< Yohane 4 >

1 Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn,
Accordingly when the Lord knew that the Pharisees had heard it said, "Jesus is making and baptizing more disciples than John,"
2 a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu.
(though Jesus himself was not accustomed to baptize, but his disciples),
3 Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea.
he left Judea and returned to Galilee.
4 Ɔrekɔ no na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.
Now he had to pass through Samaria;
5 Ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, na Yesu abɛn Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.
so he came to a city of Samaria called Sychar, near the piece of ground that Jacob gave to his son Joseph.
6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien.
Jacob’s Spring was there. So Jesus, tired out with his journey, was sitting thus by the spring.
7 Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsu no bi nnom.”
It was about noon, and a woman of Samaria came to draw water.
8 Saa bere no na Yesu asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.
Jesus said to her, "Give me a drink" (for his disciples were gone away into the city to buy food.)
9 Samarianibea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.
"How is it," answered the Samaritan woman, "that you who are a Jew ask a drink from me, a woman, and a Samaritan?" (For Jews have no dealings with Samaritans.)
10 Yesu buaa no se, “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”
"If you had known the free gift of God," Jesus answered, "and who it is that says to you, ‘Give me a drink,’ you would have asked of him, and he would have given you living water."
11 Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi?
"Sir," said the woman, "you have nothing to draw with, and the well is deep; whence have you that living water?
12 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?”
Surely you are not greater than our Father Jacob, who gave us the well, and used to drink from it himself, and his sons, and his cattle, too?"
13 Yesu buaa no se, “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm de no bio,
"All who drink of this water," Jesus answered, "will thirst again;
14 nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.” (aiōn g165, aiōnios g166)
but whoever once drinks of the water that I will give him, shall never thirst any more, but the water that I will give him shall become a living spring of water within him, welling up into eternal life." (aiōn g165, aiōnios g166)
15 Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”
"Sir!" exclaimed the woman, "give me this water, so that I may not be thirsty, nor come all this way to draw water."
16 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
Jesus said to her, "Go, call your husband, and then come here."
17 Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.” Yesu nso kae se, “Asɛm a woaka no yɛ nokware, sɛ wunni kunu no.
"I have no husband," answered the woman. "You are right in saying ‘I have no husband,’"Jesus said to her,
18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”
"for you have had five husbands, and the man you now have is not your husband; in this you have spoken truly."
19 Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo.
"I see, Sir, that you are a prophet," replied the woman.
20 Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so, nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”
"Our forefathers worshiped in this mountain, yet you Jews say that in Jerusalem is the place where one must worship."
21 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.”
"Woman, believe me," said Jesus, "that the hour is coming when neither in this mountain nor in Jerusalem will you worship the Father.
22 Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ Yudafo so na nkwagye nam ba.
You are worshiping something you do not know. we know what we worship, for salvation comes from the Jews.
23 Nna bi reba, na mpo aba dedaw, sɛ nokware asomfo bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokware mu. Eyinom ne asomfo a Agya no hwehwɛ.
But an hour is coming, and is now here, when the true worshipers will worship the Father in spirit and in truth. For the Father is seeking such as his worshipers.
24 Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no wɔ Honhom ne nokware mu.
God is spirit, and those who worship him must worship him in spirit and in truth."
25 Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Agyenkwa no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
"I know," said the woman, "that Messiah is coming, who is called the Christ; when he has come he will tell us everything."
26 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
Jesus said to her, "I who am now talking to you, am he."
27 Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no.
Just then his disciples came up, and were astonished that he was talking with a woman; yet not one of them asked him, "What do you want?" or "Why are you talking with her?"
28 Afei ɔbea yi gyaw nʼasuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se,
Then the woman left her water-jar, and went away into the city and began saying to the people.
29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoa mu nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa ɔno ne Agyenkwa no?”
"Come! see a man who has told me everything that I ever did. He can’t be the Christ, can he?"
30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
They left the city and set out to go to him.
31 Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.”
Meanwhile the disciples kept urging him.
32 Yesu buaa wɔn se, “Mewɔ aduan a midi a munnim ho hwee.”
"Rabbi," they said, "eat something." But he answered, "I have food to eat of which you know nothing."
33 Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi ana?”
So the disciples began to say to one another, "Can any one have brought him something to eat?"
34 Yesu buae se, “Mʼaduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no.
Jesus said to them. "My food is to do the will of Him who sent me, and to accomplish his work.
35 Moka se, ‘Asram anan mu, otwabere bedu.’ Mummue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na muhu sɛ aburow awo a ɛkyerɛ sɛ, otwabere adu!
Do you not say, ‘It wants yet four months, and then comes the harvest’? Look, I tell you! Lift up your eyes and behold the fields, that they are already white for harvest.
36 Otwafo nya nʼakatua a ɛsɛ no, na ɔboaboa nea watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Eyi ma nea odua ne nea otwa no nyinaa ani gye. (aiōnios g166)
The reaper is already receiving wages and gathering a crop for eternal life, so that the sower and the reaper may rejoice together. (aiōnios g166)
37 Ɛyɛ nokware pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’
For in this respect the saying is true, ‘One sows, another reaps.’
38 Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ munkotwa nea monyɛe ho adwuma ɛ. Nnipa afoforo na wɔayɛ adwumaden, na mo de, moanya mfaso afi adwuma a wɔayɛ no mu.”
I sent you to reap a crop on which you have not toiled. Others have toiled, and you have reaped the benefit of their toil."
39 Esiane adanse a Samarianibea no di faa Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no.
Many of the Samaritans of that city believed on him because of the word of the woman when she declared, "He told me everything that I ever did."
40 Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn.
So when the Samaritans arrived, they began asking him to remain with them; and he stayed there two days.
41 Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii.
Then many more believed because of what he said, himself; and they told the woman.
42 Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”
"We no longer believe because of what you said. for we ourselves have heard him, and we know that this is certainly the Saviour of the world."
43 Nnaanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea.
After these two days Jesus went away from there into Galilee.
44 Ɛwɔ mu sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso
For Jesus himself testified that a prophet has no honor in his own country.
45 esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no wogyee no.
When he reached Galilee, however, the Galileans welcomed him, for they had seen all that he did in Jerusalem at the feast; for they, too, had been at the feast.
46 Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no
So he came back again to Cana of Galilee, where he made the water wine. Now there was one of the king’s officers whose son was lying ill at Capernaum.
47 tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.
When he heard that Jesus had come from Judea into Galilee, he went to him, and begged him to come down and heal his son who was lying at the point of death.
48 Yesu kae se, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?”
Then Jesus said to him, "Unless you all see signs and wonders, you will not believe."
49 Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu.”
"Sir," said the king’s officer, "come down before my little boy dies."
50 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu sɛ ɔrekɔ fie.
Jesus answered. "Go your way. Your son lives." And the man believed the word which Jesus spoke to him, and started to go home.
51 Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no.
And when he was already on his way down, his slaves met him, saying that his boy was living.
52 Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, “Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?” Asomfo no buaa no se, “Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee.”
So he asked them at what hour he had begun mend. They answered, "Yesterday, about one o’clock, the fever left him."
53 Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho atɔ no” no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.
Then the father realized that it had left him at the very hour when Jesus had said to him, "Your son lives," and he himself believed, and his whole household.
54 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.
This is the second sign which Jesus performed, on returning from Judea to Galilee.

< Yohane 4 >