< Yohane 7 >

1 Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no.
Καὶ περιεπάτει ὁ Ἰησοῦς μετὰ ταῦτα ἐν τῇ Γαλιλαίᾳ· οὐ γὰρ ἤθελεν ἐν τῇ Ἰουδαίᾳ περιπατεῖν, ὅτι ἐζήτουν αὐτὸν οἱ Ἰουδαῖοι ἀποκτεῖναι.
2 Bere a Yudafo Asese Afahyɛ no reyɛ adu no,
Ἦν δὲ ἐγγὺς ἡ ἑορτὴ τῶν Ἰουδαίων ἡ Σκηνοπηγία.
3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no.
Εἶπον οὖν πρὸς αὐτὸν οἱ ἀδελφοὶ αὐτοῦ, Μετάβηθι ἐντεῦθεν, καὶ ὕπαγε εἰς τὴν Ἰουδαίαν, ἵνα καὶ οἱ μαθηταί σου θεωρήσωσι τὰ ἔργα σου ἃ ποιεῖς.
4 Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.”
Οὐδεὶς γὰρ ἐν κρυπτῷ τι ποιεῖ, καὶ ζητεῖ αὐτὸς ἐν παρρησίᾳ εἶναι. Εἰ ταῦτα ποιεῖς, φανέρωσον σεαυτὸν τῷ κόσμῳ.
5 Na nʼankasa ne nuanom mpo nnye no nni.
Οὐδὲ γὰρ οἱ ἀδελφοὶ αὐτοῦ ἐπίστευον εἰς αὐτόν.
6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me bere nnuu ɛ, na mo de bere biara ye ma mo.
Λέγει οὖν αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς, Ὁ καιρὸς ὁ ἐμὸς οὔπω πάρεστιν, ὁ δὲ καιρὸς ὁ ὑμέτερος πάντοτέ ἐστιν ἕτοιμος.
7 Mo de, nnipa tan mo a ɛnyɛ ye, nanso me de wɔtan me a ɛyɛ ye, efisɛ daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.
Οὐ δύναται ὁ κόσμος μισεῖν ὑμᾶς· ἐμὲ δὲ μισεῖ, ὅτι ἐγὼ μαρτυρῶ περὶ αὐτοῦ, ὅτι τὰ ἔργα αὐτοῦ πονηρά ἐστιν.
8 Mo de, munni kan nkɔ afahyɛ no na me de, minnya nkɔɔ ɛ, efisɛ me bere nnuu ɛ.”
Ὑμεῖς ἀνάβητε εἰς τὴν ἑορτὴν ταύτην· ἐγὼ οὔπω ἀναβαίνω εἰς τὴν ἑορτὴν ταύτην, ὅτι ὁ καιρὸς ὁ ἐμὸς οὔπω πεπλήρωται.
9 Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no ɔtenaa Galilea.
Ταῦτα δὲ εἰπὼν αὐτοῖς, ἔμεινεν ἐν τῇ Γαλιλαίᾳ.
10 Yesu nuanom kɔɔ akyi no na ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wanna ne ho adi wɔ hɔ.
Ὡς δὲ ἀνέβησαν οἱ ἀδελφοὶ αὐτοῦ, τότε καὶ αὐτὸς ἀνέβη εἰς τὴν ἑορτήν, οὐ φανερῶς, ἀλλ᾿ ὡς ἐν κρυπτῷ.
11 Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
Οἱ οὖν Ἰουδαῖοι ἐζήτουν αὐτὸν ἐν τῇ ἑορτῇ, καὶ ἔλεγον, Ποῦ ἐστιν ἐκεῖνος;
12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.”
Καὶ γογγυσμὸς πολὺς περὶ αὐτοῦ ἦν ἐν τοῖς ὄχλοις· οἱ μὲν ἔλεγον ὅτι Ἀγαθός ἐστιν· ἄλλοι δὲ ἔλεγον, Οὔ, ἀλλὰ πλανᾷ τὸν ὄχλον.
13 Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi anyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ bagua mu.
Οὐδεὶς μέντοι παρρησίᾳ ἐλάλει περὶ αὐτοῦ διὰ τὸν φόβον τῶν Ἰουδαίων.
14 Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe.
Ἤδη δὲ τῆς ἑορτῆς μεσούσης, ἀνέβη ὁ Ἰησοῦς εἰς τὸ ἱερόν, καὶ ἐδίδασκε.
15 Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
Καὶ ἐθαύμαζον οἱ Ἰουδαῖοι λέγοντες, Πῶς οὗτος γράμματα οἶδε, μὴ μεμαθηκώς;
16 Yesu buaa wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
Ἀπεκρίθη αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς καὶ εἶπεν, Ἡ ἐμὴ διδαχὴ οὐκ ἔστιν ἐμή, ἀλλὰ τοῦ πέμψαντός με.
17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa.
Ἐάν τις θέλῃ τὸ θέλημα αὐτοῦ ποιεῖν, γνώσεται περὶ τῆς διδαχῆς, πότερον ἐκ τοῦ Θεοῦ ἐστιν, ἢ ἐγὼ ἀπ᾿ ἐμαυτοῦ λαλῶ.
18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.
Ὁ ἀφ᾿ ἑαυτοῦ λαλῶν, τὴν δόξαν τὴν ἰδίαν ζητεῖ· ὁ δὲ ζητῶν τὴν δόξαν τοῦ πέμψαντος αὐτόν, οὗτος ἀληθής ἐστι, καὶ ἀδικία ἐν αὐτῷ οὐκ ἔστιν.
19 Mose amma mo mmara no ana? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?”
Οὐ Μωσῆς δέδωκεν ὑμῖν τὸν νόμον, καὶ οὐδεὶς ἐξ ὑμῶν ποιεῖ τὸν νόμον; Τί με ζητεῖτε ἀποκτεῖναι;
20 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
Ἀπεκρίθη ὁ ὄχλος καὶ εἶπε, Δαιμόνιον ἔχεις· τίς σε ζητεῖ ἀποκτεῖναι;
21 Yesu buaa wɔn se, “Anwonwade baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi.
Ἀπεκρίθη ὁ Ἰησοῦς καὶ εἶπεν αὐτοῖς, Ἓν ἔργον ἐποίησα, καὶ πάντες θαυμάζετε.
22 Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nenanom) nanso, mutwa twetia homeda.
Διὰ τοῦτο Μωσῆς δέδωκεν ὑμῖν τὴν περιτομήν — οὐχ ὅτι ἐκ τοῦ Μωσέως ἐστίν, ἀλλ᾿ ἐκ τῶν πατέρων — καὶ ἐν σαββάτῳ περιτέμνετε ἄνθρωπον.
23 Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me?
Εἰ περιτομὴν λαμβάνει ἄνθρωπος ἐν σαββάτῳ, ἵνα μὴ λυθῇ ὁ νόμος Μωσέως, ἐμοὶ χολᾶτε ὅτι ὅλον ἄνθρωπον ὑγιῆ ἐποίησα ἐν σαββάτῳ;
24 Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.”
Μὴ κρίνετε κατ᾿ ὄψιν, ἀλλὰ τὴν δικαίαν κρίσιν κρίνατε.
25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana?
Ἔλεγον οὖν τινες ἐκ τῶν Ἱεροσολυμιτῶν, Οὐχ οὗτός ἐστιν ὃν ζητοῦσιν ἀποκτεῖναι;
26 Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no?
Καὶ ἴδε παρρησίᾳ λαλεῖ, καὶ οὐδὲν αὐτῷ λέγουσι. Μήποτε ἀληθῶς ἔγνωσαν οἱ ἄρχοντες ὅτι οὗτός ἐστιν ἀληθῶς ὁ Χριστός;
27 Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.”
Ἀλλὰ τοῦτον οἴδαμεν πόθεν ἐστίν· ὁ δὲ Χριστὸς ὅταν ἔρχηται, οὐδεὶς γινώσκει πόθεν ἐστίν.
28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, “Ɛwɔ mu sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, nanso munnim no;
Ἔκραξεν οὖν ἐν τῷ ἱερῷ διδάσκων ὁ Ἰησοῦς καὶ λέγων, Κἀμὲ οἴδατε, καὶ οἴδατε πόθεν εἰμί· καὶ ἀπ᾿ ἐμαυτοῦ οὐκ ἐλήλυθα, ἀλλ᾿ ἔστιν ἀληθινὸς ὁ πέμψας με, ὃν ὑμεῖς οὐκ οἴδατε.
29 na me de, minim no, efisɛ mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.”
Ἐγὼ δὲ οἶδα αὐτόν, ὅτι παρ᾿ αὐτοῦ εἰμι, κἀκεῖνός με ἀπέστειλεν.
30 Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ.
Ἐζήτουν οὖν αὐτὸν πιάσαι. Καὶ οὐδεὶς ἐπέβαλεν ἐπ᾿ αὐτὸν τὴν χεῖρα, ὅτι οὔπω ἐληλύθει ἡ ὥρα αὐτοῦ.
31 Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?”
Πολλοὶ δὲ ἐκ τοῦ ὄχλου ἐπίστευσαν εἰς αὐτόν, καὶ ἔλεγον ὅτι Ὁ Χριστὸς ὅταν ἔλθῃ, μήτι πλείονα σημεῖα τούτων ποιήσει ὧν οὗτος ἐποίησεν;
32 Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra.
Ἤκουσαν οἱ Φαρισαῖοι τοῦ ὄχλου γογγύζοντος περὶ αὐτοῦ ταῦτα· καὶ ἀπέστειλαν οἱ Φαρισαῖοι καὶ οἱ ἀρχιερεῖς ὑπηρέτας ἵνα πιάσωσιν αὐτόν.
33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.
Εἶπεν οὖν αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς, Ἔτι μικρὸν χρόνον μεθ᾿ ὑμῶν εἰμι, καὶ ὑπάγω πρὸς τὸν πέμψαντά με.
34 Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”
Ζητήσετέ με, καὶ οὐχ εὑρήσετε· καὶ ὅπου εἰμὶ ἐγώ, ὑμεῖς οὐ δύνασθε ἐλθεῖν.
35 Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn?
Εἶπον οὖν οἱ Ἰουδαῖοι πρὸς ἑαυτούς, Ποῦ οὗτος μέλλει πορεύεσθαι ὅτι ἡμεῖς οὐχ εὑρήσομεν αὐτόν; Μὴ εἰς τὴν διασπορὰν τῶν Ἑλλήνων μέλλει πορεύεσθαι, καὶ διδάσκειν τοὺς Ἕλληνας;
36 Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?”
Τίς ἐστιν οὗτος ὁ λόγος ὃν εἶπε, Ζητήσετέ με, καὶ οὐχ εὑρήσετε· καὶ ὅπου εἰμὶ ἐγώ, ὑμεῖς οὐ δύνασθε ἐλθεῖν;
37 Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu.
Ἐν δὲ τῇ ἐσχάτῃ ἡμέρᾳ τῇ μεγάλῃ τῆς ἑορτῆς εἱστήκει ὁ Ἰησοῦς καὶ ἔκραξε, λέγων, Ἐάν τις διψᾷ, ἐρχέσθω πρός με καὶ πινέτω.
38 Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’”
Ὁ πιστεύων εἰς ἐμέ, καθὼς εἶπεν ἡ γραφή, ποταμοὶ ἐκ τῆς κοιλίας αὐτοῦ ῥεύσουσιν ὕδατος ζῶντος.
39 Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no na onya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn ɛ, efisɛ na wonnya mmaa no so nkɔɔ ɔsoro nhyɛɛ no anuonyam ɛ.
Τοῦτο δὲ εἶπε περὶ τοῦ πνεύματος οὗ ἔμελλον λαμβάνειν οἱ πιστεύοντες εἰς αὐτόν· οὔπω γὰρ ἦν πνεῦμα ἅγιον, ὅτι ὁ Ἰησοῦς οὐδέπω ἐδοξάσθη.
40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!”
Πολλοὶ οὖν ἐκ τοῦ ὄχλου ἀκούσαντες τὸν λόγον ἔλεγον, Οὗτός ἐστιν ἀληθῶς ὁ προφήτης.
41 Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no befi Galilea?
Ἄλλοι ἔλεγον, Οὗτός ἐστιν ὁ Χριστός. Ἄλλοι δὲ ἔλεγον, Μὴ γὰρ ἐκ τῆς Γαλιλαίας ὁ Χριστὸς ἔρχεται;
42 Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?”
Οὐχὶ ἡ γραφὴ εἶπεν ὅτι ἐκ τοῦ σπέρματος Δαβίδ, καὶ ἀπὸ Βηθλεέμ, τῆς κώμης ὅπου ἦν Δαβίδ, ὁ Χριστὸς ἔρχεται;
43 Yesu nti nnipa no mu kyekyɛe.
Σχίσμα οὖν ἐν τῷ ὄχλῳ ἐγένετο δι᾿ αὐτόν.
44 Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no nanso obiara amfa ne nsa anka no.
Τινὲς δὲ ἤθελον ἐξ αὐτῶν πιάσαι αὐτόν, ἀλλ᾿ οὐδεὶς ἐπέβαλεν ἐπ᾿ αὐτὸν τὰς χεῖρας.
45 Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?”
Ἦλθον οὖν οἱ ὑπηρέται πρὸς τοὺς ἀρχιερεῖς καὶ Φαρισαίους· καὶ εἶπον αὐτοῖς ἐκεῖνοι, Διὰ τί οὐκ ἠγάγετε αὐτόν;
46 Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.”
Ἀπεκρίθησαν οἱ ὑπηρέται, Οὐδέποτε οὕτως ἐλάλησεν ἄνθρωπος, ὡς οὗτος ὁ ἄνθρωπος.
47 Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana?
Ἀπεκρίθησαν οὖν αὐτοῖς οἱ Φαρισαῖοι, Μὴ καὶ ὑμεῖς πεπλάνησθε;
48 Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana?
Μή τις ἐκ τῶν ἀρχόντων ἐπίστευσεν εἰς αὐτόν, ἢ ἐκ τῶν Φαρισαίων;
49 Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.”
Ἀλλ᾿ ὁ ὄχλος οὗτος ὁ μὴ γινώσκων τὸν νόμον ἐπικατάρατοί εἰσι.
50 Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi.
Λέγει Νικόδημος πρὸς αὐτούς — ὁ ἐλθὼν νυκτὸς πρὸς αὐτόν, εἷς ὢν ἐξ αὐτῶν —
51 Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?”
Μὴ ὁ νόμος ἡμῶν κρίνει τὸν ἄνθρωπον, ἐὰν μὴ ἀκούσῃ παρ᾿ αὐτοῦ πρότερον καὶ γνῷ τί ποιεῖ;
52 Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.”
Ἀπεκρίθησαν καὶ εἶπον αὐτῷ, Μὴ καὶ σὺ ἐκ τῆς Γαλιλαίας εἶ; Ἐρεύνησον καὶ ἴδε ὅτι προφήτης ἐκ τῆς Γαλιλαίας οὐκ ἐγήγερται.
53 Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.
Καὶ ἐπορεύθη ἕκαστος εἰς τὸν οἶκον αὐτοῦ·

< Yohane 7 >