< Yosua 2 >
1 Afei, Yosua somaa akwansrafo baanu wɔ kokoa mu fii Israelfo atenae a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titiriw nea atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu koduu oguamanfo bi a ne din de Rahab fi, na wɔtenaa hɔ anadwo no.
Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no.
2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene se, “Anadwo yi ara, Israelfo no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.”
Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.”
3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafo a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atow ahyɛ yɛn so.”
Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.”
4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buae se, “Mmarima no baa me ha de, nanso minnim faako a wofi bae.
Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ.
5 Ade reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apon mu no na wɔkɔe, nso manhu faako a wɔfae. Sɛ moyɛ ntɛm tiw wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.”
Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.”
6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɔdan atifi, akohintaw ɔfo a waboa ano akuwakuw ase.)
(Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.)
7 Enti, ɔhene asomafo no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafo no wɔ ɔkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan asutwabea hɔ. Asomafo no fi hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apon mu.
Enti, ɔhene asomafoɔ no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafoɔ no wɔ ɛkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan atwareeɛ hɔ. Asomafoɔ no firii hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apono mu.
8 Ansa na akwansrafo no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɔdan no atifi ne wɔn kɔkasae se,
Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ,
9 “Minim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa.
“Menim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa.
10 Yɛate sɛnea Awurade maa Po Kɔkɔɔ no yow ma munyaa kwan faa mu bere a mufii Misraim no. Na yenim sɛnea moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no ne sɛnea mosɛee wɔn nkurɔfo pasaa no.
Yɛate sɛdeɛ Awurade maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no.
11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn koma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sɛɛ a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Nyankopɔn no, ne otumfo Nyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro ne asase ase.
Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase.
12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me se, esiane sɛ maboa mo nti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafo adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so se,
“Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ,
13 moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me na, me nuabarimanom ne nuabeanom ne wɔn ho nnipa nyinaa.”
moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me maame, me nuammarima ne nuammaa ne wɔn mʼabusuafoɔ nyinaa.”
14 Mmarima no penee so kae se, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yebedi yɛn bɔhyɛ so.”
Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ so.”
15 Esiane sɛ wosii Rahab fi sii kurow no fasu so nti, ɔde hama sian wɔn faa mfɛnsere mu maa wosii fam.
Esiane sɛ wɔsii Rahab fie sii kuro no ɔfasuo so enti, ɔde ahoma sianee wɔn faa mpomma mu ma wɔsii fam.
16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munguan mfa bepɔw so man no so. Momfa mo ho nsie nnansa kosi sɛ atiwfo no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsan wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”
Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnwane mfa bepɔ so ɔman no so. Momfa mo ho nsie nnansa kɔsi sɛ atifoɔ no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsane wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”
17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban
Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban
18 na mmom, gyaw hama kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mfɛnsere ano no na ma wʼabusuafo a ɛyɛ wʼagya, wo na, wo nuabarimanom ne wɔn abusuafo nyinaa mmɛhyɛ ofi no mu a wɔnnkɔ baabiara.
na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara.
19 Sɛ wopue si abɔnten a, wobekum wɔn nyinaa na obi ntumi mmɔ yɛn sobo sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ ofi yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso renteɛ ne nsa wɔ wɔn so.
Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so.
20 Na sɛ wudi yɛn huammɔ de a, ntam yi nnkyekyere yɛn ɔkwan biara so.”
Na sɛ wodi yɛn hwammɔ deɛ a, ntam yi renkyekyere yɛn wɔ ɛkwan biara so.”
21 Ɔbea no buae se, “Mepene mo nhyehyɛe no nyinaa so.” Ogyaa wɔn kwan, bere a hama kɔkɔɔ no sɛn ofi no mfɛnsere no ano.
Ɔbaa no buaa sɛ, “Mepene mo nhyehyɛeɛ no nyinaa so.” Ɔgyaa wɔn ɛkwan wɔ ɛberɛ a ahoma kɔkɔɔ no sɛne efie no mpomma no ano.
22 Akwansrafo no kɔɔ bepɔw asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atiwfo no hwehwɛɛ ɔkwan no so baabiara, san kɔɔ wɔn kurom a wɔanhu akwansrafo no wɔ baabiara.
Akwansrafoɔ no kɔɔ bepɔ asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atifoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan no so baabiara, sane kɔɔ wɔn kurom a wɔanhunu akwansrafoɔ no wɔ baabiara.
23 Afei akwansrafo baanu no sian fii bepɔw asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua.
Afei akwansrafoɔ baanu no siane firii bepɔ asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua.
24 Wɔkae se, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, efisɛ yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”
Wɔkaa sɛ, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”