< Yosua 19 >
1 Asase no nkyemu a ɛto so abien no kɔɔ Simeon abusuakuw no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia.
둘째로 시므온 곧 시므온 자손의 지파를 위하여 그 가족대로 제비를 뽑았으니 그 기업은 유다 자손의 기업 중에서라
2 Na nea edidi so yi ne Simeon agyapade: Beer-Seba, Seba ne Molada,
그 얻은 기업은 브엘세바 곧 세바와, 몰라다와,
3 Hasar-Sual, Bala ne Esem,
하살 수알과, 발라와, 에셈과,
4 Eltolad, Betul ne Horma,
엘돌랏과, 브둘과, 호르마와,
5 Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa,
시글락과, 벧 말가봇과, 하살수사와,
6 Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkurow dumiɛnsa ne wɔn nkuraa.
벧 르바옷과, 사루헨이니 십 삼 성읍이요 또 그 촌락이며
7 Nkurow a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkurow anan ne wɔn nkuraa,
또 아인과 림몬과, 에델과 아산이니 네 성읍이요 또 그 촌락이며
8 ne nkuraa a ɛwɔ anafo fam kosi Baalat-Beer, nea ɛwɔ Negeb a wɔfrɛ no Rama no. Eyi ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuw mu no agyapade.
또 남방 라마 곧 바알랏 브엘까지 이 성들을 둘러 있는 모든 촌락이니 이는 시므온 자손의 지파가 그 가족대로 얻은 기업이라
9 Wɔn agyapade no yɛ Yuda de no fa bi a wɔde maa Yuda, efisɛ na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno nti, Simeon abusuakuw no nyaa wɔn agyapade fii Yuda asase no mu.
시므온 자손의 이 기업은 유다 자손의 기업 중에서 취하였으니 이는 유다 자손의 분깃이 자기들에게 너무 많으므로 시므온 자손이 자기의 기업을 그들의 기업 중에서 얻음이었더라
10 Asase no nkyemu a ɛto so abiɛsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no nsam. Sebulon agyapade hye no fi ase wɔ Sarid.
세째로 스불론 자손을 위하여 그 가족대로 제비를 뽑았으니 그 기업의 경계는 사릿에 미치고
11 Efi hɔ kɔ atɔe fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apuei fam asuwa ho.
서편으로 올라가서 마랄라에 이르러 답베셋에 미치고 욕느암 앞 시내에 미치며
12 Ɔhye no fa fi Sarid kɔ apuei fam kosi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia.
사릿에서부터 동편으로 돌아 해 뜨는 편을 향하고 기슬롯 다볼의 경계에 이르고 다브랏으로 나가서 야비아로 올라가고
13 Afei, ɛtoa so kɔ apuei fam kodu Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na adan ahwɛ Nea.
또 거기서부터 동편으로 가드 헤벨을 지나 엣 가신에 이르고 네아까지 연한 림몬으로 나아가서
14 Sebulon hye a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ebewie wɔ Yifta-El bon mu.
북으로 돌아 한나돈에 이르고 입다엘 골짜기에 이르러 끝이 되며
15 Nkurow ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem. Nkurow dumien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
또 갓닷과, 나할랄과, 시므론과, 이달라와, 베들레헴이니 모두 십 이성읍이요 또 그 촌락이라
16 Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no agyapade.
스불론 자손이 그 가족대로 얻은 기업은 이 성읍들과 그 촌락이었더라
17 Asase no nkyɛmufa a ɛto so anan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no nsam.
네째로 잇사갈 곧 잇사갈 자손을 위하여 그 가족대로 제비를 뽑았으니
18 Nʼahye nenam saa nkurow yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem,
그 지경 안은 이스르엘과, 그술롯과, 수넴과,
19 Hafraim, Shion ne Anaharat,
하바라임과, 시온과, 아나하랏과,
20 Rabit, Kision ne Abes,
랍빗과, 기시온과, 에베스와,
21 Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases.
레멧과, 언간님과, 엔핫다와, 벧 바세스며,
22 Ɔhye no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akowie wɔ Asubɔnten Yordan ho. Nkurow dunsia ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
그 경계는 다볼과 사하수마와 벧 세메스에 미치고 그 끝은 요단이니 모두 십 육 성읍이요 또 그 촌락이라
23 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no agyapade.
잇사갈 자손 지파가 그 가족대로 얻은 기업은 이 성읍들과 그 촌락이었더라
24 Asase no nkyemu a ɛto so anum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no nsam.
다섯째로 아셀 자손의 지파를 위하여 그 가족대로 제비를 뽑았으니
25 Nʼahye no fa saa nkurow yi so: Helkat, Hali, Beten ne Aksaf,
그 지경 안은 헬갓과, 할리와, 베덴과, 악삽과,
26 Alamelek, Amad ne Misal. Ɔhye a ɛda atɔe fam no fi Karmel kɔ Sihor-Libnat,
알람멜렉과, 아맛과, 미살이며 그 경계의 서편은 갈멜에 미치며 시홀 림낫에 미치고
27 na ebukaw fa apuei fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kosi Sebulon wɔ Yifta-El bon no mu, kɔ atifi fam kodu Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul,
꺾여 해 돋는 편을 향하여 벧 다곤에 이르며 스불론에 달하고 북편으로 입다 엘 골짜기에 미쳐서 벧에멕과 느이엘에 이르고 가불 좌편으로 나가서
28 ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kosi Sidon Kɛse.
에브론과, 르홉과, 함몬과, 가나를 지나 큰 시돈까지 이르고
29 Afei ɔhye no dan kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no besi Po Kɛse no ho wɔ Hosa. Nkurow a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib,
돌아서 라마와 견고한 성읍 두로에 이르고 돌아서 호사에 이르고 악십 지방 곁 바다가 끝이 되며
30 Uma, Afek ne Rehob, Nkurow aduonu abien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
또 움마와, 아벡과, 르홉이니 모두 이십 이 성읍과 그 촌락이라
31 Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no agyapade.
아셀 자손의 지파가 그 가족대로 얻은 기업은 이 성읍들과 그 촌락이었더라
32 Asase no nkyemu a ɛto so asia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no nsam.
여섯째로 납달리 자손을 위하여 납달리 자손의 가족대로 제비를 뽑았으니
33 Ne hye no fi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan.
그 경계는 헬렙과 사아난님의 상수리나무에서부터 아다미 네겝과 얍느엘을 지나 락굼까지요 그 끝은 요단이며
34 Atɔe fam hye no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kosi Sebulon hye no wɔ anafo fam, Aser hye wɔ atɔe fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apuei fam.
서편으로 돌아 아스놋 다볼에 이르고 그 곳에서부터 나가 훅곡에 이르러는 남은 스불론에 접하였고 서는 아셀에 접하였으며 해 돋는 편은 유다에 달한 요단이며
35 Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret,
그 견고한 성읍들은 싯딤과, 세르와, 함맛과, 락갓과, 긴네렛과,
37 Kedes, Edrei ne En-Hasor,
게데스와, 에드레이와, 엔 하솔과,
38 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes. Nkurow dunkron ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia.
이론과, 믹다렐과, 호렘과, 벧 아낫과, 벧 세메스니 모두 십 구 성읍이요 또 그 촌락이라
39 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no agyapade.
납달리 자손의 지파가 그 가족대로 얻은 기업은 이 성읍들과 그 촌락이었더라
40 Asase no nkyemu a ɛto so ason no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no nsam.
일곱째로 단 자손의 지파를 위하여 그 가족대로 제비를 뽑았으니
41 Nkurow a na ɛwɔ Dan agyapade mu no bi yɛ Sora, Estaol ne Ir-Semes,
그 기업의 지경은 소라와, 에스다올과, 이르세메스와,
42 Saalabin, Ayalon ne Yitla,
사알랍빈과, 아얄론과, 이들라와,
44 Elteke, Gibeton ne Baalat,
엘드게와, 깁브돈과, 바알랏과,
45 Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon,
여훗과, 브네브락과, 가드 림몬과,
46 Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim.
메얄곤과, 락곤과, 욥바 맞은편 경계까지라
47 Nanso Dan abusuakuw no nyaa akwanside wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wodii kurow no so, kunkum mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kurow no.
그런데 단 자손의 지경이 더욱 확장되었으니 이는 단 자손이 올라가서 레센을 쳐서 취하여 칼날로 치고 그것을 얻어 거기 거하였음이라 그 조상 단의 이름을 따라서 레센을 단이라 하였더라
48 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no agyapade, saa nkurow yi ne wɔn nkuraa.
단 자손의 지파가 그 가족대로 얻은 기업은 이 성읍들과 그 촌락이었더라
49 Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuw no wiee no, Israelfo no maa Yosua asase sin sononko bi sɛ nʼagyapade.
이스라엘 자손이 그 경계를 따라서 기업의 땅 나누기를 마치고 자기들 중에서 눈의 아들 여호수아에게 기업을 주었으되
50 Na Awurade aka se kurow biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɔkyekyeree kurow no foforo na ɔtenaa hɔ.
곧 여호와의 명령대로 여호수아의 구한 성읍 에브라임 산지 딤낫 세라를 주매 여호수아가 그 성읍을 중건하고 거기 거하였었더라
51 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne mmusuakuw mpanyimfo no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan pon no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuw no. Enti ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awiei.
제사장 엘르아살과 눈의 아들 여호수아와 이스라엘 자손 지파의 족장들이 실로에서 회막문 여호와 앞에서 제비 뽑아 나눈 기업이 이러하니라 이에 땅 나누는 일이 마쳤더라