< Yosua 5 >
1 Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.
Now when all the Amorite kings west of the Jordan and all the Canaanite kings along the coast heard how the LORD had dried up the waters of the Jordan before the Israelites until they had crossed over, their hearts melted and their spirits failed for fear of the Israelites.
2 Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛ kyerɛwbo asekan na fa twa Israelfo no twetia bio.”
At that time the LORD said to Joshua, “Make flint knives and circumcise the sons of Israel once again.”
3 Enti, Yosua yɛɛ kyerɛwbo asekan no de twitwaa Israelfo nyinaa twetia wɔ Aaralot koko so.
So Joshua made flint knives and circumcised the sons of Israel at Gibeath-haaraloth.
4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu wɔ sare no so.
Now this is why Joshua circumcised them: All those who came out of Egypt—all the men of war—had died on the journey in the wilderness after they had left Egypt.
5 Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ sare no so wɔ akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ.
Though all who had come out were circumcised, none of those born in the wilderness on the journey from Egypt had been circumcised.
6 Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no.
For the Israelites had wandered in the wilderness forty years, until all the nation’s men of war who had come out of Egypt had died, since they did not obey the LORD. So the LORD vowed never to let them see the land He had sworn to their fathers to give us, a land flowing with milk and honey.
7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmabarima a wontwaa wɔn twetia no twetia bere a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Eyinom yɛ wɔn a na wɔanyinyin a wotumi si wɔn agyanom anan mu no.
And Joshua raised up their sons in their place, and these were the ones he circumcised. Until this time they were still uncircumcised, since they had not been circumcised along the way.
8 Otwaa mmarima no nyinaa twetia wiei no, wogyee wɔn ahome wɔ atenae hɔ kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
And after all the nation had been circumcised, they stayed there in the camp until they were healed.
9 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguase no afi mo so.” Ɛno nti, wɔfrɛ beae hɔ Gilgal de besi nnɛ.
Then the LORD said to Joshua, “Today I have rolled away the reproach of Egypt from you.” So that place has been called Gilgal to this day.
10 Bere a Israelfo no wɔ Gilgal atenae hɔ wɔ Yeriko asase pradada no so no, wodii Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Saa ɔsram no na wɔde kae bere a wotu fii Misraim no.
On the evening of the fourteenth day of the month, while the Israelites were camped at Gilgal on the plains of Jericho, they kept the Passover.
11 Da no ara, wofii ase dii apiti ne aburow a wɔatoto a wotwa fii asase no so.
The day after the Passover, on that very day, they ate unleavened bread and roasted grain from the produce of the land.
12 Mana amma da no na wɔanhu bi nso bio. Enti, efi saa bere no, Israelfo no dii Kanaan asase no so nnɔbae.
And the day after they had eaten from the produce of the land, the manna ceased. There was no more manna for the Israelites, so that year they began to eat the crops of the land of Canaan.
13 Bere a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn mu no, ɔpagyaw nʼani huu ɔbarima bi a okura afoa rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no se, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfo?”
Now when Joshua was near Jericho, he looked up and saw a man standing in front of him with a drawn sword in His hand. Joshua approached Him and asked, “Are You for us or for our enemies?”
14 Na ɔbarima no buaa se, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade nsraadɔm so safohene.” Yosua tee eyi no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ nidi mu na ɔkae se, “Kyerɛ me nea menyɛ, dɛn na wopɛ sɛ wo somfo yɛ?”
“Neither,” He replied. “I have now come as Commander of the LORD’s army.” Then Joshua fell facedown in reverence and asked Him, “What does my Lord have to say to His servant?”
15 Awurade nsraadɔm safohene no buae se, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ nea ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
The Commander of the LORD’s army replied, “Take off your sandals, for the place where you are standing is holy.” And Joshua did so.