< Yosua 12 >

1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.
이스라엘 자손이 요단 저편 해 돋는 편 곧 아르논 골짜기에서 헤르몬 산까지의 동방 온 아라바를 점령하고 그 땅에서 쳐 죽인 왕들은 이러하니라
2 Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so. Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
헤스본에 거하던 아모리 사람의 왕 시혼이라 그 다스리던 땅은 아르논 골짜기 가에 있는 아로엘에서부터 골짜기 가운데 성읍과 길르앗 절반 곧 암몬 자손의 지경 얍복 강까지며
3 Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.
또 동방 아라바 긴네롯 바다까지며 또 동방 아라바의 바다 곧 염해의 벧여시못으로 통한 길까지와 남편으로 비스가 산록까지며
4 Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
또 르바의 남은 족속으로서 아스다롯과 에브레이에 거하던 바산 왕 옥이라
5 Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
그 치리하던 땅은 헤르몬 산과 살르가와 온 바산과 및 그술 사람과 마아가 사람의 지경까지의 길르앗 절반이니 헤스본 왕 시혼의 지경에 접한 것이라
6 Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.
여호와의 종 모세와 이스라엘 자손이 그들을 치고 여호와의 종 모세가 그 땅을 르우벤 사람과 갓 사람과 므낫세 반 지파에게 기업으로 주었더라
7 Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade,
여호수아와 이스라엘 자손이 요단 이편 곧 서편 레바논 골짜기의 바알갓에서부터 세일로 올라가는 곳 할락 산까지에서 쳐서 멸한 왕들은 이러하니 (그 땅을 여호수아가 이스라엘의 구별을 따라 그 지파에게 기업으로 주었으니
8 a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
곧 산지와 평지와 아라바와 경사지와 광야와 남방 곧 헷 사람과 아모리 사람과 가나안 사람과 브리스 사람과 히위 사람과 여부스 사람의 땅이라)
9 Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El hene baako
하나는 여리고 왕이요 하나는 벧엘 곁의 아이 왕이요
10 Yerusalemhene baako Hebronhene baako
하나는 예루살렘 왕이요 하나는 헤브론 왕이요 하나는 야르뭇 왕이요
11 Yarmuthene baako Lakishene baako
하나는 라기스 왕이요
12 Eglonhene baako Geserhene baako
하나는 에글론 왕이요 하나는 게셀 왕이요
13 Debirhene baako Gaderhene baako
하나는 드빌 왕이요 하나는 게델 왕이요
14 Hormahene baako Aradhene baako
하나는 호르마 왕이요 하나는 아랏 왕이요
15 Libnahene baako Adulamhene baako
하나는 립나 왕이요 하나는 아둘람 왕이요
16 Makedahene baako Bet-Elhene baako
하나는 막게다 왕이요 하나는 벧엘 왕이요
17 Tapuahene baako Heferhene baako
하나는 답부아 왕이요 하나는 헤벨 왕이요
18 Afekhene baako Lasaronhene baako
하나는 아벡 왕이요 하나는 랏사론 왕이요
19 Madonhene baako Hasorhene baako
하나는 마돈 왕이요 하나는 하솔 왕이요
20 Simronhene baako Aksafhene baako
하나는 시므론 므론 왕이요 하나는 악삽 왕이요
21 Taanakhene baako Megidohene baako
하나는 다아낙 왕이요 하나는 므깃도 왕이요
22 Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako
하나는 게데스 왕이요 하나는 갈멜의 욕느암 왕이요
23 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako
하나는 돌의 높은 곳의 돌 왕이요 하나는 길갈의 고임 왕이요
24 Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.
하나는 디르사 왕이라 도합 삼십일 왕이었더라

< Yosua 12 >