< Yona 2 >

1 Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,
ثُمَّ صَلَّى يُونَانُ إِلَى الرَّبِّ إِلَهِهِ مِنْ جَوْفِ الْحُوتِ،١
2 “Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade, na ogyee me so. Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoa na wutiee me sufrɛ. (Sheol h7585)
قَائِلاً: «اسْتَغَثْتُ بِالرَّبِّ فِي ضِيقِي فَاسْتَجَابَ لِي، وَمِنْ جَوْفِ الْهَاوِيَةِ ابْتَهَلْتُ فَسَمِعْتَ صَوْتِي. (Sheol h7585)٢
3 Wotow me kyenee bun mu wɔ po ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiae; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so.
لأَنَّكَ طَرَحْتَنِي إِلَى اللُّجَجِ الْعَمِيقَةِ فِي قَلْبِ الْبِحَارِ، فَاكْتَنَفَنِي الْغَمْرُ وَأَحَاطَتْ بِي تَيَّارَاتُكَ وَأَمْوَاجُكَ٣
4 Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’
فَقُلْتُ: قَدْ طُرِدْتُ مِنْ حَضْرَتِكَ، وَلَنْ أَعُودَ أَتَفَرَّسُ فِي هَيْكَلِكَ الْمُقَدَّسِ.٤
5 Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu, bun no twaa me ho hyiae; po mu nwura kyekyeree me ti ho.
قَدْ غَمَرَتْنِي الْمِيَاهُ وَأَحْدَقَتْ بِيَ اللُّجَجُ، وَالْتَفَّ عُشْبُ الْبَحْرِ حَوْلَ رَأْسِي.٥
6 Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu, Awurade, me Nyankopɔn.
انْحَدَرْتُ إِلَى أُسُسِ الْجِبَالِ وَهَبَطْتُ إِلَى أَعْمَاقِ الأَرْضِ حَيْثُ أُغْلِقَتْ عَلَيَّ مَزَالِيجُهَا إِلَى الأَبَدِ. وَلَكِنَّكَ تُصْعِدُ حَيَاتِي مِنَ الْهَاوِيَةِ أَيُّهَا الرَّبُّ إِلَهِي.٦
7 “Bere a me nkwa resen akɔ no, mekaee wo Awurade, na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn, wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
عِنْدَمَا وَهَنَتْ نَفْسِي فِي دَاخِلِي، تَذَكَّرْتُ إِلَهِي، فَحَلَّقَتْ صَلاتِي إِلَيْكَ، إِلَى هَيْكَلِكَ الْمُقَدَّسِ.٧
8 “Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho no hwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.
إِنَّ الَّذِينَ يُبَجِّلُونَ الأَصْنَامَ الْبَاطِلَةَ يَتَخَلَّوْنَ عَنْ مَصْدَرِ نِعْمَتِهِمْ.٨
9 Nanso me, mede ayeyi nnwom bɛbɔ afɔre ama wo. Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagye fi Awurade.”
أَمَّا أَنَا فَبِهُتَافِ الْحَمْدِ أَذْبَحُ لَكَ، وَمَا نَذَرْتُهُ أُوفِي بِهِ، لأَنَّ لِلرَّبِّ الْخَلاصَ».٩
10 Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.
فَأَمَرَ الرَّبُّ الْحُوتَ فَقَذَفَ بِيُونَانَ إِلَى الشَّاطِئِ.١٠

< Yona 2 >