et dixit ad eos tollite arcam foederis et septem alii sacerdotes tollant septem iobeleorum bucinas et incedant ante arcam Domini
7 Enti, ɔhyɛɛ nnipa no se, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wokurakura akode no bedi Awurade adaka no anim.”
ad populum quoque ait vadite et circuite civitatem armati praecedentes arcam Domini
8 Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wiei no, asɔfo baason a wokurakura mmɛn no fii ase bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi.
cumque Iosue verba finisset et septem sacerdotes septem bucinis clangerent ante arcam foederis Domini
9 Wɔn a wokurakura akode no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfo no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wɔso Adaka no akyi, bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no.
omnisque praecederet armatus exercitus reliquum vulgus arcam sequebatur ac bucinis omnia concrepabant
10 Yosua hyɛe se, “Monnteɛ mu na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfi mo anum, kosi sɛ mɛka akyerɛ mo se monteɛ mu na moateɛ mu.”
praeceperat autem Iosue populo dicens non clamabitis nec audietur vox vestra neque ullus sermo ex ore vestro egredietur donec veniat dies in quo dicam vobis clamate et vociferamini
11 Enti, da no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho pɛnkoro. Na afei obiara san kɔɔ atenae hɔ kɔhomee anadwo no.
circuivit ergo arca Domini civitatem semel per diem et reversa in castra mansit ibi
12 Ade kyee no Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa Awurade Adaka no bio.
igitur Iosue de nocte consurgente tulerunt sacerdotes arcam Domini
13 Asɔfo baason a wokurakura adwennimmɛn mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim, a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wokurakura akode no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wokurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa bere no nyinaa na asɔfo no rehyɛn wɔn mmɛn no.
et septem ex eis septem bucinas quarum in iobeleis usus est praecedebantque arcam Domini ambulantes atque clangentes et armatus populus ibat ante eos vulgus autem reliquum sequebatur arcam et bucinis personabat
14 Da a ɛto so abien no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ atenae hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia.
circumieruntque civitatem secundo die semel et reversi sunt in castra sic fecerunt sex diebus
15 Da a ɛto so ason no, Israelfo no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiae, sɛnea wɔayɛ dedaw no. Nanso, saa bere yi de, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mpɛn ason.
die autem septimo diluculo consurgentes circumierunt urbem sicut dispositum erat septies
16 Ne mpɛn ason so no, bere a asɔfo no hyɛn wɔn mmɛn denneennen ma ɛkyɛe no, Yosua hyɛɛ ɔmanfo no se, “Monteɛteɛ mu! Na Awurade de kuropɔn no ama mo!
cumque septimo circuitu clangerent bucinis sacerdotes dixit Iosue ad omnem Israhel vociferamini tradidit enim vobis Dominus civitatem
17 Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔde ma Awurade. Oguamanfo Rahab ne ne fifo nko na ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn, efisɛ ɔbɔɔ akwansrafo no ho ban.
sitque civitas haec anathema et omnia quae in ea sunt Domino sola Raab meretrix vivat cum universis qui cum ea in domo sunt abscondit enim nuntios quos direximus
18 Mommmfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa.
vos autem cavete ne de his quae praecepta sunt quippiam contingatis et sitis praevaricationis rei et omnia castra Israhel sub peccato sint atque turbentur
19 Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekorabea hɔ.”
quicquid autem auri et argenti fuerit et vasorum aeneorum ac ferri Domino consecretur repositum in thesauris eius
20 Bere a nnipa no tee mmɛn no nnyigyei no, wɔteɛteɛɛ mu denneennen sɛnea wobetumi. Prɛko pɛ Yeriko afasu no dwiriw guu fam maa Israelfo no fi afanan nyinaa tow hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfae.
igitur omni vociferante populo et clangentibus tubis postquam in aures multitudinis vox sonitusque increpuit muri ilico corruerunt et ascendit unusquisque per locum qui contra se erat ceperuntque civitatem
21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi, nguan, mfurum ne biribiara.
et interfecerunt omnia quae erant in ea a viro usque ad mulierem ab infante usque ad senem boves quoque et oves et asinos in ore gladii percusserunt
22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no se, “Munni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ oguamanfo no fi na monkɔfa no ne nʼabusuafo nyinaa mmra.”
duobus autem viris qui exploratores missi fuerant dixit Iosue ingredimini domum mulieris meretricis et producite eam omniaque quae illius sunt sicut illi iuramento firmastis
23 Mmerante no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne na, ne nuabarimanom ne abusuafo a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa bae. Wɔde abusuafo no nyinaa kosiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfo atenae.
ingressique iuvenes eduxerunt Raab et parentes eius fratres quoque et cunctam supellectilem ac cognationem illius et extra castra Israhel manere fecerunt
24 Afei, Israelfo no hyew kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhyew no yɛ nea wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ. Wɔde ne nyinaa kosiee Awurade fi adekoradan mu.
urbem autem et omnia quae in ea sunt succenderunt absque argento et auro et vasis aeneis ac ferro quae in aerarium Domini consecrarunt
25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka oguamanfo Rahab ne nʼabusuafo a na wɔka ne ho wɔ fie no, efisɛ ɔde akwansrafo a Yosua somaa wɔn Yeriko no siei. Enti ɔte Israelfo mu besi nnɛ.
Raab vero meretricem et domum patris eius atque omnia quae habebat fecit Iosue vivere et habitaverunt in medio Israhel usque in praesentem diem eo quod absconderit nuntios quos miserat ut explorarent Hiericho in tempore illo inprecatus est Iosue dicens
26 Saa bere no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ebefi ase, na ɔde nʼakumaa na ebesisi ano apon.”
maledictus vir coram Domino qui suscitaverit et aedificaverit civitatem Hiericho in primogenito suo fundamenta illius iaciat et in novissimo liberorum ponat portas eius
27 Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.
fuit ergo Dominus cum Iosue et nomen eius in omni terra vulgatum est

< Yosua 6 >