< Yohane 8 >
1 Yesu san kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
And Iesus went vnto mounte Olivete
2 Ade kyee anɔpa no ɔsan baa hyiadan no mu. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.
and erly in ye mornynge came agayne into ye temple and all the people came vnto him and he sate doune and taught them.
3 Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim.
And the scribes and ye pharises brought vnto him a woman taken in advoutry and set hyr in the myddes
4 Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman,
and sayde vnto him: Master this woman was taken in advoutry even as the dede was a doyng.
5 nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?”
Moses in the lawe comaunded vs yt suche shuld be stoned. What sayest thou therfore?
6 Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam.
And this they sayde to tempt him: that they myght have wherof to accuse him. Iesus stouped doune and with his fynger wrote on the grounde.
7 Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no.”
And whyll they continued axynge him he lyfte him selfe vp and sayde vnto them: let him yt is amoge you wt out synne cast the fyrst stone at her.
8 Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam.
And agayne he stouped doune and wrote on ye grounde.
9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara.
And assone as they hearde that they went out one by one the eldest fyrst. And Iesus was lefte a lone and the woman stondynge in ye myddes.
10 Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”
When Iesus had lyfte vp him selfe agayne and sawe no man but the woman he sayde vnto hyr. Woman where are those thyne accusars? Hath no man condempned the?
11 Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”
She sayde: No man Lorde. And Iesus sayde: Nether do I condempne the. Goo and synne no moare.
12 Yesu san toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mene wiase hann no. Obiara a odi mʼakyi no rennantew sum mu da, na obenya hann a ɛkyerɛ nnipa kwan ma wɔkɔ nkwa mu.”
Then spake Iesus agayne vnto them sayinge: I am the light of the worlde. He that foloweth me shall not walke in darcknes: but shall have the light of lyfe.
13 Farisifo no tee asɛm a Yesu kae no, wɔka kyerɛɛ no se, “Asɛm a woreka yi de, yɛrennye nto mu, efisɛ wo ara na woredi wo ho adanse.”
The pharises sayde vnto him: thou bearest recorde of thy sylfe thy recorde is not true.
14 Yesu nso buaa wɔn se, “Sɛ me ara meredi me ho adanse mpo a, asɛm a meka no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi bae ne faako a merekɔ. Na mo de, munnim faako a mifi bae ne faako a merekɔ nso.
Iesus answered and sayde vnto them: Though I beare recorde of my selfe yet my recorde is true: for I knowe whece I came and whyther I goo. But ye cannot tell whece I come and whyther I goo.
15 Mo ankasa mode mo adwene na ebu atɛn na me de, mimmu obiara atɛn.
Ye iudge after ye flesshe. I iudge no man
16 Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.
though I iudge yet is my iudgmet true. For I am not alone: but I and the father that sent me.
17 Wɔakyerɛw wɔ mo mmara mu se sɛ nnansefo baanu adanse hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanse no yɛ nokware.
It is also written in youre lawe that the testimony of two men is true.
18 Midi me ho adanse na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”
I am one yt beare witnes of my selfe and the father that sent me beareth witnes of me.
19 Nnipa no bisaa no se, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Munnim me na munnim mʼAgya no nso. Sɛ munim me a, anka mubehu mʼAgya no nso.”
Then sayde they vnto him: where is thy father? Iesus answered: ye nether knowe me nor yet my father. Yf ye had knowen me ye shuld have knowen my father also.
20 Yesu kaa eyinom nyinaa wɔ bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnu ɛ.
These wordes spake Iesus in the tresury as he taught in the temple and no man layde hondes on him for his tyme was not yet come.
21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, “Mefi mo nkyɛn akɔ; mobɛhwehwɛ me na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”
Then sayde Iesus agayne vnto them. I goo my waye and ye shall seke me and shall dye in youre synnes. Whyther I goo thyther can ye not come.
22 Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekokum ne ho?”
Then sayde the Iewes: will he kyll him selfe because he sayth: whyther I goo thyther can ye not come?
23 Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha nanso me de, mifi ɔsoro na mebae. Mo de, mufi wiase nanso me de, mimfi wiase,
And he sayde vnto the: ye are fro beneth I am from above. Ye are of this worlde I am not of this worlde.
24 Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene nea mene a, mubewu wɔ mo bɔne mu.”
I sayde therfore vnto you that ye shall dye in youre synnes. For except ye beleve that I am he ye shall dye in youre synnes.
25 Wobisaa no se, “Wo koraa wone hena?” Yesu buaa wɔn se, “Mene nea daa meka kyerɛ mo se meyɛ.
Then sayde they vnto him who arte thou? And Iesus sayde vnto them: Even ye very same thinge yt I saye vnto you.
26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.”
I have many thinges to saye and to iudge of you. But he yt sent me is true. And I speake in ye worlde those thinges which I have hearde of him.
27 Nnipa no ante no ase sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no.
They understode not that he spake of his father.
28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munya ma Onipa Ba no so wɔ asennua no so a na mubehu sɛ mene nea mene no, na afei mubehu bio sɛ mimfi me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom nea Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka.
Then sayde Iesus vnto them: when ye have lyft vp an hye the sonne of man then shall ye knowe that I am he and that I do nothinge of my selfe: but as my father hath taught me even so I speake:
29 Nea ɔsomaa me no ka me ho daa. Onnyaw me da efisɛ meyɛ nea ɛsɔ nʼani.”
and he that sent me is with me. The father hath not lefte me alone for I do alwayes those thinges that please him.
30 Nnipa a wɔtee nea Yesu kaa no mu dodow no ara gyee no dii.
As he spake these wordes many beleved on him.
31 Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wogyee no dii no se, “Sɛ mudi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafo.
Then sayde Iesus to those Iewes which beleved on him. If ye cotinue in my wordes then are ye my very disciples
32 Ɛno ansa na mubehu nokware no na nokware no bɛma moade mo ho.”
and shall knowe the trueth: and the trueth shall make you free.
33 Nnipa no buaa no se, “Yɛn de, yɛyɛ Abraham asefo. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na adɛn nti na woka se wobɛma yɛade yɛn ho?”
They answered him: We be Abrahams seede and were never bonde to eny man: why sayest thou then ye shalbe made fre.
34 Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa.
Iesus answered them: verely verely I saye vnto you that whosoever committeth synne is the servaunt of synne.
35 Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. (aiōn )
And the servaunt abydeth not in the housse for ever: But ye sonne abydeth ever. (aiōn )
36 Ɛno nti sɛ ɔba no ma mode mo ho a mobɛde mo ho ampa.
If the sonne therfore shall make you fre then are ye fre in dede.
37 Migye to mu sɛ moyɛ Abraham asefo, nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ munni ne nkyerɛkyerɛ so.
I knowe that ye are Abrahams seed: But ye seke meanes to kyll me because my sayinges have no place in you.
38 Nea mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo de, nea mo agya aka akyerɛ mo no na mudi so.”
I speake that I have sene with my father: and ye do that which ye have sene with youre father.
39 Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ Abraham asefo ampa a anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ.
They answered and sayde vnto him: Abraham is oure father. Iesus sayde vnto them. If ye were Abrahams chyldren ye wolde do the dedes of Abraham.
40 Nea mayɛ ne sɛ maka nokware a mote fii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ eyi.
But now ye goo about io kyll me a man that have tolde you the truthe which I have herde of god: this dyd not Abraham.
41 Moreyɛ nea mo agya yɛe.” Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”
Ye do the dedes of youre father. Then sayde they vnto him: we were not borne of fornicacion. We have one father which is God.
42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me pɛ mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me.
Iesus sayde vnto them: yf God were youre father then wolde ye love me. For I proceaded forthe and come from God. Nether came I of my selfe but he sent me.
43 Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ mompɛ sɛ mote ase.
Why do ye not knowe my speache? Even because ye cannot abyde the hearynge of my wordes.
44 Mo de, ɔbonsam ne mo agya na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfiase. Onni nokware da efisɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.
Ye are of youre father the devyll and the lustes of youre father ye will folowe. He was a murtherer from the beginnynge and aboode not in the trueth because ther is no trueth in him. When he speaketh a lye then speaketh he of his awne. For he is a lyar and the father therof.
45 Nanso me de, esiane sɛ meka nokware nti na munnye me nni no.
And because I tell you ye trueth therfore ye beleve me not.
46 Mo mu hena na obetumi aka se midi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokware a adɛn nti na munnye me nni?
Which of you can rebuke me of synne? If I saye ye trueth why do not ye beleve me?
47 Obiara a ofi Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo de, esiane sɛ mumfi Onyankopɔn mu no nti na muntie nʼasɛm no.”
He that is of God heareth goddes wordes Ye therfore heare them not because ye are not of God.
48 Yudafo no bisaa Yesu se, “Sɛ yɛka se woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a na yɛboa ana?”
Then answered the Iewes and sayde vnto him: Saye we not well that thou arte a Samaritane and hast the devyll?
49 Yesu buae se, “Minni honhommɔne. Midi mʼAgya ni na mo de, munni no ni.
Iesus answered: I have not the devyll: but I honour my father and ye have dishonoured me.
50 Memmpere nhwehwɛ anuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na odi ma me.
I seke not myne awne prayse: but ther is one that seketh and iudgeth.
51 Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.” (aiōn )
Verely verely I saye vnto you yf a man kepe my sayinges he shall never se deeth. (aiōn )
52 Yudafo no nso ka kyerɛɛ no se, “Afei na yɛahu ampa sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wui. Adiyifo no nso wuwui. Nanso wo de, woka se, ‘Obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.’ (aiōn )
Then sayde the Iewes to him: Now knowe we that thou hast the devyll. Abraha is deed and also the Prophetes: and yet thou sayest yf a man kepe my sayinge he shall never tast of deeth. (aiōn )
53 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Abraham ana? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?”
Arte thou greater then oure father Abraham which is deed? and the Prophetes are deed. Whome makest thou thy selfe?
54 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho anuonyam a, mʼanuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka se ɔyɛ mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me anuonyam.
Iesus answered: Yf I honoure my selfe myne honoure is nothinge worth. It is my father that honoureth me which ye saye is youre God
55 Mo de, munnim no, nanso me de, minim no. Sɛ meka sɛ minnim no a na meyɛ ɔtorofo sɛ mo ara. Minim no na madi nʼasɛm nso so.
and ye have not knowen him: but I knowe him. And yf I shuld saye I knowe him not I shuld be a lyar lyke vnto you. But I knowe him and kepe his sayinge.
56 Mo agya Abraham ani gyee sɛ obehu me ba a mɛba no. Ohui na nʼani gyei.”
Youre father Abraham was glad to se my daye and he sawe it and reioysed.
57 Yudafo no nso bisaa no se, “Wunnii mfe aduonum koraa na woyɛɛ dɛn na wuhuu Abraham?”
Then sayde the Iewes vnto him: thou arte not yet. l. yere olde and hast thou sene Abraham?
58 Yesu buae se, “Mereka nokware pefee akyerɛ mo se, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”
Iesus sayd vnto them: Verely verely I saye vnto you: yer Abraham was I am.
59 Yudafo no tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no, nanso Yesu hintawee. Eyi akyi no, ofii asɔredan no mu hɔ kɔe.
Then toke they vp stones to caste at him. But Iesus hid him selfe and went out of ye temple.