< Yohane 6 >
1 Eyi akyi no, Yesu kɔɔ tɔnn kotwaa Galilea Po, a ɛyɛ Tiberia Po no.
После сего пошел Иисус на ту сторону моря Галилейского, в окрестности Тивериады.
2 Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi.
За Ним последовало множество народа, потому что видели чудеса, которые Он творил над больными.
3 Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra.
Иисус взошел на гору и там сидел с учениками Своими.
4 Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn.
Приближалась же Пасха, праздник Иудейский.
5 Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?”
Иисус, возведя очи и увидев, что множество народа идет к Нему, говорит Филиппу: где нам купить хлебов, чтобы их накормить?
6 Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.
Говорил же это, испытывая его; ибо Сам знал, что хотел сделать.
7 Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram awotwe akatua.”
Филипп отвечал Ему: им на двести динариев не довольно будет хлеба, чтобы каждому из них досталось хотя понемногу.
8 Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se,
Один из учеников Его, Андрей, брат Симона Петра, говорит Ему:
9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”
здесь есть у одного мальчика пять хлебов ячменных и две рыбки; но что это для такого множества?
10 Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum.
Иисус сказал: велите им возлечь. Было же на том месте много травы. Итак возлегло людей числом около пяти тысяч.
11 Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.
Иисус, взяв хлебы и воздав благодарение, раздал ученикам, а ученики возлежавшим, также и рыбы, сколько кто хотел.
12 Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.”
И когда насытились, то сказал ученикам Своим: соберите оставшиеся куски, чтобы ничего не пропало.
13 Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
И собрали, и наполнили двенадцать коробов кусками от пяти ячменных хлебов, оставшимися у тех, которые ели.
14 Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.”
Тогда люди, видевшие чудо, сотворенное Иисусом, сказали: это истинно Тот Пророк, Которому должно придти в мир.
15 Yesu huu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.
Иисус же, узнав, что хотят придти, нечаянно взять его и сделать царем, опять удалился на гору один.
16 Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano.
Когда же настал вечер, то ученики Его сошли к мор
17 Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu se wɔrekɔ Kapernaum.
и, войдя в лодку, отправились на ту сторону моря, в Капернаум. Становилось темно, а Иисус не приходил к ним.
18 Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no ani afono.
Дул сильный ветер, и море волновалось.
19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ,
Проплыв около двадцати пяти или тридцати стадий, они увидели Иисуса, идущего по морю и приближающегося к лодке, и испугались.
20 Yesu kae se, “Ɛyɛ me, Munnsuro!”
Но Он сказал им: это Я; не бойтесь.
21 Asuafo no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum.
Они хотели принять Его в лодку; и тотчас лодка пристала к берегу, куда плыли.
22 Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no huu sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho.
На другой день народ, стоявший по ту сторону моря, видел, что там, кроме одной лодки, в которую вошли ученики Его, иной не было, и что Иисус не входил в лодку с учениками Своими, а отплыли одни ученики Его.
23 Ankyɛ koraa na akorow afoforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no.
Между тем пришли из Тивериады другие лодки близко к тому месту, где ели хлеб по благословении Господнем.
24 Bere a nnipa no huu sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
Итак, когда народ увидел, что тут нет Иисуса, ни учеников Его, то вошли в лодки и приплыли в Капернаум, ища Иисуса.
25 Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?”
И, найдя Его на той стороне моря, сказали Ему: Равви! когда Ты сюда пришел?
26 Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ sɛ muhuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti.
Иисус сказал им в ответ: истинно, истинно говорю вам: вы ищете Меня не потому, что видели чудеса, но потому, что ели хлеб и насытились.
27 Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.” (aiōnios )
Старайтесь не о пище тленной, но о пище, пребывающей в жизнь вечную, которую даст вам Сын Человеческий, ибо на Нем положил печать Свою Отец, Бог. (aiōnios )
28 Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
Итак сказали Ему: что нам делать, чтобы творить дела Божии?
29 Yesu buaa wɔn se, “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni.”
Иисус сказал им в ответ: вот дело Божие, чтобы вы веровали в Того, Кого Он послал.
30 Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi?
На это сказали Ему: какое же Ты дашь знамение, чтобы мы увидели и поверили Тебе? что Ты делаешь?
31 Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛno de ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse sɛ, Mose maa yɛn nenanom ɔsoro aduan dii wɔ sare no so.”
Отцы наши ели манну в пустыне, как написано: хлеб с неба дал им есть.
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi ɔsoro no dii wɔ sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼAgya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi ɔsoro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa.
Иисус же сказал им: истинно, истинно говорю вам: не Моисей дал вам хлеб с неба, а Отец Мой дает вам истинный хлеб с небес.
33 Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”
Ибо хлеб Божий есть тот, который сходит с небес и дает жизнь миру.
34 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.”
На это сказали Ему: Господи! подавай нам всегда такой хлеб.
35 Yesu kae se, “Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.
Иисус же сказал им: Я есмь хлеб жизни; приходящий ко Мне не будет алкать, и верующий в Меня не будет жаждать никогда.
36 Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma, nanso munnye me nni.
Но Я сказал вам, что вы и видели Меня, и не веруете.
37 Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
Все, что дает Мне Отец, ко Мне придет; и приходящего ко Мне не изгоню вон,
38 Na mifi ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ mʼapɛde.
ибо Я сошел с небес не для того, чтобы творить волю Мою, но волю пославшего Меня Отца.
39 Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo.
Воля же пославшего Меня Отца есть та, чтобы из того, что Он Мне дал, ничего не погубить, но все то воскресить в последний день.
40 MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo.” (aiōnios )
Воля Пославшего Меня есть та, чтобы всякий, видящий Сына и верующий в Него, имел жизнь вечную; и Я воскрешу его в последний день. (aiōnios )
41 Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, “Mene aduan a efi ɔsoro” no, wonwiinwii.
Возроптали на Него Иудеи за то, что Он сказал: Я есмь хлеб, сшедший с небес.
42 Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi ɔsoro na ɔbae?”
И говорили: не Иисус ли это, сын Иосифов, Которого отца и Мать мы знаем? Как же говорит Он: я сшел с небес?
43 Yesu buaa wɔn se, “Munnyae anwiinwii no.
Иисус сказал им в ответ: не ропщите между собою.
44 Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.
Никто не может придти ко Мне, если не привлечет его Отец, пославший Меня; и Я воскрешу его в последний день.
45 Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.
У пророков написано: “и будут все научены Богом”. Всякий, слышавший от Отца и научившийся, приходит ко Мне.
46 Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn, gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no.
Это не то, чтобы кто видел Отца, кроме Того, Кто есть от Бога; Он видел Отца.
47 Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei. (aiōnios )
Истинно, истинно говорю вам: верующий в Меня имеет жизнь вечную. (aiōnios )
48 Mene brodo a ɛma nkwa no.
Я есмь хлеб жизни.
49 Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui,
Отцы ваши ели манну в пустыне и умерли;
50 nanso brodo a efi ɔsoro ba no yɛ brodo a obi di a ɔrenwu da.
хлеб же, сходящий с небес, таков, что ядущий его не умрет.
51 Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.” (aiōn )
Я хлеб живый, сшедший с небес; ядущий хлеб сей будет жить вовек; хлеб же, который Я дам, есть Плоть Моя, которую Я отдам за жизнь мира. (aiōn )
52 Asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo no bo fuwii, ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?”
Тогда Иудеи стали спорить между собою, говоря: как Он может дать нам есть Плоть Свою?
53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei.
Иисус же сказал им: истинно, истинно говорю вам: если не будете есть Плоти Сына Человеческого и пить Крови Его, то не будете иметь в себе жизни.
54 Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no menyan no ama no nkwa foforo. (aiōnios )
Ядущий Мою Плоть и пиющий Мою Кровь имеет жизнь вечную, и Я воскрешу его в последний день. (aiōnios )
55 Me honam ne aduan pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.
Ибо Плоть Моя истинно есть пища, и Кровь Моя истинно есть питие.
56 Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no te me mu, na me nso mete ne mu.
Ядущий Мою Плоть и пиющий Мою Кровь пребывает во Мне, и Я в нем.
57 Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti ɔbɛtena ase.
Как послал Меня живый Отец, и Я живу Отцем, так и ядущий Меня жить будет Мною.
58 Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.” (aiōn )
Сей-то есть хлеб, сшедший с небес. Не так, как отцы ваши ели манну и умерли: ядущий хлеб сей жить будет вовек. (aiōn )
59 Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
Сие говорил Он в синагоге, уча в Капернауме.
60 Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyerɛ yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?”
Многие из учеников Его, слыша то, говорили: какие странные слова! кто может это слушать?
61 Yesu huu sɛ nʼakyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, “Asɛm a mekae yi to mo hintidua ana?
Но Иисус, зная Сам в Себе, что ученики Его ропщут на то, сказал им: это ли соблазняет вас?
62 Ɛno de ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ ɔsoro, faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ?
Что ж, если увидите Сына Человеческого, восходящего туда, где был прежде?
63 Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,
Дух животворит; плоть не пользует нимало. Слова, которые говорю Я вам, суть дух и жизнь.
64 nanso mo mu bi nnye nni.” Efi mfiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho no.
Но есть из вас некоторые неверующие. Ибо Иисус от начала знал, кто суть неверующие и кто предаст Его.
65 Ɔkɔɔ so kae se, “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.
И сказал: для того-то и говорил Я вам, что никто не может придти ко Мне, если то не дано будет ему от Отца Моего.
66 Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
С этого времени многие из учеников Его отошли от Него и уже не ходили с Ним.
67 Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, “Mo nso mubegyae mʼakyidi ana?”
Тогда Иисус сказал двенадцати: не хотите ли и вы отойти?
68 Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. (aiōnios )
Симон Петр отвечал Ему: Господи! к кому нам идти? Ты имеешь глаголы вечной жизни: (aiōnios )
69 Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
и мы уверовали и познали, что Ты Христос, Сын Бога живаго.
70 Yesu kɔɔ so kae sɛ, “Me ara na miyii mo dumien yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”
Иисус отвечал им: не двенадцать ли вас избрал Я? но один из вас диавол.
71 Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho.
Это говорил Он об Иуде Симонове Искариоте, ибо сей хотел предать Его, будучи один из двенадцати.