< Yosua 24 >

1 Na Yosua frɛɛ Israelfo nyinaa, wɔn mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.
ויאסף יהושע את כל שבטי ישראל שכמה ויקרא לזקני ישראל ולראשיו ולשפטיו ולשטריו ויתיצבו לפני האלהים׃
2 Yosua ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Mo tete agyanom, Tera a ɔyɛ Abraham agya ne Nahor tenaa Asubɔnten Efrate agya nohɔ na wɔsom anyame foforo.
ויאמר יהושע אל כל העם כה אמר יהוה אלהי ישראל בעבר הנהר ישבו אבותיכם מעולם תרח אבי אברהם ואבי נחור ויעבדו אלהים אחרים׃
3 Nanso mefaa mo agya Abraham fii asase a ɛda Efrate agya hɔ de no baa Kanaan asase so. Mefaa ne ba Isak so maa nʼasefo dɔɔso.
ואקח את אביכם את אברהם מעבר הנהר ואולך אותו בכל ארץ כנען וארב את זרעו ואתן לו את יצחק׃
4 Mede Yakob ne Esau maa Isak. Mede Seir bepɔwman no maa Esau, na Yakob ne ne mma sian kɔɔ Misraim.
ואתן ליצחק את יעקב ואת עשו ואתן לעשו את הר שעיר לרשת אותו ויעקב ובניו ירדו מצרים׃
5 “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfo no so na akyiri no, miyii mo fii hɔ ma munyaa ahofadi.
ואשלח את משה ואת אהרן ואגף את מצרים כאשר עשיתי בקרבו ואחר הוצאתי אתכם׃
6 Bere a mo agyanom duu Po Kɔkɔɔ ho no, Misraimfo no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafo taa wɔn.
ואוציא את אבותיכם ממצרים ותבאו הימה וירדפו מצרים אחרי אבותיכם ברכב ובפרשים ים סוף׃
7 Musu frɛɛ Awurade no, mede sum bɛtoo mo ne Misraimfo no ntam, memaa Po no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mo de mo ani huu nea meyɛe. Afei motenaa sare so mfe bebree.
ויצעקו אל יהוה וישם מאפל ביניכם ובין המצרים ויבא עליו את הים ויכסהו ותראינה עיניכם את אשר עשיתי במצרים ותשבו במדבר ימים רבים׃
8 “Mede mo baa Amorifo asase so wɔ Yordan apuei fam. Wɔne mo koe, nanso memaa mudii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase.
ואביאה אתכם אל ארץ האמרי היושב בעבר הירדן וילחמו אתכם ואתן אותם בידכם ותירשו את ארצם ואשמידם מפניכם׃
9 Na Moabhene Sipor babarima Balak fii ase ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam se ɔnnome mo.
ויקם בלק בן צפור מלך מואב וילחם בישראל וישלח ויקרא לבלעם בן בעור לקלל אתכם׃
10 Nanso mantie no, na mmom mema ohyiraa mo ntoatoaso, na migyee mo fii Balak nsam.
ולא אביתי לשמע לבלעם ויברך ברוך אתכם ואצל אתכם מידו׃
11 “Na mutwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfo pii nso ko tiaa mo a Amorifo, Perisifo, Kanaanfo, Hetifo, Girgasifo, Hewifo ne Yebusifo ka ho. Nanso mema mudii wɔn so nkonim.
ותעברו את הירדן ותבאו אל יריחו וילחמו בכם בעלי יריחו האמרי והפרזי והכנעני והחתי והגרגשי החוי והיבוסי ואתן אותם בידכם׃
12 Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpam Amorifo ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo afoa anaa mo agyan na ɛma mudii nkonim.
ואשלח לפניכם את הצרעה ותגרש אותם מפניכם שני מלכי האמרי לא בחרבך ולא בקשתך׃
13 Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na mudii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree, nkuropɔn a mote mu mprempren no. Memaa mo bobe nturo ne ngodua mfuw sɛ mubenya aduan, a mpo ɛnyɛ mo na muduae.
ואתן לכם ארץ אשר לא יגעת בה וערים אשר לא בניתם ותשבו בהם כרמים וזיתים אשר לא נטעתם אתם אכלים׃
14 “Enti munni Awurade ni, na momfa mo koma nyinaa nsom no. Montow ahoni a mo agyanom somee no wɔ bere a na wɔte Asubɔnten Efrate agya ne Misraim no nyinaa ngu korakora. Monsom Awurade nko ara.
ועתה יראו את יהוה ועבדו אתו בתמים ובאמת והסירו את אלהים אשר עבדו אבותיכם בעבר הנהר ובמצרים ועבדו את יהוה׃
15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, nnɛ yi ara, monkyerɛ nea mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somee wɔ bere a na wɔwɔ Efrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifo a mote wɔn asase so mprempren no anyame? Na me ne me fi de, yɛbɛsom Awurade.”
ואם רע בעיניכם לעבד את יהוה בחרו לכם היום את מי תעבדון אם את אלהים אשר עבדו אבותיכם אשר בעבר הנהר ואם את אלהי האמרי אשר אתם ישבים בארצם ואנכי וביתי נעבד את יהוה׃
16 Na ɔman no buae se, “Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforo.
ויען העם ויאמר חלילה לנו מעזב את יהוה לעבד אלהים אחרים׃
17 Efisɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn na ogyee yɛn ne yɛn agyanom fii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwonwade akɛse wɔ yɛn anim. Na yɛfaa sare so wɔ yɛn atamfo mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.
כי יהוה אלהינו הוא המעלה אתנו ואת אבותינו מארץ מצרים מבית עבדים ואשר עשה לעינינו את האתות הגדלות האלה וישמרנו בכל הדרך אשר הלכנו בה ובכל העמים אשר עברנו בקרבם׃
18 Ɛyɛ Awurade na ɔpam Amorifo ne aman foforo a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade, efisɛ ɔno nko ne yɛn Nyankopɔn.”
ויגרש יהוה את כל העמים ואת האמרי ישב הארץ מפנינו גם אנחנו נעבד את יהוה כי הוא אלהינו׃
19 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no se, “Morentumi nsom Awurade, efisɛ ɔyɛ kronkron ne ninkufo Nyankopɔn. Ɔremfa mo atuatew ne mo bɔne nkyɛ mo.
ויאמר יהושע אל העם לא תוכלו לעבד את יהוה כי אלהים קדשים הוא אל קנוא הוא לא ישא לפשעכם ולחטאותיכם׃
20 Sɛ mopa Awurade akyi na mosom anyame foforo a, ɔbɛdan atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yiye.”
כי תעזבו את יהוה ועבדתם אלהי נכר ושב והרע לכם וכלה אתכם אחרי אשר היטיב לכם׃
21 Nnipa no buaa Yosua se, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.”
ויאמר העם אל יהושע לא כי את יהוה נעבד׃
22 Yosua nso kae se, “Mubebu saa gyinae yi ho akontaa. Moaka sɛ mobɛsom Awurade.” Wobuae se, “Yiw, yebebu ho akontaa.”
ויאמר יהושע אל העם עדים אתם בכם כי אתם בחרתם לכם את יהוה לעבד אותו ויאמרו עדים׃
23 Yosua kae sɛ, “Eye, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo koma nto Awurade, Israel Nyankopɔn so.”
ועתה הסירו את אלהי הנכר אשר בקרבכם והטו את לבבכם אל יהוה אלהי ישראל׃
24 Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛbɛsom Awurade, yɛn Nyankopɔn. Yɛbɛyɛ osetie ama ɔno nko ara.”
ויאמרו העם אל יהושע את יהוה אלהינו נעבד ובקולו נשמע׃
25 Enti Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa da no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛe a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam.
ויכרת יהושע ברית לעם ביום ההוא וישם לו חק ומשפט בשכם׃
26 Yosua kyerɛw eyinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nhoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛse bi pirew kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntamadan no ase sɛ nkae ade.
ויכתב יהושע את הדברים האלה בספר תורת אלהים ויקח אבן גדולה ויקימה שם תחת האלה אשר במקדש יהוה׃
27 Yosua ka kyerɛɛ nnipa no se, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Nyankopɔn nokware a, ɛbɛyɛ adansede atia mo.”
ויאמר יהושע אל כל העם הנה האבן הזאת תהיה בנו לעדה כי היא שמעה את כל אמרי יהוה אשר דבר עמנו והיתה בכם לעדה פן תכחשון באלהיכם׃
28 Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapade so.
וישלח יהושע את העם איש לנחלתו׃
29 Asɛm yi akyi, ankyɛ na Nun babarima Yosua, Awurade somfo wui. Odii mfirihyia ɔha ne du.
ויהי אחרי הדברים האלה וימת יהושע בן נון עבד יהוה בן מאה ועשר שנים׃
30 Wosiee no wɔ nʼagyapade asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, wɔ Gaas Bepɔw atifi fam.
ויקברו אתו בגבול נחלתו בתמנת סרח אשר בהר אפרים מצפון להר געש׃
31 Na Israel som Awurade wɔ Yosua, ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen no a wohuu nea Awurade yɛ maa Israel wɔn nkwa nna nyinaa mu.
ויעבד ישראל את יהוה כל ימי יהושע וכל ימי הזקנים אשר האריכו ימים אחרי יהושע ואשר ידעו את כל מעשה יהוה אשר עשה לישראל׃
32 Na wosiee Yosef nnompe a Israelfo de fi Misraim bae no wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔw ɔha fii Hamor mmabarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.
ואת עצמות יוסף אשר העלו בני ישראל ממצרים קברו בשכם בחלקת השדה אשר קנה יעקב מאת בני חמור אבי שכם במאה קשיטה ויהיו לבני יוסף לנחלה׃
33 Aaron babarima Eleasar nso wui. Wosiee no wɔ Efraim bepɔw asase no so wɔ Gibea kurow no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu.
ואלעזר בן אהרן מת ויקברו אתו בגבעת פינחס בנו אשר נתן לו בהר אפרים׃

< Yosua 24 >