< Yosua 3 >

1 Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.
سپیده دم روز بعد، قوم اسرائیل همراه یوشع حرکت کردند و از شطیم کوچ نموده، تا کنار رود اردن پیش رفتند و قبل از آنکه از رود اردن عبور کنند، چند روزی در آنجا اردو زدند.
2 Nnansa akyi no, Israelfo ntuanofo no faa atenae hɔ nyinaa
بعد از سه روز، رهبران قوم به میان اردو رفتند و این دستور را صادر نمودند: «وقتی دیدید که کاهنان، صندوق عهد یهوه خدایتان را بر دوش گرفته‌اند و می‌برند، شما هم به دنبال آنها حرکت کنید. کاهنان، شما را هدایت خواهند نمود، زیرا تا به حال از این راه عبور نکرده‌اید. اما باید در حدود یک کیلومتر از ایشان که صندوق عهد را حمل می‌کنند فاصله بگیرید. مواظب باشید نزدیکتر نروید!»
3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Awurade, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi.
4 Esiane sɛ momfaa ha da no nti, wɔbɛkyerɛ mo kwan. Momma ɔkwansin fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.”
5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Munnwira mo ho, efisɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.”
یوشع هم به قوم اسرائیل گفت: «امروز خود را تقدیس کنید، چون فردا خداوند برای ما معجزهٔ بزرگی انجام خواهد داد.»
6 Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mompagyaw Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno nti wosii mu.
صبح روز بعد، یوشع به کاهنان دستور داد که صندوق عهد را بردارند و پیشاپیش قوم اسرائیل حرکت کنند. آنها نیز چنین کردند.
7 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ, mefi ase ayɛ wo ɔkɛse wɔ Israelfo no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahu sɛ, meka wo ho sɛnea na meka Mose ho no.
خداوند به یوشع فرمود: «از امروز تو را در نظر قوم اسرائیل بسیار سرافراز خواهم نمود تا بدانند که من با تو هستم چنانکه با موسی بودم.
8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ mudu Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’”
به کاهنانی که صندوق عهد را حمل می‌کنند بگو وقتی به رود اردن رسیدند در کنار آن توقف کنند.»
9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Mommra mmetie asɛm a Awurade, mo Nyankopɔn aka.
یوشع قوم را جمع کرد و به ایشان گفت: «بیایید آنچه را که خداوند فرموده است بشنوید.
10 Nnɛ mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfo, Hetifo, Hewifo, Perisifo, Girgasifo, Amorifo ne Yebusifo.
امروز خواهید دانست که خدای زنده در میان شماست و او قبایل کنعانی، حیتی، حِوی، فَرِزی، جرجاشی، اموری و یبوسی را از سرزمینی که به‌زودی آن را تسخیر خواهید کرد، بیرون خواهد راند.
11 Munnwen ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne de no bedi mo anim de mo atwa Asubɔnten Yordan.
صندوق عهد خداوند تمام دنیا، شما را به آن سوی رود اردن راهنمایی خواهد کرد!
12 Afei, munyiyi nnipa dumien a ɔbaako biara fi mmusuakuw dumien no mu.
وقتی کف پاهای کاهنانی که صندوق عهد یهوه را حمل می‌کنند به آب رود اردن برسد، جریان آب قطع می‌شود و آب در یک جا بر روی هم انباشته می‌گردد. حال، دوازده نفر، یعنی از هر قبیله یک نفر را برای انجام وظیفهٔ مخصوصی که در نظر دارم انتخاب کنید.»
13 Asɔfo no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si asu no mu ara pɛ, nsu no betwa afi atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”
14 Bere a nnipa no sɔree sɛ wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim.
قوم اسرائیل اردوگاه را ترک کرده، به سوی رود اردن روانه شدند در حالی که کاهنان، صندوق عهد را برداشته، پیشاپیش آنها حرکت می‌کردند.
15 Na ɛyɛ otwabere mu nti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfo a wɔso Adaka no anan sii nsu no ano pɛ,
آب رود اردن در این هنگام که فصل درو بود، بالا آمده بود. ولی به محض اینکه پاهای کاهنانی که صندوق عهد را حمل می‌کردند به آب رودخانه رسید،
16 nsu no ano fitii ase boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na nsu a ɛwɔ anafo no nso sen koguu Nkyene Po no mu kosii sɛ asu no subon no yowee. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beae bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no.
ناگهان جریان آب در بالای رودخانه در شهری به نام آدم که نزدیک صرتان است متوقف شده، روی هم انباشته گردید و آبی که پایینتر از آن نقطه بود به دریای نمک ریخت، به طوری که قوم اسرائیل توانستند از آنجا که روبروی اریحا بود عبور کنند.
17 Saa bere no mu, asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subon no mfimfini maa nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛn wɔ hɔ kosii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.
کاهنانی که صندوق عهد خداوند را حمل می‌کردند در وسط راه خشک، میان رودخانه ایستادند تا اینکه همهٔ قوم به آن طرف رودخانه رسیدند!

< Yosua 3 >