< Yosua 4 >

1 Bere a ɔman no nyinaa twaa Yordan wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se,
Ɛberɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ,
2 “Yiyi mmarima dumien fi ɔmanfo no mu a ɔbaako biara fi abusuakuw no bi mu,
“Yiyi mmarima dumienu firi ɔmanfoɔ no mu a ɔbaako biara firi abusuakuo no bi mu
3 na ka kyerɛ wɔn se, wɔmfa abo dumien mfi Yordan mfimfini nifa so wɔ faako a na asɔfo no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmegu faako a mobɛtena anadwo yi.”
na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔmfa aboɔ dumienu mfiri Yordan mfimfini nifa so wɔ baabi a na asɔfoɔ no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmɛgu baabi a mobɛtena anadwo yi.”
4 Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a oyii wɔn fii Israelfo no mu no a ɔbaako biara fi abusuakuw bi mu no,
Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ no mu no a ɔbaako biara firi abusuakuo bi mu no,
5 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munkodi Awurade, mo Nyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɔbo nto ne bati so sɛnea Israelfo mmusuakuw no dodow te,
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔdi Awurade, mo Onyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɛboɔ nto ne batiri so sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no dodoɔ te,
6 na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo se, ‘Saa abo yi ase kyerɛ dɛn’ a,
na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo sɛ, ‘Saa aboɔ yi ase kyerɛ sɛn’ a,
7 monka nkyerɛ wɔn se, Yordan gyaee sen, gyinae wɔ Awurade apam adaka no anim, bere a Awurade apam adaka no retwa Yordan asubɔnten no. Saa abo yi bɛyɛ nkae ade ama Israelfo daa nyinaa.”
monka nkyerɛ wɔn sɛ, Yordan asutene no twaeɛ wɔ Awurade apam adaka no anim. Ɛberɛ a Awurade apam adaka no twaa Yordan asutene no, asuo no weeɛ. Saa aboɔ yi bɛyɛ nkaedeɛ ama Israelfoɔ daa nyinaa.”
8 Enti, mmarima no yɛɛ sɛnea Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa abo dumien fii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɔbo baako biara gyina hɔ ma abusuakuw baako, sɛnea Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ faako a wɔtenaa hɔ anadwo no na wosii nkaedum wɔ hɔ.
Enti, mmarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa aboɔ dumienu firii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɛboɔ baako biara gyina hɔ ma abusuakuo baako, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ baabi a wɔtenaa hɔ anadwo no na wɔsii nkaeɛdum wɔ hɔ.
9 Yosua nso de abo dumien sii nkaedum wɔ Yordan mfimfini wɔ faako a na asɔfo a wɔso apam Adaka no gyinae no. Ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.
Yosua nso de aboɔ dumienu sii nkaeɛdum wɔ Yordan mfimfini wɔ baabi a na asɔfoɔ a wɔso apam Adaka no gyina hɔ. Ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
10 Asɔfo a na wɔso adaka no gyinaa asu no mfimfini hɔ ara kosii sɛ wɔyɛɛ Awurade ahyɛde a ɔnam Mose so de maa Yosua no nyinaa. Saa bere no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asu no koduu ne konkɔn so.
Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini hɔ ara kɔsii sɛ Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so.
11 Na bere a obiara duu asu no fa hɔ no, asɔfo no nso de Awurade adaka no twa kɔɔ hɔ bi.
Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa hɔ no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa hɔ bi.
12 Na akofo a wɔahyɛ wɔn akode a wofi Ruben abusuakuw mu, Gad abusuakuw mu ne Manase abusuakuw fa mu akofo no dii Israelfo no anim twaa Yordan sɛnea Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.
Na akofoɔ a wɔahyɛ wɔn akodeɛ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu, Gad abusuakuo mu ne Manase abusuakuo fa mu akofoɔ no dii Israelfoɔ no anim twaa Yordan sɛdeɛ Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.
13 Saa akofo yi, na wɔn dodow bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wotwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.
Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.
14 Saa da no, Awurade yɛɛ Yosua kɛse wɔ Israelfo no nyinaa anim; na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfo de obu ne nidi maa no sɛnea wɔde obu ne nidi maa Mose no.
Saa ɛda no, Awurade yɛɛ Yosua kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfoɔ de obuo ne anidie maa no sɛdeɛ wɔde obuo ne anidie maa Mose no.
15 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se,
Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ,
16 “Hyɛ asɔfo a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, womfi nsubon no mu hɔ mmra.”
“Hyɛ asɔfoɔ a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, wɔmfiri subɔnhwa no mu hɔ mmra.”
17 Enti, Yosua hyɛɛ wɔn.
Enti, Yosua hyɛɛ wɔn.
18 Na bere a asɔfo a wɔso Awurade apam adaka no fii nsubon no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan san ka sram so tɛnn te sɛ kan no.
Na ɛberɛ a asɔfoɔ a wɔso Awurade apam adaka no firii subɔnhwa no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan sane ka sram so tɛntɛntɛn te sɛ kane no.
19 Ɔsram a edi kan no da ɛto so du no nnipa no foro fii Yordan kɔbɔɔ atenae wɔ Gilgal, Yeriko apuei fam hye so.
Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so edu no nnipa no foro firii Yordan kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Gilgal, Yeriko apueeɛ.
20 Gilgal hɔ na Yosua boaa abo dumien a wɔde fi Asubɔnten Yordan mu bae no ano.
Gilgal hɔ na Yosua boaa aboɔ dumienu a wɔde firi Asubɔnten Yordan mu baeɛ no ano.
21 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Daakye bi mo mma bebisa se, ‘Saa abo yi kyerɛ dɛn?’
Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Daakye bi mo mma bɛbisa sɛ, ‘Saa aboɔ yi kyerɛ sɛn?’
22 Na mo nso moaka akyerɛ wɔn se, ‘Ɛha ne beae a Israelfo twaa Yordan wɔ asase wosee so no.’
Na mo nso moaka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛha ne beaeɛ a Israelfoɔ twaa Yordan wɔ asase wesee so no.’
23 Awurade, mo Nyankopɔn, maa asu no yowee wɔ mo anim, na ɔkɔɔ so ma ɛyowee ara kosii sɛ mo nyinaa twae, sɛnea ɔyɛɛ Po Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no yowee ara kosii sɛ yɛn nyinaa twae.
Awurade, mo Onyankopɔn, maa nsuo no wee wɔ mo anim na ɔkɔɔ so ma ɛweeɛ ara kɔsii sɛ mo nyinaa twareeɛ, sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no weeɛ ara kɔsii sɛ yɛn nyinaa twareeɛ.
24 Ɔyɛɛ eyi sɛnea aman a wɔwɔ wiase nyinaa behu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Nyankopɔn, daa nyinaa.”
Ɔyɛɛ yei sɛdeɛ aman a wɔwɔ ewiase nyinaa bɛhunu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Onyankopɔn, daa nyinaa.”

< Yosua 4 >