< Yosua 23 >

1 Mfe bebree twaa mu a Awurade maa Israelfo no ahotɔ a wɔn atamfo no mu biara anhaw wɔn bio. Yosua a afei na wanyin yiye no
耶和華使以色列人安靜,不與四圍的一切仇敵爭戰,已經多日。約書亞年紀老邁,
2 frɛɛ mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mprempren, mabɔ akwakoraa.
就把以色列眾人的長老、族長、審判官,並官長都召了來,對他們說:「我年紀已經老邁。
3 Moahu biribiara a Awurade, mo Nyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Nyankopɔn ako atia mo atamfo.
耶和華-你們的上帝因你們的緣故向那些國所行的一切事,你們親眼看見了,因那為你們爭戰的是耶和華-你們的上帝。
4 Mede amanaman no nsase a yennya nnii so ne nea yɛadi so ama mo sɛ mo agyapade, efi Asubɔnten Yordan kosi Po Kɛse a ɛwɔ atɔe fam no.
我所剪除和所剩下的各國,從約旦河起到日落之處的大海,我已經拈鬮分給你們各支派為業。
5 Saa asase yi bɛyɛ mo dea, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛpam nnipa a wɔtete so mprempren no nyinaa. Mubesi wɔn anan mu atena hɔ, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.
耶和華-你們的上帝必將他們從你們面前趕出去,使他們離開你們,你們就必得他們的地為業,正如耶和華-你們的上帝所應許的。
6 “Enti, monyɛ den! Monhwɛ na munni nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfi ho ɔkwan biara so.
所以,你們要大大壯膽,謹守遵行寫在摩西律法書上的一切話,不可偏離左右。
7 Monhwɛ yiye sɛ mo ne nnipa foforo a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn.
不可與你們中間所剩下的這些國民攙雜。他們的神,你們不可提他的名,不可指着他起誓,也不可事奉、叩拜;
8 Na munni Awurade, mo Nyankopɔn no nokware sɛnea moayɛ abesi nnɛ yi.
只要照着你們到今日所行的,專靠耶和華-你們的上帝。
9 “Efisɛ Awurade apam amanaman akɛse a wɔyɛ den ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim.
因為耶和華已經把又大又強的國民從你們面前趕出;直到今日,沒有一人在你們面前站立得住。
10 Mo mu biara betumi atu atamfo apem agu, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn ko ma mo sɛnea wahyɛ bɔ no.
你們一人必追趕千人,因耶和華-你們的上帝照他所應許的,為你們爭戰。
11 Enti monhwɛ yiye na monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no.
你們要分外謹慎,愛耶和華-你們的上帝。
12 “Nanso sɛ motwe mo ho fi ne ho, na mo ne saa amanaman yi nkaefo a wɔwɔ mo mu yi di aware a,
你們若稍微轉去,與你們中間所剩下的這些國民聯絡,彼此結親,互相往來,
13 ɛno de akyinnye biara nni ho sɛ Awurade, mo Nyankopɔn rempam wɔn mfi mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ mfiri ama mo, mo akyi mmaa, ne mo aniwa mu nsɔe de kosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asase pa yi a Awurade, mo Nyankopɔn de ama mo no so.
你們要確實知道,耶和華-你們的上帝必不再將他們從你們眼前趕出;他們卻要成為你們的網羅、機檻、肋上的鞭、眼中的刺,直到你們在耶和華-你們上帝所賜的這美地上滅亡。
14 “Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!
「我現在要走世人必走的路。你們是一心一意地知道,耶和華-你們上帝所應許賜福與你們的話沒有一句落空,都應驗在你們身上了。
15 Nanso sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moanyɛ osetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afi saa asase pa a ɔde ama mo yi so.
耶和華-你們上帝所應許的一切福氣怎樣臨到你們身上,耶和華也必照樣使各樣禍患臨到你們身上,直到把你們從耶和華-你們上帝所賜的這美地上除滅。
16 Sɛ mubu Awurade, mo Nyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforo a, nʼabufuw bɛhyew mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afi asase pa a ɔde ama mo no so.”
你們若違背耶和華-你們上帝吩咐你們所守的約,去事奉別神,叩拜他,耶和華的怒氣必向你們發作,使你們在他所賜的美地上速速滅亡。」

< Yosua 23 >