< Yohane 20 >
1 Kwasida anɔpahema na Maria Magdalene sɔre kɔɔ ɔda no so kohuu sɛ obi apirew ɔbo no afi ɔboda no ano.
อนนฺตรํ สปฺตาหสฺย ปฺรถมทิเน 'ติปฺรตฺยูเษ 'นฺธกาเร ติษฺฐติ มคฺทลีนี มริยมฺ ตสฺย ศฺมศานสฺย นิกฏํ คตฺวา ศฺมศานสฺย มุขาตฺ ปฺรสฺตรมปสาริตมฺ อปศฺยตฺฯ
2 Ohuu saa no ɔde ahoɔhare kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afi ɔda no mu na minnim faako a wɔde no akɔto!”
ปศฺจาทฺ ธาวิตฺวา ศิโมนฺปิตราย ยีโศ: ปฺริยตมศิษฺยาย เจทมฺ อกถยตฺ, โลกา: ศฺมศานาตฺ ปฺรภุํ นีตฺวา กุตฺราสฺถาปยนฺ ตทฺ วกฺตุํ น ศกฺโนมิฯ
3 Petro ne saa osuani yi tee asɛm no, wotuu mmirika kɔɔ ɔda no so.
อต: ปิตร: โสนฺยศิษฺยศฺจ พรฺหิ รฺภุตฺวา ศฺมศานสฺถานํ คนฺตุมฺ อารเภตำฯ
4 Nanso saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho koduu hɔ kan.
อุภโยรฺธาวโต: โสนฺยศิษฺย: ปิตรํ ปศฺจาตฺ ตฺยกฺตฺวา ปูรฺวฺวํ ศฺมศานสฺถาน อุปสฺถิตวานฺฯ
5 Oduu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ.
ตทา ปฺรหฺวีภูย สฺถาปิตวสฺตฺราณิ ทฺฤษฺฏวานฺ กินฺตุ น ปฺราวิศตฺฯ
6 Simon Petro de, obeduu hɔ no, owuraa ɔboda no mu. Ohuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ egu hɔ,
อปรํ ศิโมนฺปิตร อาคตฺย ศฺมศานสฺถานํ ปฺรวิศฺย
7 a dukuu a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi.
สฺถาปิตวสฺตฺราณิ มสฺตกสฺย วสฺตฺรญฺจ ปฺฤถกฺ สฺถานานฺตเร สฺถาปิตํ ทฺฤษฺฏวานฺฯ
8 Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii.
ตต: ศฺมศานสฺถานํ ปูรฺวฺวมฺ อาคโต โยนฺยศิษฺย: โสปิ ปฺรวิศฺย ตาทฺฤศํ ทฺฤษฺฏา วฺยศฺวสีตฺฯ
9 Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase.
ยต: ศฺมศานาตฺ ส อุตฺถาปยิตวฺย เอตสฺย ธรฺมฺมปุสฺตกวจนสฺย ภาวํ เต ตทา โวทฺธุํ นาศนฺกุวนฺฯ
10 Afei asuafo no fii hɔ kɔɔ fie.
อนนฺตรํ เตา เทฺวา ศิเษฺยา สฺวํ สฺวํ คฺฤหํ ปราวฺฤตฺยาคจฺฉตามฺฯ
11 Nanso Maria de, na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ogu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu,
ตต: ปรํ มริยมฺ ศฺมศานทฺวารสฺย พหิ: สฺถิตฺวา โรทิตุมฺ อารภต ตโต รุทตี ปฺรหฺวีภูย ศฺมศานํ วิโลกฺย
12 na ohuu ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafo wɔ faako a na Yesu amu no da no.
ยีโศ: ศยนสฺถานสฺย ศิร: สฺถาเน ปทตเล จ ทฺวโย รฺทิโศ เทฺวา สฺวรฺคียทูตาวุปวิษฺเฏา สมปศฺยตฺฯ
13 Wobisaa no se, “Ɔbea, adɛn na woresu sɛɛ yi?” Maria de awerɛhow buae se, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na minnim faako a wɔde no akɔto.”
เตา ปฺฤษฺฏวนฺเตา เห นาริ กุโต โรทิษิ? สาวทตฺ โลกา มม ปฺรภุํ นีตฺวา กุตฺราสฺถาปยนฺ อิติ น ชานามิฯ
14 Afei otwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ohuu sɛ obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na onnim sɛ ɛyɛ ɔno.
อิตฺยุกฺตฺวา มุขํ ปราวฺฤตฺย ยีศุํ ทณฺฑายมานมฺ อปศฺยตฺ กินฺตุ ส ยีศุริติ สา ชฺญาตุํ นาศกฺโนตฺฯ
15 Yesu bisaa no se, “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?” Na Maria de, osusuw sɛ ɛyɛ turo mu hɔ hwɛfo nti obisaa no se, “Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”
ตทา ยีศุสฺตามฺ อปฺฤจฺฉตฺ เห นาริ กุโต โรทิษิ? กํ วา มฺฤคยเส? ตต: สา ตมฺ อุทฺยานเสวกํ ชฺญาตฺวา วฺยาหรตฺ, เห มเหจฺฉ ตฺวํ ยทีต: สฺถานาตฺ ตํ นีตวานฺ ตรฺหิ กุตฺราสฺถาปยสฺตทฺ วท ตตฺสฺถานาตฺ ตมฺ อานยามิฯ
16 Yesu frɛɛ no se, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, “Rabuni!” (a ase ne “Kyerɛkyerɛfo”).
ตทา ยีศุสฺตามฺ อวทตฺ เห มริยมฺฯ ตต: สา ปราวฺฤตฺย ปฺรตฺยวทตฺ เห รพฺพูนี อรฺถาตฺ เห คุโรฯ
17 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn.”
ตทา ยีศุรวทตฺ มำ มา ธร, อิทานีํ ปิตุ: สมีเป อูรฺทฺธฺวคมนํ น กโรมิ กินฺตุ โย มม ยุษฺมากญฺจ ปิตา มม ยุษฺมากญฺเจศฺวรสฺตสฺย นิกฏ อูรฺทฺธฺวคมนํ กรฺตฺตุมฺ อุทฺยโตสฺมิ, อิมำ กถำ ตฺวํ คตฺวา มม ภฺราตฺฤคณํ ชฺญาปยฯ
18 Maria Magdalene fii hɔ kɔbɔɔ asuafo no amanneɛ se wahu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.
ตโต มคฺทลีนีมริยมฺ ตตฺกฺษณาทฺ คตฺวา ปฺรภุสฺตไสฺย ทรฺศนํ ทตฺตฺวา กถา เอตา อกถยทฺ อิติ วารฺตฺตำ ศิเษฺยโภฺย'กถยตฺฯ
19 Saa da no ara anwummere a na esiane Yudafo mpanyin no ho hu nti, asuafo no ato wɔn ho pon mu no, Yesu baa ɔdan no mu hɔ kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.”
ตต: ปรํ สปฺตาหสฺย ปฺรถมทินสฺย สนฺธฺยาสมเย ศิษฺยา เอกตฺร มิลิตฺวา ยิหูทีเยโภฺย ภิยา ทฺวารรุทฺธมฺ อกุรฺวฺวนฺ, เอตสฺมินฺ กาเล ยีศุเสฺตษำ มธฺยสฺถาเน ติษฺฐนฺ อกถยทฺ ยุษฺมากํ กลฺยาณํ ภูยาตฺฯ
20 Okyiaa wɔn wiei no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei yiye.
อิตฺยุกฺตฺวา นิชหสฺตํ กุกฺษิญฺจ ทรฺศิตวานฺ, ตต: ศิษฺยา: ปฺรภุํ ทฺฤษฺฏฺวา หฺฤษฺฏา อภวนฺฯ
21 Yesu san kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!” Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.”
ยีศุ: ปุนรวททฺ ยุษฺมากํ กลฺยาณํ ภูยาตฺ ปิตา ยถา มำ ไปฺรษยตฺ ตถาหมปิ ยุษฺมานฺ เปฺรษยามิฯ
22 Ɔhome guu wɔn so kae se, “Honhom Kronkron no mmra mo so.
อิตฺยุกฺตฺวา ส เตษามุปริ ทีรฺฆปฺรศฺวาสํ ทตฺตฺวา กถิตวานฺ ปวิตฺรมฺ อาตฺมานํ คฺฤหฺลีตฯ
23 Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”
ยูยํ เยษำ ปาปานิ โมจยิษฺยถ เต โมจยิษฺยนฺเต เยษาญฺจ ปาปาติ น โมจยิษฺยถ เต น โมจยิษฺยนฺเตฯ
24 Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafo no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no nni hɔ bi.
ทฺวาทศมเธฺย คณิโต ยมโช โถมานามา ศิโษฺย ยีโศราคมนกาไล ไต: สารฺทฺธํ นาสีตฺฯ
25 Bere a asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Wɔahu Awurade no!” Wannye anni ma ɔkae se, “Sɛ manhu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.”
อโต วยํ ปฺรภูมฺ อปศฺยาเมติ วาเกฺย'นฺยศิไษฺยรุกฺเต โสวทตฺ, ตสฺย หสฺตโย เรฺลาหกีลกานำ จิหฺนํ น วิโลกฺย ตจฺจิหฺนมฺ องฺคุลฺยา น สฺปฺฤษฺฏฺวา ตสฺย กุกฺเษา หสฺตํ นาโรปฺย จาหํ น วิศฺวสิษฺยามิฯ
26 Asuafo no san hyiae wɔ nnaawɔtwe akyi a na Toma ka wɔn ho. Ɛwɔ mu sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu san baa hɔ, kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!”
อปรมฺ อษฺฏเม'หฺนิ คเต สติ โถมาสหิต: ศิษฺยคณ เอกตฺร มิลิตฺวา ทฺวารํ รุทฺธฺวาภฺยนฺตร อาสีตฺ, เอตรฺหิ ยีศุเสฺตษำ มธฺยสฺถาเน ติษฺฐนฺ อกถยตฺ, ยุษฺมากํ กุศลํ ภูยาตฺฯ
27 Afei Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no se, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnye bio. Gye di!”
ปศฺจาตฺ ถาไม กถิตวานฺ ตฺวมฺ องฺคุลีมฺ อตฺรารฺปยิตฺวา มม กเรา ปศฺย กรํ ปฺรสารฺยฺย มม กุกฺษาวรฺปย นาวิศฺวสฺยฯ
28 Toma de ahonu kae se, “Wo ne mʼAwurade ne me Nyankopɔn!”
ตทา โถมา อวทตฺ, เห มม ปฺรโภ เห มทีศฺวรฯ
29 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye di.”
ยีศุรกถยตฺ, เห โถมา มำ นิรีกฺษฺย วิศฺวสิษิ เย น ทฺฤษฺฏฺวา วิศฺวสนฺติ เตอว ธนฺยา: ฯ
30 Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bebree kyerɛɛ nʼasuafo no a wɔankyerɛw wɔ saa nhoma yi mu.
เอตทนฺยานิ ปุสฺตเก'สฺมินฺ อลิขิตานิ พหูนฺยาศฺจรฺยฺยกรฺมฺมาณิ ยีศุ: ศิษฺยาณำ ปุรสฺตาทฺ อกโรตฺฯ
31 Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.
กินฺตุ ยีศุรีศฺวรสฺยาภิษิกฺต: สุต เอเวติ ยถา ยูยํ วิศฺวสิถ วิศฺวสฺย จ ตสฺย นามฺนา ปรมายุ: ปฺราปฺนุถ ตทรฺถมฺ เอตานิ สรฺวฺวาณฺยลิขฺยนฺตฯ