< Yohane 9 >

1 Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo,
As he passed by, he saw a man blind from birth.
2 Nʼasuafo no bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?”
His disciples asked him, “Rabbi, who sinned, this man or his parents, that he was born blind?”
3 Yesu buae se, “Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.
Jesus answered, “This man did not sin, nor did his parents, but that the works of God might be revealed in him.
4 Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma.
I must work the works of him who sent me while it is day. The night is coming, when no one can work.
5 Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”
While I am in the world, I am the light of the world.”
6 Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so.
When he had said this, he spat on the ground, made mud with the saliva, anointed the blind man’s eyes with the mud,
7 Na ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifuraefo yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.
and said to him, “Go, wash in the pool of Siloam” (which means “Sent”). So he went away, washed, and came back seeing.
8 Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?”
Therefore the neighbors and those who saw that he was blind before said, “Is not this he who sat and begged?”
9 Ebinom kae se, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforo nso kae se, “Dabi, ɛnyɛ ɔno na mmom sɛ na ɔsɛ no.” Aberante yi kae se, “Ɛyɛ me.”
Others were saying, “It is he.” Still others were saying, “He looks like him.” He said, “I am he.”
10 Nnipa no bisaa no se, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wuhu ade yi?”
They therefore were asking him, “How were your eyes opened?”
11 Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Mekɔ kɔhohoroo mʼanim wiee ara pɛ na mihuu ade.”
He answered, “A man called Jesus made mud, anointed my eyes, and said to me, ‘Go to the pool of Siloam and wash.’ So I went away and washed, and I received sight.”
12 Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?” Obuaa wɔn se, “Minnim.”
Then they asked him, “Where is he?” He said, “I do not know.”
13 Wɔde aberante a na nʼani afura no brɛɛ Farisifo no.
They brought him who had been blind to the Pharisees.
14 Da a Yesu saa onifuraefo no yare no yɛ homeda.
It was a Sabbath when Jesus made the mud and opened his eyes.
15 Farisifo no nso bisaa aberante no sɛnea ɛyɛe a afei de ohuu ade. Aberante no kaa sɛnea Yesu de dɔte a wafɔtɔw sraa nʼani so na ɔkɔhohoro ma ohuu ade no kyerɛɛ wɔn.
Again therefore the Pharisees also asked him how he received his sight. He said to them, “He put mud on my eyes, I washed, and I see.”
16 Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.” Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.
Some therefore of the Pharisees said, “This man is not from God, because he does not keep the Sabbath.” Others said, “How can a man who is a sinner do such signs?” So there was division among them.
17 Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.”
Therefore they asked the blind man again, “What do you say about him, because he opened your eyes?” He said, “He is a prophet.”
18 Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofo bae,
The Jews therefore did not believe concerning him, that he had been blind and had received his sight, until they called the parents of him who had received his sight,
19 ma wobisaa wɔn se, “Mo ba ni ana? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifuraefo ana? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade yi?”
and asked them, “Is this your son, whom you say was born blind? How then does he now see?”
20 Nʼawofo no buae se, “Yegye to mu sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifuraefo.
His parents answered them, “We know that this is our son, and that he was born blind;
21 Nanso yennim nea enti a afei de ohu ade yi. Saa ara nso na yennim onipa ko a ɔma ohuu ade no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a obetumi akasa ama ne ho nti mummisa no.”
but how he now sees, we do not know; or who opened his eyes, we do not know. He is of age. Ask him. He will speak for himself.”
22 Nea ɛmaa nʼawofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no.
His parents said these things because they feared the Jews; for the Jews had already agreed that if any man would confess him as Christ, he would be put out of the synagogue.
23 Eyi nti na nʼawofo no kae se, “Nʼani afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no” no.
Therefore his parents said, “He is of age. Ask him.”
24 Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wubedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛni.”
So they called the man who was blind a second time, and said to him, “Give glory to God. We know that this man is a sinner.”
25 Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ kan no na meyɛ onifuraefo na afei de mihu ade.”
He therefore answered, “I do not know if he is a sinner. One thing I do know: that though I was blind, now I see.”
26 Wobisaa no bio se, “Dɛn na ɔyɛɛ wo ma wuhuu ade?”
They said to him again, “What did he do to you? How did he open your eyes?”
27 Aberante no de abufuw buaa wɔn se, “Maka nokware no akyerɛ mo, nanso moantie. Dɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafo?”
He answered them, “I told you already, and you did not listen. Why do you want to hear it again? You do not also want to become his disciples, do you?”
28 Mpanyimfo no yeyaw no san kae se, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo.
They insulted him and said, “You are his disciple, but we are disciples of Moses.
29 Yenim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose nanso saa Yesu yi de, yennim faako a ofi mpo!”
We know that God has spoken to Moses. But as for this man, we do not know where he comes from.”
30 Aberante yi ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ obi a otumi ma onifuraefo hu ade no mutumi ka se munnim faako a ofi.
The man answered them, “How amazing! You do not know where he comes from, yet he opened my eyes.
31 Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ nʼapɛde no.
We know that God does not listen to sinners, but if anyone is a worshiper of God and does his will, he listens to him.
32 Efi adebɔ mfiase, yɛntee da sɛ obi ama onifuraefo ahu ade; (aiōn g165)
From the age (aiōn g165) it has never been heard of that anyone opened the eyes of someone born blind.
33 sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn hɔ a anka ɔrentumi nyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ.”
If this man were not from God, he could do nothing.”
34 Mpanyimfo no nso de abufuw buaa no se, “Ɔdebɔneyɛni te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wosunsum no fii asɔredan no mu hɔ.
They answered him, “You were altogether born in sins, and do you teach us?” Then they threw him out.
35 Yesu tee sɛ wɔasunsum aberante no afi asɔredan no mu hɔ no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, “Wugye Onipa Ba no di ana?”
Jesus heard that they had thrown him out, and finding him, he said, “Do you believe in the Son of God?”
36 Aberante no buaa no se, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a megye no adi!”
He answered, “Who is he, Lord, that I may believe in him?”
37 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu no dedaw; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”
Jesus said to him, “You have both seen him, and it is he who speaks with you.”
38 Aberante no de anigye kae se, “Awurade, migye di.” Afei ɔkotow Yesu.
He said, “Lord, I believe!” and he worshiped him.
39 Yesu kae se, “Mebaa wiase ha sɛ merebebu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifuraefo no ahu ade, na makyerɛ wɔn a wogye di sɛ wohu ade no sɛ, wɔyɛ anifuraefo.”
Jesus said, “I came into this world for judgment, that those who do not see may see; and that those who see may become blind.”
40 Farisifo a na wogyinagyina hɔ no bisaa no se, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifuraefo ana?”
Those of the Pharisees who were with him heard these things, and said to him, “Are we also blind?”
41 Yesu buaa wɔn se. “Sɛ mugye to mu sɛ moyɛ anifuraefo a, ɛno de anka munnni nea maka no ho fɔ. Esiane sɛ mugye to mu sɛ muhu ade nti motena afɔbu mu.”
Jesus said to them, “If you were blind, you would have no sin; but now you say, ‘We see.’ Therefore your sin remains.

< Yohane 9 >