< Yohane 5 >

1 Eyi akyi no Yudafo afahyɛ bi nti Yesu san kɔɔ Yerusalem.
Some time later there was a feast of the Jews, and Jesus went up to Jerusalem.
2 Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia.
Now there is in Jerusalem near the Sheep Gate a pool with five covered colonnades, which in Hebrew is called Bethesda.
3 Saa pata yi ase na na ayarefo pii sɛ, anifuraefo, mpakye ne mmubuafo wɔ retwɛn sɛ Awurade bɔfo fi ɔsoro bɛba abɛfono nsu no.
On these walkways lay a great number of the sick, the blind, the lame, and the paralyzed.
4 Nea ɛte ne sɛ, sɛ ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa.
5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe.
One man there had been an invalid for thirty-eight years.
6 Yesu huu sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, obisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo ana?”
When Jesus saw him lying there and realized that he had spent a long time in this condition, He asked him, “Do you want to get well?”
7 Ɔyarefo no buaa no se, “Me wura, sɛ ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ mu no, obi di me kan.”
“Sir,” the invalid replied, “I have no one to help me into the pool when the water is stirred. While I am on my way, someone else goes in before me.”
8 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na kɔ fie.”
Then Jesus told him, “Get up, pick up your mat, and walk.”
9 Amono mu hɔ ara, ɔbarima no nyaa ahoɔden bobɔw ne kɛtɛ, fii ase nantewee. Na saa da no yɛ homeda.
Immediately the man was made well, and he picked up his mat and began to walk. Now this happened on the Sabbath day,
10 Yudafo mpanyin huu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuw yiye. Wobisaa no se, “Wunnim sɛ nnɛ yɛ homeda na etia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ ana?”
so the Jews said to the man who had been healed, “This is the Sabbath! It is unlawful for you to carry your mat.”
11 Ɔbarima yi de ahopopo yii ne ho ano se, “Onipa a ɔsaa me yare no na ɔka kyerɛɛ me se mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”
But he answered, “The man who made me well told me, ‘Pick up your mat and walk.’”
12 Wɔtee saa no wobisaa no se, “Hena ne saa onipa no?”
“Who is this man who told you to pick it up and walk?” they asked.
13 Nanso na nea wɔsaa no yare no nnim Yesu. Afei nso na Yesu afa nnipa no mu kɔ.
But the man who was healed did not know who it was, for Jesus had slipped away while the crowd was there.
14 Akyiri no, Yesu hyiaa ɔbarima no wɔ asɔredan mu tuu no fo se, “Afei a wo ho atɔ wo yi, hwɛ yiye na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsen kan yare no amma wo so.”
Afterward, Jesus found the man at the temple and said to him, “See, you have been made well. Stop sinning, or something worse may happen to you.”
15 Ɔbarima yi fii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no se ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yare no.
And the man went away and told the Jews that it was Jesus who had made him well.
16 Yudafo mpanyin yi fii ase tan Yesu ani, efisɛ wabu wɔn homeda mmara no so.
Now because Jesus was doing these things on the Sabbath, the Jews began to persecute Him.
17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mʼagya yɛ adwuma bere biara enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma bere biara.”
But Jesus answered them, “To this very day My Father is at His work, and I too am working.”
18 Saa asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo mpanyin no bo fuwii, na wɔyɛɛ wɔn adwene se wobekum no, efisɛ na ɛnyɛ homeda mmara no nko na obu so na na ɔsan frɛ ne ho se Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.
Because of this, the Jews tried all the harder to kill Him. Not only was He breaking the Sabbath, but He was even calling God His own Father, making Himself equal with God.
19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔba no ntumi mfi ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom ɔyɛ nea ohu sɛ nʼAgya yɛ no bi.
So Jesus replied, “Truly, truly, I tell you, the Son can do nothing by Himself, unless He sees the Father doing it. For whatever the Father does, the Son also does.
20 Efisɛ Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no ɔma Ɔba no hu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiriw mo.
The Father loves the Son and shows Him all He does. And to your amazement, He will show Him even greater works than these.
21 Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ sɛ onyan wɔn no.
For just as the Father raises the dead and gives them life, so also the Son gives life to whom He wishes.
22 Afei koraa mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa
Furthermore, the Father judges no one, but has assigned all judgment to the Son,
23 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedi Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.
so that all may honor the Son just as they honor the Father. Whoever does not honor the Son does not honor the Father who sent Him.
24 “Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ wafi owu mu aba nkwa mu. (aiōnios g166)
Truly, truly, I tell you, whoever hears My word and believes Him who sent Me has eternal life and will not come under judgment. Indeed, he has crossed over from death to life. (aiōnios g166)
25 Mereka nokware bio sɛ, bere bi reba, na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa.
Truly, truly, I tell you, the hour is coming and has now come when the dead will hear the voice of the Son of God, and those who hear will live.
26 Sɛnea Agya no yɛ nkwamafo no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafo.
For as the Father has life in Himself, so also He has granted the Son to have life in Himself.
27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, efisɛ ɔno ne Onipa Ba no.
And He has given Him authority to execute judgment, because He is the Son of Man.
28 “Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere bi reba a awufo a wɔwɔ wɔn nna mu mpo bɛte me nne,
Do not be amazed at this, for the hour is coming when all who are in their graves will hear His voice
29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no benyan atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ.
and come out—those who have done good to the resurrection of life, and those who have done evil to the resurrection of judgment.
30 Merentumi mfi mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na migyina bu atɛn. Ɛno nti atɛn a mibu no yɛ nokware.
I can do nothing by Myself; I judge only as I hear. And My judgment is just, because I do not seek My own will, but the will of Him who sent Me.
31 “Sɛ me ara midi me ho adanse a, mʼadansedi no nni mu.
If I testify about Myself, My testimony is not valid.
32 Na obi wɔ hɔ a odi me ho adanse a minim sɛ nʼadanse a odi fa me ho no yɛ nokware.
There is another who testifies about Me, and I know that His testimony about Me is valid.
33 “Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanse a ɛyɛ nokware.
You have sent to John, and he has testified to the truth.
34 Nnipa adansedi ho nhia me ansa na moahu onipa ko a meyɛ. Na mmom meka Yohane adanse a odii no kyerɛ mo sɛ nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn begye mo nkwa.
Even though I do not accept human testimony, I say these things so that you may be saved.
35 Yohane nsɛm a ɔkae yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyei.
John was a lamp that burned and gave light, and you were willing for a season to bask in his light.
36 “Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanse sen Yohane.
But I have testimony more substantial than that of John. For the works that the Father has given Me to accomplish—the very works I am doing—testify about Me that the Father has sent Me.
37 Ɛwɔ mu sɛ munhuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanse.
And the Father who sent Me has Himself testified about Me. You have never heard His voice nor seen His form,
38 Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, efisɛ munnnye me a ɔsomaa me no nni.
nor does His word abide in you, because you do not believe the One He sent.
39 Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di sɛ ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse! (aiōnios g166)
You pore over the Scriptures because you presume that by them you possess eternal life. These are the very words that testify about Me, (aiōnios g166)
40 Eyi nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!
yet you refuse to come to Me to have life.
41 “Menhwehwɛ nnipa anim anuonyam.
I do not accept glory from men,
42 Minim nnipa ko a moyɛ. Minim sɛ munni Onyankopɔn ho dɔ.
but I know you, that you do not have the love of God within you.
43 Mebaa wɔ mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ a, ɛno de, mugye no.
I have come in My Father’s name, and you have not received Me; but if someone else comes in his own name, you will receive him.
44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sen sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?
How can you believe if you accept glory from one another, yet do not seek the glory that comes from the only God?
45 “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo wɔ Agya no anim, na mmom ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so se ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu no.
Do not think that I will accuse you before the Father. Your accuser is Moses, in whom you have put your hope.
46 Sɛ mugyee Mose dii a anka me nso mubegye me adi, efisɛ nsɛm a ɔkyerɛw no di me ho adanse.
If you had believed Moses, you would believe Me, because he wrote about Me.
47 Na esiane sɛ moannye nsɛm a ɔkyerɛw no anni no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ munnye me nni.”
But since you do not believe what he wrote, how will you believe what I say?”

< Yohane 5 >