< Yosua 13 >

1 Bere a Yosua bɔɔ akwakoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Worebɔ akwakoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.
Ɛberɛ a Yosua bɔɔ akɔkoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Worebɔ akɔkoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.
2 “Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifo ne Gesur,
“Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifoɔ ne Gesur,
3 “nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so,
“nsase a na ɛyɛ Kanaanfoɔ dea no so. Saa asase yi firi asuo Sihor a ɛda Misraim ɛhyeɛ so a ɛtene fa atifi fam kɔsi Ekron ɛhyeɛ so,
4 a Filistifo nkurɔpɔn anum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifo asase a ɛda anafo fam no nso, wɔnnko nnii so ɛ. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so ɛ; Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfo de no, de kosi Afek, kodu Amorifo hye so
a Filistifoɔ nkuropɔn enum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifoɔ asase a ɛda anafoɔ fam no nso, wɔnnko nnii so. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so; Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no, de kɔsi Afek, kɔduru Amorifoɔ ɛhyeɛ so
5 ne Gebalfo asase ne Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam.
ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ apueeɛ fam, de firi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔ ase, de kɔsi Hamat fam.
6 “Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no.
“Mmepɔ asase a ɛfiri Lebanon kɔsi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfoɔ nsase nyinaa ka ho. Mɛtu saa nnipa no nyinaa afiri asase no so na mede ama Israelfoɔ. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfoɔ sɛ agyapadeɛ sononko sɛdeɛ mahyɛ wo no.
7 Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfo agyapade bere a worekyekyɛ mu ama mmusuakuw akron no ne Manase abusua fa no.”
Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfoɔ agyapadeɛ wɔ ɛberɛ a worekyekyɛ mu ama mmusuakuo nkron no ne Manase abusua fa no.”
8 Manase abusua fa, Rubenfo ne Gadfo de, na wɔanya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam, efisɛ na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no de saa asase no ama wɔn dedaw.
Manase abusua no mu fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ deɛ, na wɔanya wɔn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ fam, ɛfiri sɛ na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no de saa asase no ama wɔn dada.
9 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon.
Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so kɔsi Dibon.
10 Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon kosi Amonfo hye so nkurow nyinaa nso ka ho.
Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon kɔsi Amonfoɔ ɛhyeɛ so nkuro nyinaa nso ka ho.
11 Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔw Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kosi Saleka ka ho,
Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔ Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kɔsi Saleka ka ho,
12 na Basanhene Og a odii hene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a otwa to, efisɛ na Mose ne wɔn ako apam wɔn.
ɛnna Basanhene Og a ɔdii ɔhene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a ɔtwa toɔ, ɛfiri sɛ na Mose ne wɔn ako apamo wɔn.
13 Nanso Israelfo no antu Gesurfo ne Maakafo enti wɔtenaa Israelfo no mu de besi nnɛ.
Nanso, Israelfoɔ no antu Gesurfoɔ ne Maakafoɔ enti wɔtenaa Israelfoɔ no mu de bɛsi ɛnnɛ.
14 Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma Awurade, Israel Nyankopɔn no.
Na Lewi abusuakuo no deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara. Wɔn agyapadeɛ firi afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ afɔrebukyia so ma Awurade, Israel Onyankopɔn no.
15 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw mu.
Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo mu.
16 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so.
Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so.
17 Nkurow ne nkuraase a ɛkeka ho ni: Hesbon ne nkurow a ɛdeda sare so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon,
Nkuro ne nkuraase a ɛkeka hoɔ nie: Hesbon ne nkuro a ɛdeda ɛserɛ so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon,
18 Yahas, Kedemot, Mefaat,
Yahas, Kedemot, Mefaat,
19 Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda obon no koko so,
Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda bɔnhwa no kokoɔ so,
20 Bet-Peor, Pisga nsian mu ne Bet-Yesimot.
Bet-Peor, Pisga nsianeɛ mu ne Bet-Yesimot.
21 Nkurow a ɛwɔ tataw so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorihene a na odi ade wɔ Hesbon, nea Mose kum no ne Midian ahemfo a wɔne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako.
Nkuro a ɛwɔ tata so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorifoɔhene a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon, deɛ Mose kumm no ne Midian ahemfo a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako.
22 Israelfo no kum Beor babarima nkonyaayifo bi a na wɔfrɛ no Balaam.
Israelfoɔ no kumm Beor babarima nkonyaayifoɔ bi a na wɔfrɛ no Balaam.
23 Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no hye wɔ atɔe fam. Wɔde nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw no mu sɛ wɔn agyapade.
Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Wɔde nkuro ne nkuraase a ɛwɔ saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo no mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
24 Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu.
Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu:
25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ.
Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkuro nyinaa, ne Amon asase no fa, kɔsi Aroer kuro a ɛwɔ Raba atɔeɛ fam pɛɛ.
26 Na efi Hesbon de kosi Ramat-Mispa ne Betonim de fi Mahanaim de kosi Debir.
Na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-Mispe ne Betonim de firi Mahanaim de kɔsi Debir.
27 Obon no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkae wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔe fam hɔ hye na ɛtoa so de kosi Galilea po no mu.
Bɔnhwa no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkaeɛ wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔeɛ fam hɔ ɛhyeɛ na ɛtoa so de kɔsi Galilea ɛpo no mu.
28 Nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu sɛ wɔn agyapade.
Nkuro ne nkuraaseɛ a ɛwɔ saa beaeɛ yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
29 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ
Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no mu.
30 Na wɔn asase no fi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kan tete ahemman nyinaa ne nkurow aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no.
Na wɔn asase no firi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kane tete ahemman nyinaa ne nkuro aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no.
31 Gilead fa ne ɔhene Og ahenkurow, Astarot ne Edrei ka ho. Wɔde eyinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefo.
Gilead fa ne ɔhene Og ahenkuro, Astarot ne Edrei ka ho. Wɔde yeinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefoɔ.
32 Eyinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛe bere a na ɔwɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apuei fam.
Yeinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛɛ ɛberɛ a na ɔwɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apueeɛ fam.
33 Nanso Mose amma Lewi abusuakuw no asase biara, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapade.
Nanso, Mose amma Lewi abusuakuo no asase biara, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapadeɛ.

< Yosua 13 >