< Yohane 13 >
1 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu no, Yesu huu sɛ afei bere aso sɛ ofi wiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifo, na ɔdɔɔ wɔn kosii sɛ owui.
逾越節慶日前,耶穌知道他離此世歸父的時辰已到,他既然愛了世上屬於自己的人,就愛他們到底。
2 Bere a na Yesu ne nʼasuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ onyi Yesu mma.
正吃晚餐的時候──魔鬼已使依斯加略人西滿的兒子猶達斯決意出賣耶穌─
3 Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofi Onyankopɔn nkyɛn na ɔbae, na ɔresan akɔ ne nkyɛn.
耶穌因知道父把一切已交在他手中,也知道自己是從天主來的,又要往天主那裡去,
4 Yesu sɔre fii didipon no ho, yii nʼatade nguguso guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasen.
就從席日間起來,脫上外衣,拿起一條手巾束在腰間,
5 Ohwiee nsu guu guasɛn bi mu na ofii ase hohoroo asuafo no anan ase de mpepaho no pepae.
然後把水倒在盆裏,開始洗門徒的腳,用束著的手巾擦乾。
6 Bere a Yesu duu Simon Petro so no, Petro bisaa no se. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase ana?”
及至來到西滿伯多祿跟前,伯多祿對他說: 「主! 你給我腳嗎?」
7 Yesu buaa no se, “Nea mereyɛ yi, worente ase mprempren, nanso akyiri no wobɛte ase.”
耶穌回答說: 「我所做的你現在不明白,以後你會明白。」
8 Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro mʼanan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ manhohoro wʼanan ase a na wonka me ho.” (aiōn )
伯多祿對他說:「不,你永遠不可給我洗腳!」耶穌回答說: 「我若不洗你,你就與我無分。」 (aiōn )
9 Simon Petro kae se, “Awurade, ɛno de na ɛnyɛ mʼanan ase nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”
西滿伯多祿遂說:「主! 不但我的腳,而且連手帶頭,都給我洗罷! 」
10 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a waguare no aguaree ho nhia no bio gye nʼanan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne nipadua no de, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho afi, gye mo mu baako pɛ.”
耶穌向他說:「沐浴過的人,已全身清潔,只需洗腳就夠了。你們原是潔淨的,但不都是。」
11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebeyi no ama no, ɛno nti na ɔkae se ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho afi no.
原來,耶穌知道誰要出賣他,為此說: 你們不都是潔淨的。
12 Yesu hohoroo wɔn anan ase wiei no, ɔfaa nʼatade nguguso no hyɛe, san kɔtenaa didipon no ho. Afei obisaa nʼasuafo no se, “Mote nea mayɛ yi ase ana?
及至耶穌洗完了他們的腳,穿上外衣,又去坐下,對他們說: 「你們明白我給你們所做的嗎?
13 Mofrɛ me ‘Kyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade’ a mudi me frɛ; efisɛ ɛno ne nea meyɛ.
你們稱我「師傅」、「主子」,說得正對:我原來是。
14 Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Kyerɛkyerɛfo no mpo ahohoro mʼanan ase a ɛno de, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho anan ase.
若我為主子,為師傅的話,給你們洗腳,你們也該彼此洗腳;
15 Mayɛ eyi de ayɛ nhwɛso ama mo sɛnea mo nso mobɛyɛ saa ara.
我給你們立了榜樣,叫你們也照我給你們所做的去做。
16 Mereka nokware akyerɛ mo se, akoa nsen ne wura; saa ara na ɔsomafo nso nsen nea ɔsomaa no no.
我實實在在告訴你們: 沒有僕人大過主人的,也沒有奉使的大過派遣他的。
17 Afei a moate nea meyɛe no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a mubenya nhyira.
你們既知道了這些事,如果實行,便是有福的。
18 “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, minim wɔn a mayi wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no beyi me ama’ no ba mu.
我不是說你們全體,我認識我所揀選的;但經上所記載的必須應驗:『吃過我飯的人,也舉腳踢我。』
19 “Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi.
就在現在,事未發生以前,我告訴你們,好叫事發生以後,你們相信我就是那一位。
20 Mereka nokware akyerɛ mo se, obiara a obegye nea masoma no no gye me nso, na obiara a ogye me nso no gye nea ɔsomaa me no.”
我實實在在告訴你們:凡接待我所派遣的,就是接待我;接待我的,就是接待那派遣我來的。」
21 Yesu kaa eyinom nyinaa wiei no, ne ho yeraw no ma ɔpaee mu kae se, “Mereka nokware akyerɛ mo, mo mu baako beyi me ama!”
耶穌說了這些話,心神煩亂,就明明地說: 「我實實在在告訴你們: 你們中有一個要出賣我。」
22 Asuafo no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wohu nea ɔde no no.
門徒便互相觀望,猜疑他說的是誰。
23 Na asuafo no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ.
他門徒中有一個是耶穌所愛的,他那時斜倚在耶穌的懷裏,
24 Simon Petro buu nʼani se, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”
西滿伯多祿就向他示意說: 「你問他說的是誰?」
25 Ɛno nti saa osuani no twiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, ɛyɛ hena?”
那位就緊靠在耶穌的胸膛上,問他說: 「主!是誰?」
26 Yesu buae se, “Nea mede brodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na obeyi me ama.” Na ɔde brodo bɔɔ mu maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no.
耶穌答覆說: 「我蘸這片餅遞給誰,誰就是。」耶穌就蘸了一片餅,遞給依斯加略人西滿的兒子猶達斯。
27 Bere a Yuda gyee brodo no pɛ, na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nea wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!”
隨著那片餅,撒殫進入了他的心,於是耶穌對他說: 「你所要做的,你快去做罷!」
28 Wɔn a na wɔte adidii no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase.
同席的人誰也沒有明白耶穌為什麼向他說了這話。
29 Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na wosusuw sɛ Yesu reka akyerɛ no se ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafo biribi.
不過,有人因為猶達斯掌管錢囊,以為耶穌是給他說: 「你去買我們過節所需要的」,或者,要他給窮人施捨一些東西。
30 Yuda gyee brodo no pɛ na ofii adi; saa bere no na ɛyɛ anadwo.
猶達斯一吃了那一片餅,就立時出去了;那時,正是黑夜。
31 Yuda fii adi kɔe akyi no, Yesu kae se, “Afei na Onipa Ba no anuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanuonyam adi.
猶達斯出去以後,耶穌就說:「現在人子受到了光榮,天主也在人子身上受到了光榮。
32 Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn anuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no anuonyam adi. Ɔbɛyɛ eyi ntɛm so.
天主既然在人子身上得到了光榮,天主也要在自己內使人子得到光榮,並且立時就要光榮他。
33 “Me mma, ɛrenkyɛ biara na megyaw mo hɔ. Sɛnea meka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no, mobɛhwehwɛ me nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.
孩子們!我同你們在一起的時候不多了;以後你們要尋找我,就如我曾向猶太人說過:我所去的地方,你們不能去;現在我也給你們說。
34 “Ahyɛde foforo na mede regyaw mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no.
我給你們一條新命令: 你們該彼此相愛如同我愛了你們,你們也該照樣彼此相愛。
35 Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a obiara behu sɛ moyɛ mʼasuafo.’”
如果你們之間彼此相親相愛,世人因此就可認出你們是我的門徒。」
36 Simon Petro bisaa Yesu se “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no se, “Faako a merekɔ no de, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”
西滿伯多祿問耶穌說: 「主! 你往那裡去?」耶穌回答說: 「我所去的地方,你如今不能跟我去,但後來卻要跟我去。」
37 Petro bisaa no se, “Awurade, adɛn nti na merentumi nni wʼakyi saa bere yi? Ɛyɛ owu mpo a, mewu ama wo.”
伯多祿向他說: 「主! 為什麼現在我不能跟你去?我要為你捨掉我的性命! 」
38 Yesu bisaa no se, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wubewu ama me ana? Mereka nokware akyerɛ wo se, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”
耶穌答覆說: 「你要為我捨掉你的性命嗎?我實實在在告訴你: 雞未叫以前,你要三次不認我。」