< Yosua 10 >

1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ hene, sɛnea wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ hene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfo ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam, na wɔayɛ baako.
Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako.
2 Ɛno nti, ɔne ne nkurɔfo bo tuu yiye, efisɛ Gibeon yɛ kuropɔn kɛse te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sen Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofo a wɔyɛ den.
Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene.
3 Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se,
Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
4 “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam.”
“Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.”
5 Enti Amorifo ahemfo baanum no de wɔn nsraadɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn nsraadɔm no gyinagyinae, na afei wɔtow hyɛɛ Gibeon so.
Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so.
6 Na Gibeonfo no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Nnyaa wʼasomfo. Bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, efisɛ Amorifo ahemfo a wɔte mmepɔw so de wɔn nsraadɔm rebɛko atia yɛn.”
Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.”
7 Enti Yosua ne Israel nsraadɔm nyinaa fii Gilgal sɛ wɔrekɔboa Gibeonfo.
Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal sɛ wɔrekoboa Gibeonfoɔ.
8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”
Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”
9 Yosua nantew anadwo mu no nyinaa fii Gilgal kofii Amorifo nsraadɔm no mu.
Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu.
10 Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda.
Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda.
11 Bere a Amorifo reguan wɔ ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade him abo akɛse guu wɔn so kosii sɛ woduu Aseka. Abo no kunkum wɔn mu bebree sen dodow a Israelfo de afoa kunkum wɔn no.
Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no.
12 Da a Awurade de Amorifo no hyɛɛ Israelfo no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpae wɔ Israelfo no anim se, “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so na ɔsram nso nnyina wɔ Ayalon bon mu.”
Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ, “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.”
13 Na owia ne ɔsram gyinaa dinn, kosii sɛ Israelfo dii atamfo no so. Wɔnkyerɛw saa nsɛm yi wɔ Teefo Nhoma no mu ana? Owia gyinae wɔ wim mfimfini na ankɔtɔ sɛnea ɛyɛ daa no.
Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn, kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so. Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa? Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no.
14 Awurade ko maa Israel da no. Ebi nsii saa da na bi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisade sɛɛ fii onipa nkyɛn.
Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn.
15 Na Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ Gilgal atenae hɔ.
Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ.
16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no guan kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu.
Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu.
17 Yosua tee sɛ wɔahu wɔn no,
Yosua tee sɛ wɔahunu wɔn no,
18 ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛse nsiw ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfo no nwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu.
ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu.
19 Mo a moaka no nso, montaa atamfo no na munkunkum wɔn mfi akyi. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkurow so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.”
Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.”
20 Enti Yosua ne Israel nsraadɔm toaa so kunkum wɔn, tɔree nsraadɔm anum no ase ma ɛkaa dɔm no kakraa bi a wotumi guan kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu.
Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu.
21 Afei, Israelfo no san baa Yosua nkyɛn asomdwoe mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel.
Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel.
22 Afei, Yosua kae se, “Munyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.”
Afei, Yosua kaa sɛ, “Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.”
23 Wokoyii ahemfo baanum no fii ɔbodan no mu bae: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene.
Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene.
24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakofodɔm asahene no se, “Mommra mmetiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no.
Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no.
25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafo no se, “Munnsuro na mommma mo aba mu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, efisɛ Awurade rebɛyɛ eyi atia mo atamfo nyinaa.”
Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ, “Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, Awurade rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa.”
26 Yosua kunkum ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua anum so kosii anwummere.
Yosua kunkumm ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua enum so kɔsii anwummerɛ.
27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wonyiyi ahemfo no amu no mfi nnua no so na wɔnkɔtow wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛw mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛse mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.
Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
28 Da no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kum obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ hene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Okum Makedahene te sɛnea okum Yerikohene no.
Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te sɛ deɛ ɔkumm Yerikohene no.
29 Afei, Yosua ne Israelfo no kɔɔ Libna kɔtow hyɛɛ wɔn so.
Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so.
30 Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ hene no maa wɔn. Wokunkum obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefo baako po. Na Yosua kum Libnahene sɛnea okum Yerikohene no.
Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no.
31 Yosua ne Israelfo no fi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔtow hyɛɛ wɔn so.
Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so.
32 Na ne nnaanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfo. Ɛhɔ nso, wokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛnea wɔyɛɛ Libna no.
Na ne nnanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfoɔ. Ɛhɔ nso, wɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no.
33 Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakofo bae sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kum no sɛee nʼakofo no nyinaa.
Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakodɔm baa sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kumm no sɛee nʼakodɔm no nyinaa.
34 Ɛnna Yosua ne ne Israel nsraadɔm no kɔɔ Eglon kɔtow hyɛɛ so.
Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so.
35 Wɔde da koro faa kurow no dommum na ɛhɔ nso, wokum obiara wɔ kuropɔn no mu sɛnea wɔyɛɛ Lakis.
Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara wɔ kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis.
36 Wofi Eglon no, wɔkɔtow hyɛɛ Hebron so,
Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so,
37 faa hɔ ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛnea wɔyɛɛ Eglon no, wokunkum ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.
faa hɔ ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.
38 Afei, wɔsan wɔn akyi kɔtow hyɛɛ Debir so.
Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so.
39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn hene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wokum obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛnea wɔsɛee Libna ne Hebron no.
Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no.
40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Odii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔw man no so, Negeb, atɔe fam nkoko ne wɔn a wɔte mmepɔw nsian so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefo baako mpo sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, hyɛe no.
Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no.
41 Yosua kunkum wɔn fi Kades-Barnea kosii Gasa, de fii Gosen koduu Gibeon.
Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen kɔduruu Gibeon.
42 Akodi baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn nsase, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, reko ama ne manfo.
Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ.
43 Afei, Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn atenae wɔ Gilgal.
Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.

< Yosua 10 >