< Yona 4 >

1 Nanso na eyi yɛ mfomso kɛse ma Yona, na ne bo fuwii.
Jonah, however, was greatly displeased, and he became angry.
2 Ɔbɔɔ Awurade mpae se, “Awurade, bere a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sɛɛ na mekae? Eyi nti na meperee sɛ miguan akɔ Tarsis no, efisɛ na minim sɛ, woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw, na wo dɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛn nʼanan ase wɔ bɔne amanehunu ho.
So he prayed to the LORD, saying, “O LORD, is this not what I said while I was still in my own country? This is why I was so quick to flee toward Tarshish. I knew that You are a gracious and compassionate God, slow to anger, abounding in loving devotion—One who relents from sending disaster.
3 Afei, Awurade! Gye me nkwa fi me nsɛm. Eye ma me sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”
And now, O LORD, please take my life from me, for it is better for me to die than to live.”
4 Na Awurade buae se, “Eye sɛ wo bo fuw wɔ saa asɛm yi ho ana?”
But the LORD replied, “Have you any right to be angry?”
5 Na Yona kɔɔ kuropɔn no apuei fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ pata tenaa ne nwini no mu, twɛn nea ɛbɛba kuropɔn no so.
Then Jonah left the city and sat down east of it, where he made himself a shelter and sat in its shade to see what would happen to the city.
6 Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho.
So the LORD God appointed a vine, and it grew up to provide shade over Jonah’s head to ease his discomfort, and Jonah was greatly pleased with the plant.
7 Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee dua no maa nhaban no poe.
When dawn came the next day, God appointed a worm that attacked the plant so that it withered.
8 Owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa bi a mu yɛ hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ beraw. Ɔpɛɛ sɛ owu, na ɔkae se, “Eye ma me sɛ miwu sen sɛ metena ase.”
As the sun was rising, God appointed a scorching east wind, and the sun beat down on Jonah’s head so that he grew faint and wished to die, saying, “It is better for me to die than to live.”
9 Onyankopɔn bisaa Yona se, “Eye sɛ wofa abufuw wɔ dua no ho ana?” Yona buae se, “Yiw, me bo afuw, na sɛ miwu a anka mepɛ.”
Then God asked Jonah, “Have you any right to be angry about the plant?” “I do,” he replied. “I am angry enough to die!”
10 Na Awurade kae se, “Dua yi ho asɛm ahaw wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii ntɛmntɛm na ewuu ntɛmntɛm.
But the LORD said, “You cared about the plant, which you neither tended nor made grow. It sprang up in a night and perished in a night.
11 Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wonnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn yi ho asɛm haw me ana?”
So should I not care about the great city of Nineveh, which has more than 120,000 people who cannot tell their right hand from their left, and many cattle as well?”

< Yona 4 >