< Yosua 15 >

1 Asase a wɔde maa mmusua a wobom yɛ Yuda abusuakuw no koduu Edom hye so wɔ anafo fam, na Sin sare so na ɛkɔpem.
ויהי הגורל למטה בני יהודה למשפחתם אל גבול אדום מדבר צן נגבה מקצה תימן׃
2 Anafo fam hye no fitii ase wɔ Nkyene Po no awiei a ɛwɔ anafo fam,
ויהי להם גבול נגב מקצה ים המלח מן הלשן הפנה נגבה׃
3 sen faa Akrabbim kosii Sin sare so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafo fam kosii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kosii Adar na ɛpono kɔɔ Karka.
ויצא אל מנגב למעלה עקרבים ועבר צנה ועלה מנגב לקדש ברנע ועבר חצרון ועלה אדרה ונסב הקרקעה׃
4 Etwaa mu ha kɔɔ Asmon koduu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kowiee wɔ Po Kɛse no mu. Eyi ne wɔn anafo fam hye.
ועבר עצמונה ויצא נחל מצרים והיה תצאות הגבול ימה זה יהיה לכם גבול נגב׃
5 Apuei fam hye no fi Nkyene Po no kodu Asubɔnten Yordan ano. Atifi fam hye no fi beae a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Po no mu,
וגבול קדמה ים המלח עד קצה הירדן וגבול לפאת צפונה מלשון הים מקצה הירדן׃
6 twa mu kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan bo (Na Bohan yɛ Ruben babarima) no ho.
ועלה הגבול בית חגלה ועבר מצפון לבית הערבה ועלה הגבול אבן בהן בן ראובן׃
7 Efi hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bon no mu kɔka Debir, na ɛdan wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a etwa mu fi Adumim nsian mu wɔ anafo fam wɔ obon no nkyɛn mu. Efi hɔ a, ɔhye no sen kosi En-Semes nsu no ano, na akɔpem En-Rogel.
ועלה הגבול דברה מעמק עכור וצפונה פנה אל הגלגל אשר נכח למעלה אדמים אשר מנגב לנחל ועבר הגבול אל מי עין שמש והיו תצאתיו אל עין רגל׃
8 Afei, ɔhye no fa Hinom babarima bon no mu, kɔfa Yebusifo anafo nsian so, nea Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔe fam wɔ bepɔw no apampam, toa so kɔ Hinom bon no so kosi Refaim bon ano wɔ atifi fam.
ועלה הגבול גי בן הנם אל כתף היבוסי מנגב היא ירושלם ועלה הגבול אל ראש ההר אשר על פני גי הנם ימה אשר בקצה עמק רפאים צפנה׃
9 Efi hɔ a, ɔhye no toa so kɔfa bepɔw no apampam kɔ Neftoa asuti no nsu ho, fi hɔ akɔ nkurow a ɛdeda Efron bepɔw so no. Na ebukaw kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.)
ותאר הגבול מראש ההר אל מעין מי נפתוח ויצא אל ערי הר עפרון ותאר הגבול בעלה היא קרית יערים׃
10 Ɔhye no twa fa Baala ho wɔ atɔe fam kosi bepɔw Seir so, ɛkɔ ara kosi Kesalon kurom wɔ bepɔw Yearim atifi nsian so, na akɔ fam akosi Bet-Semes ne Timna.
ונסב הגבול מבעלה ימה אל הר שעיר ועבר אל כתף הר יערים מצפונה היא כסלון וירד בית שמש ועבר תמנה׃
11 Ɔhye no kɔɔ ara kosii bepɔw no nsian a ɛwɔ Ekron atifi fam no, dan kyerɛɛ Sikron, faa hɔ kɔɔ Baala bepɔw no de koduu Yabneel. Ɔhye no kɔpem Po Kɛse no.
ויצא הגבול אל כתף עקרון צפונה ותאר הגבול שכרונה ועבר הר הבעלה ויצא יבנאל והיו תצאות הגבול ימה׃
12 Na atɔe fam hye no nso ne Ntam Po no mpoano. Eyinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuw no ahye.
וגבול ים הימה הגדול וגבול זה גבול בני יהודה סביב למשפחתם׃
13 Awurade hyɛɛ Yosua se ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no.
ולכלב בן יפנה נתן חלק בתוך בני יהודה אל פי יהוה ליהושע את קרית ארבע אבי הענק היא חברון׃
14 Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefo no fii hɔ.
וירש משם כלב את שלושה בני הענק את ששי ואת אחימן ואת תלמי ילידי הענק׃
15 Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kurow Debir (a kan no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no.
ויעל משם אל ישבי דבר ושם דבר לפנים קרית ספר׃
16 Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.”
ויאמר כלב אשר יכה את קרית ספר ולכדה ונתתי לו את עכסה בתי לאשה׃
17 Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so nti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
וילכדה עתניאל בן קנז אחי כלב ויתן לו את עכסה בתו לאשה׃
18 Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ommisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa fii nʼafurum so sii fam no, Kaleb bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?”
ויהי בבואה ותסיתהו לשאול מאת אביה שדה ותצנח מעל החמור ויאמר לה כלב מה לך׃
19 Ɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ me adom sononko. Woayɛ adom, ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti Kaleb maa no ɔsoro ne fam nsuwansuwa asase.
ותאמר תנה לי ברכה כי ארץ הנגב נתתני ונתתה לי גלת מים ויתן לה את גלת עליות ואת גלת תחתיות׃
20 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuw no agyapade.
זאת נחלת מטה בני יהודה למשפחתם׃
21 Na Yudafo nkurow a ɛdeda Edom ahye so wɔ anafo pɛɛ no ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,
ויהיו הערים מקצה למטה בני יהודה אל גבול אדום בנגבה קבצאל ועדר ויגור׃
22 Kina ne Dimona ne Adada,
וקינה ודימונה ועדעדה׃
23 Kedes ne Hasor ne Itnan,
וקדש וחצור ויתנן׃
24 Sif ne Telem ne Bealot,
זיף וטלם ובעלות׃
25 Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor),
וחצור חדתה וקריות חצרון היא חצור׃
26 Amam ne Sema ne Molada,
אמם ושמע ומולדה׃
27 Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet,
וחצר גדה וחשמון ובית פלט׃
28 Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia,
וחצר שועל ובאר שבע ובזיותיה׃
29 Baala ne Iim ne Esem,
בעלה ועיים ועצם׃
30 El-Tolad ne Kesil ne Horma,
ואלתולד וכסיל וחרמה׃
31 Siklag ne Madmana ne Sansana,
וצקלג ומדמנה וסנסנה׃
32 Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkurow yi nyinaa ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia dodow yɛ aduonu akron.
ולבאות ושלחים ועין ורמון כל ערים עשרים ותשע וחצריהן׃
33 Saa nkurow a na ɛwɔ atɔe fam nkoko no so, a wɔde maa Yuda ni: Estaol ne Sora ne Asna.
בשפלה אשתאול וצרעה ואשנה׃
34 Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam,
וזנוח ועין גנים תפוח והעינם׃
35 Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,
ירמות ועדלם שוכה ועזקה׃
36 Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunan.
ושערים ועדיתים והגדרה וגדרתים ערים ארבע עשרה וחצריהן׃
37 Nea ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad,
צנן וחדשה ומגדל גד׃
38 Dilean ne ne Mispe ne Yokteel,
ודלען והמצפה ויקתאל׃
39 Lakis ne Boskat ne Eglon,
לכיש ובצקת ועגלון׃
40 Kabon ne Lahmam ne Kitlis,
וכבון ולחמס וכתליש׃
41 Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunsia.
וגדרות בית דגון ונעמה ומקדה ערים שש עשרה וחצריהן׃
42 Eyinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan,
לבנה ועתר ועשן׃
43 Yifta ne Asna ne Nesib,
ויפתח ואשנה ונציב׃
44 Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ akron.
וקעילה ואכזיב ומראשה ערים תשע וחצריהן׃
45 Ekron nkurow ne nkuraa nyinaa ka Yuda asase ho,
עקרון ובנתיה וחצריה׃
46 efi Ekron no, ɔhye no trɛw de kɔ atɔe fam a nkurow a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia ka ho.
מעקרון וימה כל אשר על יד אשדוד וחצריהן׃
47 Saa ara na Asdod nkurow ne ne nkuraa, Gasa nkurow ne ne nkuraa kosi Misraim asuwa no, de kɔfa Po Kɛse no mpoano ka ho.
אשדוד בנותיה וחצריה עזה בנותיה וחצריה עד נחל מצרים והים הגבול וגבול׃
48 Yuda san nyaa nkurow a edidi so yi a na ɛwɔ nkoko asase so: Samir ne Yatir ne Soko,
ובהר שמיר ויתיר ושוכה׃
49 Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir,
ודנה וקרית סנה היא דבר׃
50 Anab ne Estemo ne Anim,
וענב ואשתמה וענים׃
51 Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dubaako.
וגשן וחלן וגלה ערים אחת עשרה וחצריהן׃
52 Na saa nkurow yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan,
ארב ורומה ואשען׃
53 Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka,
וינים ובית תפוח ואפקה׃
54 Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkurow akron ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
וחמטה וקרית ארבע היא חברון וציער ערים תשע וחצריהן׃
55 Nkurow a edidi so yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta,
מעון כרמל וזיף ויוטה׃
56 Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,
ויזרעאל ויקדעם וזנוח׃
57 Kain, Gibea ne Timna, nkurow du ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
הקין גבעה ותמנה ערים עשר וחצריהן׃
58 Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor,
חלחול בית צור וגדור׃
59 Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
ומערת ובית ענות ואלתקן ערים שש וחצריהן׃
60 Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkurow abien ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
קרית בעל היא קרית יערים והרבה ערים שתים וחצריהן׃
61 Sare so nkurow no nso ne: Bet-Araba, Midin ne Sekaka,
במדבר בית הערבה מדין וסככה׃
62 Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.
והנבשן ועיר המלח ועין גדי ערים שש וחצריהן׃
63 Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yuda abusuakuw no antumi antu wɔn nti, Yebusifo ne Yuda abusuakuw no tenae de besi nnɛ.
ואת היבוסי יושבי ירושלם לא יוכלו בני יהודה להורישם וישב היבוסי את בני יהודה בירושלם עד היום הזה׃

< Yosua 15 >