< Yohane 11 >
1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree.
個病人,名叫拉匝祿,住在伯達尼,即瑪利亞和她姊姊瑪爾大所住的村若莊。
2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no.
:利亞就是那曾用香液傅抹過主,並用自己的頭髮擦乾過他的腳婦人,患病的拉匝十是他的兄弟。
3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.”
他們姊妹二人便派人到耶穌那裏說: 「主啊! 你所愛的病了! 」
4 Yesu tee nkra no ɔkae se, “Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
耶一聽了便說: 「這病不致於死,只是為彰顯天主的光榮,並為叫天主子因此受到光榮。」
5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye.
耶穌素愛瑪爾大及她的妹妹和拉匝祿。
6 Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu.
當他聽說拉匝祿病了,仍在原地逗留了兩天。
7 Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.”
此後,才對門徒說: 「我們再往猶太去罷! 」
8 Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?”
門徒向他說: 「辣彼,猶太人圖謀砸死你,你又要往那裏去麼?」
9 Yesu kae se, “Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu.
耶穌回答說: 「白日不是有十二個時辰麼? 人若在白日行路,不會碰跌,因為看得見這世界的光;
10 Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu.”
人若在黑夜行路,就要碰跌,因為他沒有光。」
11 Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.”
耶穌說了這些話,又給他們說: 「我們的朋友拉匝祿睡著了,我要去叫醒他。」
12 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no.”
門徒便對他說: 「主,若是他睡著了,必定好了。」
13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada.
耶穌原是指他的死說的,他們卻以為是指安眠睡覺說的。
14 Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, “Lasaro awu;
然後,耶穌就明明地向他們說: 「拉匝祿死了。
15 nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
為了你們,我喜歡我不在那裏,好叫你們相信;我們到他那裏去罷!」
16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.”
號稱狄狄摩的多默便向其他的同伴說: 「我們也去,同他一起死罷!」
17 Yesu duu Betania no na Lasaro awu ama wɔasie no ma adi nnaanan.
耶穌一到伯達尼,得知拉匝祿在墳墓裏已經四天了。
18 Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien,
伯達尼靠近耶路撒冷,相距約十五「斯塔狄」,
19 na saa bere no na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho.
因而有許多猶太人來到瑪爾大和瑪利亞那裏,為她們兄弟的死安慰她們。
20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie.
瑪爾大一聽說耶穌來了,便去迎接他;瑪利亞仍坐在家裏。
21 Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu!
瑪爾大對耶穌說: 「若是你在這裏,我的兄弟決不會死!
22 Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ.”
就是現在,我也知道: 你無論向天主求什麼,天主必要賜給你。」
23 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.”
耶穌對她說: 「你的兄弟必定要復活。」
24 Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.”
瑪爾大說: 「我知道在末日復活時,他必要復活。」
25 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa.
耶穌對她說: 「我就是復活,就是生命;信從我的,即使死了,仍要活著;
26 Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?” (aiōn )
凡活著而信從我的人,必永遠不死。你信麼?」 (aiōn )
27 Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”
她回答說: 「是的,主,我信你是默西亞,天主子,要來到世界上的那一位。」
28 Marta kaa saa asɛm yi wiee no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoa mu ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa wo ase.”
她說了這話,就去叫她的妹妹瑪利亞,偷偷地說: 「師傅來了,他叫你。」
29 Maria tee saa asɛm yi no ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu.
瑪利亞一聽說,立時起身到耶穌那裏去了。
30 Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ ɛ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
那時,耶穌還沒有進村莊,仍在瑪爾大迎接他的地方。
31 Bere a Yudafo a wɔne Maria wɔ fie hɔ regyam no no huu sɛ wasɔre mpofirim refi adi no wodii nʼakyi, efisɛ na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu.
那些同瑪利亞在家,安慰他的猶太人,見她急忙起身出去,便跟著她,以為她往墳墓上去哭泣。
32 Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.”
當瑪利亞來到耶穌所在的地方,一看見他,就俯伏在他腳前,向他說: 「主! 若是你在這裏,我的兄弟決不會死!」
33 Yesu huu sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee.
耶穌看見她哭泣,還有同他一起來的猶太人也哭泣,便心神感傷,難過起來,
34 Obisaa wɔn se, “Ɛhe na musiee no?” Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”
遂說: 「你們把他安放在那裏?」他們回答說: 「主,你來,看罷!」
36 Yudafo no huu sɛ ɔresu no wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”
於是猶太人說: 「看,他多麼愛他啊! 」
37 Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no munnnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa ana?”
其中有些人說: 「這個開了瞎子眼睛的,豈不能使這人也不死麼?」
38 Asɛm a nkurɔfo no kaa no maa Yesu werɛ howee. Afei ɔkɔɔ ɔda a wɔde ɔbo ahini ano no so.
耶穌心中又感傷起來,來到墳墓前。這墳墓是個洞穴,前面有一塊石頭堵著。
39 Yesu hyɛɛ wɔn se, “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.”
耶穌說: 「挪開這塊石頭! 」死者的姊姊瑪爾大向他說: 「主!已經臭了,因為已有四天了。」
40 Yesu ka kyerɛɛ Marta se, “Manka ankyerɛ wo se sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?”
耶穌對她說: 「我不是告訴過你: 如果你信,會看到天主的光榮嗎?」
41 Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me.
他們便挪開了石頭;耶穌舉目向上說: 「父啊!我感謝你,因為你俯聽了我。
42 Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”
我本來知道你常常俯聽我,但是我說這話,是為了四周站立的群眾,好叫他們信是你派遣了我。」
43 Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, “Lasaro, sɔre bra!”
說完這話,便大聲喊說: 「納匝祿! 出來罷! 」
44 Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”
死者便出來了,腳和手都纏著布條,面上還蒙著汗巾。耶穌向他們說: 「解開他,讓他行走罷。」
45 Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii.
那些來到瑪利亞那裏的猶太人,一看到耶穌所行的事,就有許多人則口召
46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
他們中也有一些到法利賽人那裏去,把耶穌所行的,報告給他們。
47 Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ!
因此,司祭長和法利賽人召集了會議說: 「這人行了許多奇跡,我們怎麼辦呢?
48 Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
如果讓他這樣,眾都會信從,羅馬人必要來,連我們的聖殿和民族都除掉。」
49 Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee!
他們中有一個叫蓋法的,正是那一年的大司祭,對他們說: 「你們什麼都不懂,
50 Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
也不想想: 叫一個人替百姓死,以免全民族滅亡;這為你們多麼有利。」
51 Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,”
這話不是由他自己說出的,只因為他是那年的大司祭,才預言了耶穌將為民族而死;
52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako.
不但為猶太民族,而且也是為使那四散的天主的兒女都聚集歸一。
53 Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu.
從那一天起,他們就議決要殺害耶穌。
54 Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ.
因此,耶穌不再公開地在猶太人中往來,卻從那裏往臨近荒野的地方去,來到一座名叫厄弗辣因的城,在那裡和他的門徒住下了。
55 Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no.
猶太人的逾越節臨近了,所以,許多人在逾越節前,從鄉間上了耶路撒冷,要聖潔自己。
56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.”
他們就尋找耶穌,並站在聖殿內,彼此談論說: 「你們想什麼?他來不來過節呢?」
57 Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.
司祭長和法利賽人早已頒發命令: 如果有人知道他在那裡,就該通知他們,好去捉拿他。