< Yohane 18 >

1 Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii faako a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu.
When Jesus had spoken these words, he went forth with his disciples over the brook Kidron, where was a garden, into the which he entered, himself and his disciples.
2 Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafo no taa kɔ hɔ no nti, na Yuda a oyii no mae no nim hɔ.
Now Judas also, which betrayed him, knew the place: for Jesus oft-times resorted thither with his disciples.
3 Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokurakura akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.
Judas then, having received the band [of soldiers], and officers from the chief priests and the Pharisees, cometh thither with lanterns and torches and weapons.
4 Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se, “Hena na mohwehwɛ no?”
Jesus therefore, knowing all the things that were coming upon him, went forth, and saith unto them, Whom seek ye?
5 Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me ni!” Na Yuda a oyii no maa no gyina hɔ bi.
They answered him, Jesus of Nazareth. Jesus saith unto them, I am [he]. And Judas also, which betrayed him, was standing with them.
6 Yesu kae se, “Me ni” no, wopinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.
When therefore he said unto them, I am [he], they went backward, and fell to the ground.
7 Ɔsan bisaa wɔn bio se, “Morehwehwɛ hena?” Na wobuae se, “Yesu a ofi Nasaret no.”
Again therefore he asked them, Whom seek ye? And they said, Jesus of Nazareth.
8 Yesu buaa wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw se me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛno de, momma mʼasuafo no nkɔ.”
Jesus answered, I told you that I am [he]: if therefore ye seek me, let these go their way:
9 Ɔkaa eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka se, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyerae” no bɛba mu.
that the word might be fulfilled which he spake, Of those whom thou hast given me I lost not one.
10 Saa bere no Petro a na okura afoa no twe de twaa ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.
Simon Peter therefore having a sword drew it, and struck the high priest’s servant, and cut off his right ear. Now the servant’s name was Malchus.
11 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Fa wʼafoa no san hyɛ faako a wotwe fii. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano ana?”
Jesus therefore said unto Peter, Put up the sword into the sheath: the cup which the Father hath given me, shall I not drink it?
12 Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa,
So the band and the chief captain, and the officers of the Jews, seized Jesus and bound him,
13 de no dii kan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no.
and led him to Annas first; for he was father in law to Caiaphas, which was high priest that year.
14 Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye sɛ onipa baako bewu ama ɔman no.
Now Caiaphas was he which gave counsel to the Jews, that it was expedient that one man should die for the people.
15 Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfopanyin no fi hɔ.
And Simon Peter followed Jesus, and [so did] another disciple. Now that disciple was known unto the high priest, and entered in with Jesus into the court of the high priest;
16 Petro de, ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfopanyin no yiye no san bae, ne abaawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasa maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu.
but Peter was standing at the door without. So the other disciple, which was known unto the high priest, went out and spake unto her that kept the door, and brought in Peter.
17 Abaawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako ana?” Petro buae se, “Dabi.”
The maid therefore that kept the door saith unto Peter, Art thou also [one] of this man’s disciples? He saith, I am not.
18 Saa bere no na ɛyɛ awɔwbere, enti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi.
Now the servants and the officers were standing [there], having made a fire of coals; for it was cold; and they were warming themselves: and Peter also was with them, standing and warming himself.
19 Ɔsɔfopanyin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.
The high priest therefore asked Jesus of his disciples, and of his teaching.
20 Yesu buae se, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ gua mu na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kokoa mu.
Jesus answered him, I have spoken openly to the world; I ever taught in synagogues, and in the temple, where all the Jews come together; and in secret spake I nothing.
21 Adɛn nti na wubisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wotiee me no. Wɔn na wonim asɛm a mekae.”
Why askest thou me? ask them that have heard [me], what I spake unto them: behold, these know the things which I said.
22 Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, “Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsɔfopanyin anim saa?”
And when he had said this, one of the officers standing by struck Jesus with his hand, saying, Answerest thou the high priest so?
23 Yesu buaa no se, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekae no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaa no nso yɛ nokware de a, adɛn nti na wobɔ me?”
Jesus answered him, If I have spoken evil, bear witness of the evil: but if well, why smitest thou me?
24 Afei, Anas ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim.
Annas therefore sent him bound unto Caiaphas the high priest.
25 Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako ana?” Petro san bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”
Now Simon Peter was standing and warming himself. They said therefore unto him, Art thou also [one] of his disciples? He denied, and said, I am not.
26 Ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa nʼaso no busuani no nso bisaa no se, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?”
One of the servants of the high priest, being a kinsman of him whose ear Peter cut off, saith, Did not I see thee in the garden with him?
27 Petro san san bio se, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee.
Peter therefore denied again: and straightway the cock crew.
28 Wɔde Yesu fii Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ fi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi.
They lead Jesus therefore from Caiaphas into the palace: and it was early; and they themselves entered not into the palace, that they might not be defiled, but might eat the passover.
29 Pilato fii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bebisaa wɔn se, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”
Pilate therefore went out unto them, and saith, What accusation bring ye against this man?
30 Nnipa no buaa no se, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”
They answered and said unto him, If this man were not an evil-doer, we should not have delivered him up unto thee.
31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.” Yudafo no nso kae se, “Yenni tumi sɛ yekum obi.”
Pilate therefore said unto them, Take him yourselves, and judge him according to your law. The Jews said unto him, It is not lawful for us to put any man to death:
32 Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee.
that the word of Jesus might be fulfilled, which he spake, signifying by what manner of death he should die.
33 Pilato san kɔɔ nʼahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Wone Yudafo hene no ana?”
Pilate therefore entered again into the palace, and called Jesus, and said unto him, Art thou the King of the Jews?
34 Yesu nso bisaa no se, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na wɔaka me ho asɛm akyerɛ wo?”
Jesus answered, Sayest thou this of thyself, or did others tell it thee concerning me?
35 Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani ana? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?”
Pilate answered, Am I a Jew? Thine own nation and the chief priests delivered thee unto me: what hast thou done?
36 Yesu buaa no se, “Mʼahenni nyɛ asase so ahenni; sɛ mʼahenni yɛ asase so ahenni a, anka mʼakyidifo bɛko agye me afi Yudafo mpanyimfo no nsam. Mereka bio se, mʼahenni nyɛ asase so ahenni.”
Jesus answered, My kingdom is not of this world: if my kingdom were of this world, then would my servants fight, that I should not be delivered to the Jews: but now is my kingdom not from hence.
37 Pilato see no sɛ, “Ɛno de, na woyɛ ɔhene ana?” Yesu buaa no se, “Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako pɛ nti na wɔwoo me baa wiase ha, sɛ mimmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me.”
Pilate therefore said unto him, Art thou a king then? Jesus answered, Thou sayest that I am a king. To this end have I been born, and to this end am I come into the world, that I should bear witness unto the truth. Every one that is of the truth heareth my voice.
38 Pilato bisaa no se, “Dɛn ne saa nokware no?” Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.
Pilate saith unto him, What is truth? And when he had said this, he went out again unto the Jews, and saith unto them, I find no crime in him.
39 Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo ana?”
But ye have a custom, that I should release unto you one at the passover: will ye therefore that I release unto you the King of the Jews?
40 Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfo.
They cried out therefore again, saying, Not this man, but Barabbas. Now Barabbas was a robber.

< Yohane 18 >