< Yohane 15 >
1 “Mene nokware bobe no, na mʼAgya ne okuafo no.
"I am the true vine, and my Father is the gardener.
2 Dua mman biara a ɛnsow aba no otwa kyene, na dua mman biara a ɛsow no, oyiyi ho na asow aba bebree.
Every branch in me that does not bear fruit, he takes away. Every branch that bears fruit, he prunes, that it may bear more fruit.
3 Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho afi dedaw.
You are already clean because of the word which I have spoken to you.
4 Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua mman biara ankasa rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam ne dutan no ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye sɛ mote me mu.
Remain in me, and I in you. As the branch cannot bear fruit by itself, unless it remains in the vine, so neither can you, unless you remain in me.
5 “Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.
I am the vine. You are the branches. He who remains in me, and I in him, the same bears much fruit, for apart from me you can do nothing.
6 Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua mman a wɔatwa atow akyene a so nni mfaso; ɛwo a wɔboaboa ano de gu ogya mu hyew.
If anyone does not remain in me, he is thrown out as a branch, and withers; and they gather them, throw them into the fire, and they are burned.
7 Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛno de, biribiara a mopɛ a mubebisa no wɔde bɛma mo.
If you remain in me, and my words remain in you, ask whatever you desire, and it will be done for you.
8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam.
"In this is my Father glorified, that you bear much fruit and so prove to be my disciples.
9 “Sɛnea Agya no dɔ me no, saa ara na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu.
Even as the Father has loved me, I also have loved you. Remain in my love.
10 Sɛ mudi mʼahyɛde so a mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi mʼAgya ahyɛde so na ɛno nti ɔda so dɔ me no.
If you keep my commandments, you will remain in my love; even as I have kept my Father's commandments, and remain in his love.
11 Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mʼanigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ.
I have spoken these things to you, that my joy may be in you, and that your joy may be made full.
12 Mʼahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no.
"This is my commandment, that you love one another, even as I have loved you.
13 Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom.
Greater love has no one than this, that someone lays down his life for his friends.
14 Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a na moyɛ me nnamfonom.
You are my friends, if you do whatever I command you.
15 Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ maka biribiara a mete fii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
No longer do I call you servants, for the servant does not know what his master is doing. But I have called you friends, for everything that I heard from my Father I have made known to you.
16 Ɛnyɛ mo na mpaw me; me na mepaw mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monsow aba; aba a ɛbɛtena hɔ daa, Na biribiara a mode me din bebisa no, Agya no de bɛma mo.
You did not choose me, but I chose you, and appointed you, that you should go and bear fruit, and that your fruit should remain; that whatever you will ask of the Father in my name, he may give it to you.
17 Eyi ne mʼahyɛde: Monnodɔ mo ho mo ho.
"I command these things to you, that you may love one another.
18 “Sɛ wiase tan mo a, monkae sɛ me na ɛtan me kan ansa na ɛretan mo.
If the world hates you, you know that it has hated me before it hated you.
19 Sɛ mote ase ma wiase a ɛno de wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso miyii mo fii wiasefo mu; ɛno nti monyɛ wiasefo bio; eyi nti na wiasefo tan mo no.
If you were of the world, the world would love its own. But because you are not of the world, since I chose you out of the world, therefore the world hates you.
20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsen ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso wɔbɛtan mo; sɛ wotie mʼasɛm a meka no a, mo nso wobetie mo.
Remember the word that I said to you: 'A servant is not greater than his master.' If they persecuted me, they will also persecute you. If they kept my word, they will keep yours also.
21 Esiane sɛ moyɛ me dea nti na wɔbɛtaa mo, efisɛ wonnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
But all these things will they do to you because of my name, because they do not know him who sent me.
22 Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi biara.
If I had not come and spoken to them, they would not have had sin; but now they have no excuse for their sin.
23 Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.
He who hates me hates my Father also.
24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahu nea meyɛe, nso wɔtan me ne mʼAgya.
If I had not done among them the works which no one else did, they would not have had sin. But now have they seen and also hated both me and my Father.
25 Ɛsɛ sɛ eyi ba mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
But this happened so that the word may be fulfilled which is written in their law, 'They hated me without a cause.'
26 “Mɛsoma ɔboafo a ɔyɛ nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabedi me ho adanse akyerɛ mo.
"When the Helper has come, whom I will send to you from the Father, the Spirit of truth, who proceeds from the Father, he will testify about me.
27 Na mo nso mubedi me ho adanse, efisɛ me ne mo na ɛwɔ hɔ fi mfiase pɛɛ.”
And you will also testify, because you have been with me from the beginning.