< Yosua 17 >

1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔe fam no maa Manase abusuakuw no fa a ɔyɛ Yosef babarima panyin no asefo. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apuei fam no ama Makir abusua no dedaw, efisɛ na ɔyɛ ɔkofo kɛse. (Na Makir yɛ Manase babarima panyin ne Gilead agya.)
Ma e pok mar dhood Manase, kaka wuod Josef makayo, tiende ni, mar Makir, wuod Manase makayo. Makir ne kwar jo-Gilead, ma norwako Gilead gi Bashan nikech jo-Makir ne gin jolweny mongʼere.
2 Asase a ɛda Yordan atɔe fam no, wɔde maa mmusua nkae a wɔwɔ Manase abusuakuw mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida.
Omiyo pokni nowene joka Manase mane odongʼ, kaka, anywola mar Abiezer, Helek Asriel, Shekem, Hefer, kod Shemida. Magi e nyikwa Manase ma wuod Josef mamoko machwo kaluwore gi anywolagi.
3 Nanso na Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no nni mmabarima. Mmom, na ɔwɔ mmabea baanum. Na wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
Zelofehad ma wuod Hefer, ma wuod Gilead, ma wuod Makir, ma wuod Manase, ne onge yawuowi makmana nyiri kende, ma nying-gi ne gin: Mala, Nowa, Hogla, Milka gi Tirza.
4 Saa mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofo no nkyɛn bɛkae se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuw mu no agyapade.” Enti Yosua maa wɔn ne wɔn agyanom agyapade sɛnea Awurade hyɛe no.
Negidhi ir Eliazar jadolo kod Joshua wuod Nun, to gi jotelo mi giwachonegi niya, “Jehova Nyasaye nochiko Musa mondo opognwa girkeni e dier owetewa.” Omiyo Joshua nomiyogi girkeni kaachiel gi owete wuonegi, kaluwore gi chik Jehova Nyasaye.
5 Ɛno nti Manase agyapade bɛyɛɛ nsaseteaa du a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho,
Pok mar Manase ne en lope apar kapok okwan piny Gilead kod piny Bashan mantiere yo wuok chiengʼ mar aora Jordan,
6 efisɛ Manase asefo a wɔyɛ mmea no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapade. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefo a wɔyɛ mmarima nkae no).
nikech nyi dhood Manase noyudo girkeni e kind owetegi. Piny jo-Gilead nobedo mar nyikwa Manase mamoko.
7 Manase abusuakuw no hye no fi Aser hye ano kosi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apuei fam. Afei, ɔhye no fi Mikmetat kɔ anafo fam, kosi nnipa a wɔte bɛn Tapua nsu no ho no.
Piny Manase nochakore Asher nyaka Mikmethath mantiere yo wuok chiengʼ mar Shekem. Tongʼno nochakore yo milambo mokawo nyaka joma odak En Tapua.
8 (Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso Tapua kurow no a ɛda Manase mantam no hye so no yɛ Efraim abusuakuw no dea.)
Manase nokawo piny Tapua, to Tapua owuon, mane nitiere e tongʼ Manase, nobedo mar jo-Efraim.
9 Manase hye no fi Tapua asu no, nenam Kana suka atifi kosi Po Kɛse no. (Nkurow bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuw no dea.)
Eka tongʼno nodhi nyime yo milambo mochopo nyaka Kana Ravin. Ne nitiere mier matindo ma mek Efraim mane nitiere e dier mier matindo mag Manase, makmana tongʼ Manase ne nitiere yo nyandwat mar holo matut madiny kendo mogik e nam.
10 Asase a ɛda suka no anafo fam no yɛ Efraim dea, na nea ɛda atifi fam nso yɛ Manase de; na Po kɛse no yɛ Manase asase no hye wɔ atɔe fam. Aser asase no da Manase de no atifi fam, na Isakar asase no nso da apuei fam.
Yo milambo ne en piny Efraim, to yo nyandwat ne en mar Manase. Piny Manase nochopo e nam kendo mokiewo gi Asher yo nyandwat, to Isakar yo wuok chiengʼ.
11 Wɔde saa nkurow a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraa.
E Isakar kod Asher, Manase ne nitie bende kod Beth Shan, Ibleam kod jo-Dor, Endor, Tanak kod Megido, kaachiel gi jogo mane odak machiegni kodgi, ngʼat mar adek e kwan-no ne en Nafoth.
12 Nanso Manase asefo no antumi amfa saa nkurow yi. Wɔantumi antu Kanaanfo a na wɔte hɔ no.
Kata kamano, jo-Manase ne ok nyal kawo e mier matindogi, nikech jo-Kanaan noramo ni nyaka gidag kanyo.
13 Akyiri no, bere a Israelfo nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso wɔampam wɔn amfi asase no so.
Omiyo ka jo-Israel nodoko maroteke, negiketo jo-Kanaan obedo wasumbinigi mane ok giriembogi kata matin.
14 Yosef asefo baa Yosua nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na woama yɛn asasetaw baako pɛ wɔ bere a Awurade ama yɛn ase adɔ?”
Joka Josef nowachone Joshua niya, “Ere gima omiyo isepogonwa kendo miyowa mana kamoro achiel kaka girkeni? Wasenyaa kendo Jehova Nyasaye osegwedhowa mogundho.”
15 Yosua buaa se, “Sɛ Efraim bepɔw asase no sua ma mo a, monkɔdɔw kwae a Perisifo ne Refaitefo te so no.”
Joshua nodwokogi niya, “To ka usenyaa ahinya kamano kendo piny gode mag Efraim koro tinnu, kare koro dhiuru e bungu manie piny jo-Perizi kod jo-Refai mondo ubet kanyo obed maru.”
16 Na wobuae se, “Bepɔw so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfo a wɔwɔ bepɔw no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bon ho ahyia no wɔ nnade nteaseɛnam, na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.”
Joka Josef to nodwoko niya, “Piny godeno ok oromowa, kendo jo-Kanaan duto modak e pawno nigi geche mag lweny ma tiendgi otimo nyinyo, kendo mago modak Beth Shan gi mier molwore kaachiel gi holo mar Jezreel bende nigi gechego.”
17 Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo no se, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den nti, mubenya nsasetam no bi aka baako no ho.
To Joshua nowachone od Josef, ma gin Efraim kod Manase niya, “Usenyaa kendo un joma nigi teko. Ok unubed gi pok achiel kende,
18 Wɔde kwae a ɛda bepɔw no so no bɛka mo ho. Monnɔw asase no sɛnea mubetumi biara na montena hɔ. Ɛwɔ mu sɛ Kanaanfo no ho yɛ den na wɔwɔ nnade nteaseɛnam, nanso mewɔ awerehyɛmu sɛ mubetumi apam wɔn afi obon no mu.”
to nyaka piny moyugno manie got bende. Beteuru nyaka kuma unyalo, to obiro bedo maru; kata obedo ni jo-Kanaan nigi geche nyinyo kendo gi tegno, pod unyalo riembogi.”

< Yosua 17 >