< Yohane 2 >

1 Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na wɔ hɔ,
Trois jours après, il y eut des noces à Cana en Galilée. La mère de Jésus était là,
2 na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba hɔ bi.
et Jésus fut aussi invité aux noces avec ses disciples.
3 Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.”
Le vin ayant manqué, la mère de Jésus lui dit: Ils n’ont plus de vin.
4 Yesu ka kyerɛɛ ne na se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ? Me bere nnya nnui.”
Jésus lui répondit: Femme, qu’y a-t-il entre moi et toi? Mon heure n’est pas encore venue.
5 Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, “Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ.”
Sa mère dit aux serviteurs: Faites ce qu’il vous dira.
6 Na abo asuhina asia sisi hɔ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho wɔ amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa.
Or, il y avait là six vases de pierre, destinés aux purifications des Juifs, et contenant chacun deux ou trois mesures.
7 Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, “Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama.” Wɔde nsu hyɛɛ no amaama.
Jésus leur dit: Remplissez d’eau ces vases. Et ils les remplirent jusqu’au bord.
8 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no.”
Puisez maintenant, leur dit-il, et portez-en à l’ordonnateur du repas. Et ils en portèrent.
9 Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no
Quand l’ordonnateur du repas eut goûté l’eau changée en vin, ne sachant d’où venait ce vin, tandis que les serviteurs, qui avaient puisé l’eau, le savaient bien, il appela l’époux,
10 ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba wɔ nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!”
et lui dit: Tout homme sert d’abord le bon vin, puis le moins bon après qu’on s’est enivré; toi, tu as gardé le bon vin jusqu’à présent.
11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ wɔ bagua mu de kyerɛɛ sɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.
Tel fut, à Cana en Galilée, le premier des miracles que fit Jésus. Il manifesta sa gloire, et ses disciples crurent en lui.
12 Ayeforohyia no akyi no, ɔne ne na ne ne nuanom ne nʼasuafo no dii nna kakra wɔ Kapernaum.
Après cela, il descendit à Capernaüm, avec sa mère, ses frères et ses disciples, et ils n’y demeurèrent que peu de jours.
13 Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu nti, Yesu kɔɔ Yerusalem.
La Pâque des Juifs était proche, et Jésus monta à Jérusalem.
14 Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohuu sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika.
Il trouva dans le temple les vendeurs de bœufs, de brebis et de pigeons, et les changeurs assis.
15 Yesu faa ntampehama yɛɛ no mpire de pam sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gu maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee.
Ayant fait un fouet avec des cordes, il les chassa tous du temple, ainsi que les brebis et les bœufs; il dispersa la monnaie des changeurs, et renversa les tables;
16 Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Munnyae sɛ mode mʼAgya fi ayɛ aguadibea no!”
et il dit aux vendeurs de pigeons: Otez cela d’ici, ne faites pas de la maison de mon Père une maison de trafic.
17 Asuafo no kae se, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwen ahyɛ me so.”
Ses disciples se souvinrent qu’il est écrit: Le zèle de ta maison me dévore.
18 Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopam nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”
Les Juifs, prenant la parole, lui dirent: Quel miracle nous montres-tu, pour agir de la sorte?
19 Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”
Jésus leur répondit: Détruisez ce temple, et en trois jours je le relèverai.
20 Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?”
Les Juifs dirent: Il a fallu quarante-six ans pour bâtir ce temple, et toi, en trois jours tu le relèveras!
21 Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho,
Mais il parlait du temple de son corps.
22 Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.
C’est pourquoi, lorsqu’il fut ressuscité des morts, ses disciples se souvinrent qu’il avait dit cela, et ils crurent à l’Écriture et à la parole que Jésus avait dite.
23 Bere a Twam Afahyɛ no duu a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii.
Pendant que Jésus était à Jérusalem, à la fête de Pâque, plusieurs crurent en son nom, voyant les miracles qu’il faisait.
24 Nanso Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ na onim sɛnea nnipa suban te.
Mais Jésus ne se fiait point à eux, parce qu’il les connaissait tous,
25 Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu.
et parce qu’il n’avait pas besoin qu’on lui rendît témoignage d’aucun homme; car il savait lui-même ce qui était dans l’homme.

< Yohane 2 >