< Yohane 12 >

1 Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no te mu no mu.
Ivi tanne hi ni vi u gan rugran'a (Idin ketere) Yesu ye ni Baitaya ni bubu wa Lazarus ahe'a, uwa Yesu a tawu shime rju ni be.
2 Wɔtoo Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa aponto yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho.
U ba tie birli wu ni ki u Marta ahe ni ndasi nno ba birli, u Lazarus ahe ni ba nda kakru ni tebur u rli ni Yesu.
3 Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinwi pepae. Ngo no hua gyee fie hɔ nyinaa.
U Maryamu ka ban turare nard, nda nyuu za Yesu niwu nda se za Yesu ni nfutu ma. U turare ka vra whi shu ni koh'a wawu.
4 Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri no obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho,
Yahuda Iskariyoti, iri nimi almajere ma, wa ani kawu le, a tre,
5 enti ɔkae se, “Adɛn nti na woantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?”
“Ahi ngyeri mba sa ba na le ni tulare dinari dari tra na ka ga bi na?”
6 Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.
A tre naki ana ndi ahe niwu mi sron ma na, a wa'a ndahi ndji u yibi. A wawuyi ni zi imbu nklen'a, nda ni son ybi ni mi.
7 Yesu kae se, “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu.
Yesu tre, bika chowo ni ndu ka kpye wa ahe wu'a zi ni fi wa baka rju me'a.
8 Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”
Biya ba he ni yi ko ni tanyi u me mi na he niyi chachuwu na.
9 Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no nso.
U gbugbu Yahudawa ba wo andi Yesu a he ni kii u ba ye, ana nitu Yesu ni nkrji megyen na, baye son to Lazarus ngame wa Yesu tawu shime ni khwu'a.
10 Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso,
U Firistoci bi ni kon, baka ka'nyu kabi nda wa nkon u wu'u Lazarus ngame.
11 efisɛ esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi.
Nitu ma yi wa Yahudawa gbugbuwu ba ka kpa nyeme ni Yesu.
12 Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,
Ni vi rima indji gbugbuwu ba ye ni gan. Ni wa ba wo ndi Yesu ni ye ni Urushalima,
13 wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se, “Hosiana!” “Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!”
u ba vu ihran dabino nda rju ni gbu nda hi kpawu nda ni yo gbangban me nda ni tre, “Hosanna! Lulu ahi wu Indji wa ani ye ni mi nde Bachi, Ichu Israila.
14 Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se,
Yesu a ka fe ivren jaki (Aholaki), nda hon nitu ma, towa ba ngha'a,
15 “Nsuro, Ɔbabea Sion! Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so reba wo nkyɛn.”
“Na ti sissri na, Ivrenwa Sihiyona, yayi, ngye Ichu ni ye, a son nitu vren jaki.”
16 Mfiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae se, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dedaw, na ɛno ara ne nea wɔayɛ no.
Almajere ma bana to tu mana ni mumla, ni kogon wa ba gbyre Yesu san, baka tika, andi ba nha nda ni he to kima, u ba ti ba ni wu na kima.
17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wohuu sɛ Yesu nyan Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo.
Ij'bu ndji ba a hla ndi bana he niwu niwa a yo Lazarus rju ni mi be nda tawu shime ni khwu na.
18 Eyi nti na nnipa bebree kɔɔ se wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ anwonwade.
Nitu kima, gbugbu indji ba ye ni ndu ba same niwu nitu wa ati gban (alama) yi.
19 Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ yiye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”
Ni naki, se Farisawa bari bubu tre ni kpa mba andi, “Yayi, bi heni kpe u tina bi to, gbugbulu,'a ba hu wawu ye.
20 Afahyɛbere no mu no, Helafo bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom.
Indji bi Helinawa bari ni mi bi wa ba hi ni sujada u idin.
21 Wɔkɔɔ Filipo a ofi Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.”
Ba ki ba hi ni Filibu, igu u betsa ida wa ahe ni Galili, u ba tre niwu, “Mala, ki sun to Yesu.
22 Filipo kɔbɔɔ Andrea amanneɛ ma wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.
Filibu ahi na ka hla ni Andarawus, u Andarawus ba hi mba Filibu, u ba hla ni Yesu.
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.
Yesu hla bawu, “Inton tsra ye wa ba shu ngbarju ni Vren Ndji.
24 Mereka nokware akyerɛ mo se, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔw na amfifi a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔw na efifi a, ɛsow aba pii.
Njanji, njanji, mi si hla yiwu, iwolo alkama ni ta na joku ni meme na kwu na, ani he ni ngrjima, u ani ta kwu, ani ti wolo gbugbuwu.
25 Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no benya nkwa a enni awiei. (aiōnios g166)
Indji wa ani son ivri ma, ani wa wu hama, u indji wa ana son ivri ma na ni ngbungblu yi ani kiyaye wu nitu ivri ma u tuntru. (aiōnios g166)
26 Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ odi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfo nso wɔ hɔ bi.”
Indrjori nita ni shu ngbarju nimu, wa ka hume, ko ni ntsen wa mi he'a, ni mu igran ni sun. Indji wa a shu ngbarju nimu, Iti ni no ninkon.
27 Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu ana?’ Nanso, eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane.
Zizan isron mu he ni mi mmren, u mi tre ngye? Iti u kpa me chuwo ni ton yi? Ani to kima yi me ye ni ton yi.
28 Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Ɔkasa wiee no, nne bi fi ɔsoro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.”
Iti, shu ngburju ni tume.” U lantre ri ni tre, “Me shu ngbarju niwu, mila shu ngbarju niwu ngari.
29 Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no.
U indji biwa ba ki na kima bawo lantre, na tre ahi zan bari ba ri ba tre ahi “Maleka mba tre niwu.”
30 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nti na saa nne yi kasae na ɛnyɛ me nti.
Yesu tre, “Andi lan tre yi na ye nitu mu na, a nitu mbi.”
31 Afei, bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu.
Zizan ba tron ni gbungblu'a: zizan ba zu Indji wa ani nji gbunglu'a.
32 Sɛ wonya ma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”
U me, ba ta ba me lu ni gbunbglu'a, Mi gbron indji wawu ye ni kpamu.”
33 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a obewu no.
A hla wayi ni tu iri kwu wa ani kwu'a.
34 Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, ‘Ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so’. Hena ne saa Onipa Ba no?” (aiōn g165)
Ijubu indji ba lu tre, “Ki wo ni mi tronandi Almasihu ni son hi ni tuntru. A nihe u tre, ba zun Vren Indji? Ahi nha mba hi Vren Ndji'a?” (aiōn g165)
35 Yesu buaa wɔn se, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmere tiaa bi mu. Ɛno nti, monnantew mu bere a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na sum aduru; anyɛ saa a morenhu kwan.
Yesu hla bawu, “Zizan ni vi ton tsa me bi son ni ikpan. Bika zren ni kpan tu ka ari he ni yi ri, na ndu bu'u dun mren yi na. Indji wa ani zren ni mi bu'u'a ana to wurji u hi na.
36 Bere a mowɔ hann mu yi, munnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wiee no, ofii hɔ de ne ho kohintawee.
Bi kpa nyeme ni kpan tu wa ri he ni yi ri ni ndu kati imri ikpan.” Yesu hla tre biyi ri na ri tuma ni bawu.
37 Ɛwɔ mu sɛ na Yesu ayɛ anwonwade ahorow ama Yudafo no ahu de, nanso na wonnye no nni ara.
Ko naki me Yesu ti gban bi babran ni shishi mba, ni naki me bana kpa nyeme niwu na.
38 Eyi ne Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi? Na hena nso na Awurade wʼanwonwadwuma no ada adi akyerɛ no?”
Nitu itre Anabi Ishaya a a shu, wa a hla, “Bachi, ahi nha a kpa nyeme ni tre mbu? Ani nha iwo Bachi a hla tu ma?”
39 Yudafo no annye anni efisɛ, na Odiyifo Yesaia asan aka se,
Nitu kima ba na kpa nyeme na, ni wa Ishaya ala tre andi,
40 “Onyankopɔn afura wɔn ani, na wapirim wɔn koma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnan mma me nkyɛn na masa wɔn yare.”
A ka ba tibi fyen, na lo sron gbangban me, ni ndu bana to ni shishi mba na. Naki nato toma ni mi sron mba, na k'ma ye ni me ni ndu mi den ba.
41 Yesaia kaa eyi faa Yesu anuonyam a daakye obenya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.
Ishaya hla kpi biyi ni wa a to ko shishi u shu ngbarju ni Yesu.
42 Mpo, na Yudafo mpanyimfo no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio.
Ni naki me, gbugbuwu bakpa nyeme ni Yesu ni mi bi ninkon'a. U nitu Farisawa, bana ya hla wu rju ni rira na, ni ndu ba na zu ba rju ni mi Majamiya na.
43 Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sen sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn anuonyam.
Ba son gbre san u indji zan gbre san wa ani rji ni Rji.
44 Yesu teɛɛ mu se, “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di.
Yesu tre gban gban me, na hla, indji wa a kpa nyeme ni me, ana me yi a kpa nyeme ni me kankle mu na, a kpa nyeme ni indji wa a ton me'a.
45 Na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso.
Ngari indji wa asi to me, asi to Indji wa a ton me.
46 Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no ankɔ so antena sum mu.
Ime mi ye nitu ikpan ni gbungblu'a, ni indji wa a kpa nyeme ni me a na zren ni mi bu'u na.
47 “Obiara a ɔte mʼasɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom, mebae sɛ merebegye wɔn nkwa.
Indji wa awo tre mu nda na kpa nyeme na, mina hukunta ni wu na. Mina ye nitu hukunta indji na; ni ndu me kpa gbungblu'a chuwo.
48 Obiara a ɔpo me na onnye mʼasɛm nni no, otemmufo bi wɔ hɔ a obebu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na atemmuda no ebebu mo atɛn.
Indji wa a kama ni me, na kama kpa tre mu, indji ri he wa ni hukunta niwu ilan wa mi tre ni hukunta niwu ni chachu kekle.
49 Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ nea Agya no ka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ mo no.
Mi na tutu mu na, a Ti'a wa a ton Me, wa a yo Me ni ndu mi hla ni tre.
50 Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!” (aiōnios g166)
Mi to yo me u ma ahi re (iviri) u son tuntur, ni ndu ikpi wa mi tre, na wa Iti'a a ton Me naki mi tre.” (aiōnios g166)

< Yohane 12 >