< Yosua 14 >

1 Israelfo mmusuakuw nkae no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapade, sɛnea ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw ntuanofo no de maa wɔn no.
Hoc est quod possederunt filii Israël in terra Chanaan, quam dederunt eis Eleazar sacerdos, et Josue filius Nun, et principes familiarum per tribus Israël:
2 Saa mmusuakuw akron ne fa yi nam ntontobɔ so na wonyaa wɔn agyapade no sɛnea Awurade faa Mose so hyɛe no.
sorte omnia dividentes, sicut præceperat Dominus in manu Moysi, novem tribubus, et dimidiæ tribui.
3 Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no nsase sɛ wɔn agyapade wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam dedaw.
Duabus enim tribubus, et dimidiæ, dederat Moyses trans Jordanem possessionem: absque Levitis, qui nihil terræ acceperunt inter fratres suos:
4 Yosef abusuakuw no de, na abɛyɛ mmusuakuw abien a wɔne Manase ne Efraim. Lewifo no de, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkurow a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ so adidi.
sed in eorum successerunt locum filii Joseph in duas divisi tribus, Manasse et Ephraim: nec acceperunt Levitæ aliam in terra partem, nisi urbes ad habitandum, et suburbana earum ad alenda jumenta et pecora sua.
5 Enti asase no mu kyekyɛ no, wogyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.
Sicut præceperat Dominus Moysi, ita fecerunt filii Israël, et diviserunt terram.
6 Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no.
Accesserunt itaque filii Juda ad Josue in Galgala, locutusque est ad eum Caleb filius Jephone Cenezæus: Nosti quid locutus sit Dominus ad Moysen hominem Dei de me et te in Cadesbarne.
7 Bere a Mose, Awurade somfo no somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfe aduanan. Mesan mʼakyi na mifi koma pa mu bɛkaa nea mihuu nyinaa,
Quadraginta annorum eram quando misit me Moyses famulus Domini de Cadesbarne, ut considerarem terram, nuntiavique ei quod mihi verum videbatur.
8 nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔe no hunahunaa nnipa no, buu wɔn aba mu sɛ wonntu wɔn nan nsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu de, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Nyankopɔn akyi.
Fratres autem mei, qui ascenderant mecum, dissolverunt cor populi: et nihilominus ego secutus sum Dominum Deum meum.
9 Enti saa da no, Mose hyɛɛ me bɔ se, ‘Kanaan asase a wokɔnantew so yi bɛyɛ wo ne wʼasefo agyapade sononko daa nyinaa, efisɛ wufi wo koma nyinaa mu adi Awurade, me Nyankopɔn akyi.’
Juravitque Moyses in die illo, dicens: Terra, quam calcavit pes tuus, erit possessio tua, et filiorum tuorum in æternum: quia secutus es Dominum Deum meum.
10 “Afei, sɛnea wuhu yi, Awurade ahwɛ me so yiye mfe aduanan anum fi bere a Mose hyɛɛ saa bɔ yi bere a na Israelfo nenam sare so no. Nnɛ, madi mfe aduɔwɔtwe anum.
Concessit ergo Dominus vitam mihi, sicut pollicitus est, usque in præsentem diem. Quadraginta et quinque anni sunt, ex quo locutus est Dominus verbum istud ad Moysen, quando ambulabat Israël per solitudinem: hodie octoginta quinque annorum sum,
11 Me ho yɛ den nnɛ te sɛ da a Mose somaa me no na metumi atu kwan akɔ ɔko ano mprempren te sɛ kan no.
sic valens ut eo valebam tempore quando ad explorandum missus sum: illius in me temporis fortitudo usque hodie perseverat, tam ad bellandum quam ad gradiendum.
12 Enti merebisa na wode bepɔw asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafo no, yehuu sɛ Anakfo tete nkuropɔn akɛse a wato ɔfasu afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afi asase no so sɛnea Awurade kae no.”
Da ergo mihi montem istum, quem pollicitus est Dominus, te quoque audiente, in quo Enacim sunt, et urbes magnæ atque munitæ: si forte sit Dominus mecum, et potuero delere eos, sicut promisit mihi.
13 Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapade.
Benedixitque ei Josue, et tradidit ei Hebron in possessionem:
14 Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefo de, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade Israel Nyankopɔn akyi.
atque ex eo fuit Hebron Caleb filio Jephone Cenezæo usque in præsentem diem, quia secutus est Dominum Deum Israël.
15 Kan no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfo mu okunini pa ara bi. Na akokoakoko fii asase no so.
Nomen Hebron ante vocabatur Cariath Arbe: Adam maximus ibi inter Enacim situs est: et terra cessavit a præliis.

< Yosua 14 >