< Yohane 17 >
1 Yesu kaa saa nsɛm yi wiee no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpae se, “Agya, bere no adu. Hyɛ wo Ba no anuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam.
After saying this, Jesus raised his eyes heavenwards, and said: “Father, the hour has come; honor your Son, so that your Son may honor you;
2 Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a enni awiei. (aiōnios )
even as you gave him power over all humanity, so that he should give eternal life to everyone you have given him. (aiōnios )
3 Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! (aiōnios )
And the eternal life is this – to know you the one true God, and Jesus Christ whom you have sent as your messenger. (aiōnios )
4 Mawie adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ nam so ada wʼanuonyam adi akyerɛ wɔ asase so.
I have honored you on earth by completing the work which you have given me to do;
5 Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na wobɔ wiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.
and now do you honor me, Father, at your own side, with the honor which I had at your side before the world began.
6 “Mama nnipa a na anka wɔte wiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahu wo. Na wɔyɛ wo de na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm.
I have revealed you to those whom you gave me from the world; they were your own, and you gave them to me; and they have laid your message to heart.
7 Afei, wɔahu sɛ biribiara a wode ama me no fi wo nkyɛn.
They recognize now that everything that you gave me was from you;
8 Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wotiei. Wonim sɛ ɛyɛ nokware sɛ mifi wo nkyɛn na mebae. Na wogye di sɛ wo na wosomaa me.
for I have given them the teaching which you gave me, and they received it, and clearly understood that I came from you, and they believed that you have sent me as your messenger.
9 Mebɔ mpae ma wɔn. Memmɔ mpae mma wɔn a wonnye wʼasɛm nni, na mmom nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpae ma wɔn, efisɛ wɔyɛ wo de.
I intercede for them; I am not interceding for the world, but for those whom you have given me, for they are your own –
10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam.
All that is mine is yours, and all that is yours is mine – and I am honored in them.
11 Na afei, merefi wiase na magyaw wɔn wɔ akyi aba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no.
Now I am to be in this world no longer, but they are still to be in the world, and I am to come to you. Holy Father, keep them by that revelation of your name which you have given me, so that they may be one, as we are.
12 Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara anyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu.
While I was with them, I kept them by that revelation, and I have guarded them; and not one of them has been lost, except that lost soul – in fulfillment of scripture.
13 “Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa bere a meda so wɔ wiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a mʼanigye bɛhyɛ wɔn ma.
But now I am to come to you; and I am speaking like this, while still in the world, so that they may have my own joy, in all its fullness, in their hearts.
14 Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na wiasefo tan wɔn, efisɛ womfi wiase sɛnea me nso mimfi wiase no.
I have given them your message; and the world hated them, because they do not belong to the world, even as I do not belong to the world.
15 Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ wɔn ho ban fi ɔbonsam nsam.
I do not ask you to take them out of the world, but to keep them from evil.
16 Sɛnea mimfi wiase no, saa ara na wɔn nso mfi wiase.
They do not belong to the world, even as I do not belong to the world.
17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron.
Consecrate them by the truth; your message is truth.
18 Sɛnea wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase.
Just as you have sent me as your messenger to the world, so I send them as my messengers to the world.
19 Wɔn nti mede me ho ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.
And it is for their sakes that I am consecrating myself, so that they also may be truly consecrated.
20 “Memmɔ mpae mma wɔn nko. Mebɔ mpae ma wɔn a wɔnam asuafo asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso.
But it is not only for them that I am interceding, but also for those who believe in me through their message,
21 Mebɔ mpae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛnea wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara na ma wɔn nso ntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ wo na wosomaa me.
that they all may be one – that as you, Father, are in union with us – and so the world may believe that you have sent me as your messenger.
22 Mede anuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no.
I have given them the honor which you have given me, so that they may be one as we are one –
23 Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.
I in union with them and you with me – so that they may be perfected in their union, and so that the world may know that you have sent me as your messenger, and that you have loved them as you have loved me.
24 “Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahu mʼanuonyam, anuonyam a wode maa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase.
Father, my desire for all those whom you have given me is that they may be with me where I am, so that they may see the honor which you have given me; for you did love me before the beginning of the world.
25 “Agya Kronkron, wiase nnim wo nanso me de, minim wo; na asuafo yi nim sɛ wo na wosomaa me.
Righteous Father, though the world did not know you, I knew you; and these people knew that you have sent me as your messenger.
26 Mama wɔahu sɛnea wo te, na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso matena wɔn mu bi.”
I have made you known to them, and will do so still; that the love that you have had for me may be in their hearts, and that I may be in them also.”