< Yosua 11 >

1 Bere a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wodidi so yi nkra denneennen: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene;
When Jabin, king of Hazor, heard this, he sent a message to Jobab, king of Madon, to the king of Shimron, and to the king of Akshaph.
2 ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔw so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bon a ɛda Galilea anafo fam; ahemfo a wɔwɔ atɔe fam nkoko so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔe fam;
He also sent the message to the kings who were in the northern hill country, in the Jordan River valley south of Kinnereth, in the lowlands, and in Naphoth Dor to the west.
3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apuei ne atɔe; Amorifo ahemfo ne Hetifo ahemfo ne Perisifo ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifo mmepɔw asase so; ne Hewifo a wɔwɔ nkurow a ɛwɔ Hermon bepɔw ase wɔ Mispa asase so.
He also sent a message to the Canaanites to the east and west, the Amorites, the Hittites, the Perizzites, the Jebusites in the hill country, and the Hivites by Mount Hermon in the land of Mizpah.
4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn nsraadɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn nsraadɔm no nyinaa apɔnkɔ dodow ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano nwea.
All their armies came out with them, a great number of soldiers, in number like the sand on the seashore. They had a great number of horses and chariots.
5 Wɔbɔɔ wɔn atenae wɔ asu a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.
All these kings met at the appointed time, and they camped at the waters of Merom to wage war with Israel.
6 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sesɛɛ bere mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hyew wɔn nteaseɛnam no.”
Yahweh said to Joshua, “Do not be afraid in their presence, because tomorrow at this time I am giving them all to Israel as dead men. You will hamstring their horses, and you will burn their chariots.”
7 Na Yosua ne nʼakofo kɔɔ Merom asu no ho kɔtow hyɛɛ wɔn so mpofirim.
Joshua and all the men of war came. They arrived suddenly at the waters of Merom, and attacked the enemy.
8 Na Awurade ma wodii wɔn atamfo no so nkonim. Israelfo no taa wɔn ara kosii Sidon Kɛse ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bon no mu wɔ apuei fam, kosii sɛ atamfo no akofo baako mpo anka.
Yahweh gave the enemy into the hand of Israel, and they struck them and pursued them to Sidon, Misrephoth Maim, and to the Valley of Mizpah to the east. They struck them until not even one survivor of them was left.
9 Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no anan, san hyew nteaseɛnam no sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no.
Joshua did to them just as Yahweh told him. He hamstrung the horses and burned the chariots.
10 Yosua san nʼakyi begyee Hasor kurow no fae, kum ɛhɔ hene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.)
Joshua turned back at that time and captured Hazor. He struck its king with the sword. (Hazor had been head of all these kingdoms.)
11 Israelfo no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu gya.
They struck with the sword every living creature that was there, and he set them apart to be destroyed, so there was not any living creature left alive. Then he burned Hazor.
12 Yosua kunkum ahemfo a wɔaka no nyinaa ne wɔn manfo sɛee wɔn pasaa sɛnea Mose, Awurade somfo, hyɛe no pɛpɛɛpɛ.
Joshua captured all the cities of these kings. He also captured all their kings and struck them with the edge of the sword. He completely destroyed them with the edge of the sword, just as Moses the servant of Yahweh had commanded.
13 Mmom, Yosua anhyew kuropɔn biara a esi siw so gye Hasor.
Israel did not burn any of the cities built on mounds, except Hazor. It alone Joshua burned.
14 Na Israelfo no faa asade ne anantwi a wɔwɔ nkurow mmubui no mu nanso wokum emu nnipa no nyinaa.
The army of Israel took all the plunder from these cities along with the livestock for themselves. They killed every human being with the edge of the sword until all were dead. They left alive no creature that breathed.
15 Sɛnea Awurade hyɛɛ ne somfo Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ no no, dii nea Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.
Just as Yahweh had commanded his servant Moses, in the same way, Moses commanded Joshua, and so Joshua did it. He left nothing undone of all that Yahweh commanded Moses to do.
16 Enti Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔw man, Negeb, Gosen asase, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, Israel mmepɔw ne nsase tataw fae.
Joshua took all that land, the hill country, all the Negev, all the land of Goshen, the foothills, the Jordan River valley, the hill country of Israel, and the lowlands.
17 Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ nea efi Halak bepɔw a ekosi Seir wɔ atifi fam toa so kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔw Hermon ase wɔ Lebanon bon mu. Yosua kunkum nsase no so ahemfo nyinaa,
From Mount Halak near Edom, and going north as far as Baal Gad in the valley near Lebanon below Mount Hermon, he captured all their kings and killed them.
18 wɔ mmere tenten akokoakoko mu.
Joshua waged war for a long time with all the kings.
19 Kurow biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfo yɛɛ asomdwoe apam gye sɛ Hewifo a wɔte Gibeon no. Wodii wɔn a aka no nyinaa so nkonim.
Not one city made peace with the army of Israel except the Hivites who lived in Gibeon. Israel captured all the rest of the cities in battle.
20 Awurade pirim wɔn koma ma wɔko tiaa Israelfo wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoe nhyehyɛe. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔbɔ biara nni mu sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
For it was Yahweh who hardened their hearts so they would wage war against Israel, so that he might completely destroy them without mercy, just as he had instructed Moses.
21 Saa bere no mu, Yosua tɔree Anak asefo a na wɔte bepɔw nkurow Hebron, Debir, Anab ne bepɔw man Yuda ne Israel nyinaa ase. Okum wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkurow no pasaa.
Then Joshua came at that time and he destroyed the Anakim. He did this in the hill country, at Hebron, Debir, Anab, and in all the hill country of Judah, and in all the hill country of Israel. Joshua completely destroyed them and their cities.
22 Wɔn mu ɔbaako koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.
None of the Anakim were left in the land of Israel except at Gaza, Gath, and Ashdod.
23 Enti Yosua faa asase no nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfo sɛ wɔn agyapade sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuw no. Enti awiei no asase no so dwoe.
So Joshua captured the whole land, just as Yahweh said to Moses. Joshua gave it as an inheritance to Israel, assigned to each of their tribes. Then the land had rest from the wars.

< Yosua 11 >