< Yohane 10 >
1 “Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo.
“Most certainly, I tell you, one who doesn’t enter by the door into the sheep fold, but climbs up some other way, is a thief and a robber.
2 Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no.
But one who enters in by the door is the shepherd of the sheep.
3 Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi.
The gatekeeper opens the gate for him, and the sheep listen to his voice. He calls his own sheep by name and leads them out.
4 Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne.
Whenever he brings out his own sheep, he goes before them; and the sheep follow him, for they know his voice.
5 Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne.”
They will by no means follow a stranger, but will flee from him; for they don’t know the voice of strangers.”
6 Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.
Jesus spoke this parable to them, but they didn’t understand what he was telling them.
7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no.
Jesus therefore said to them again, “Most certainly, I tell you, I am the sheep’s door.
8 Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi.
All who came before me are thieves and robbers, but the sheep didn’t listen to them.
9 Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea.
I am the door. If anyone enters in by me, he will be saved, and will go in and go out and will find pasture.
10 Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.
The thief only comes to steal, kill, and destroy. I came that they may have life, and may have it abundantly.
11 “Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan.
“I am the good shepherd. The good shepherd lays down his life for the sheep.
12 Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete.
He who is a hired hand, and not a shepherd, who doesn’t own the sheep, sees the wolf coming, leaves the sheep, and flees. The wolf snatches the sheep and scatters them.
13 Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho.
The hired hand flees because he is a hired hand and doesn’t care for the sheep.
14 “Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me,
I am the good shepherd. I know my own, and I’m known by my own;
15 sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no.
even as the Father knows me, and I know the Father. I lay down my life for the sheep.
16 Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.
I have other sheep which are not of this fold. I must bring them also, and they will hear my voice. They will become one flock with one shepherd.
17 Agya no dɔ me efisɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio.
Therefore the Father loves me, because I lay down my life, that I may take it again.
18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
No one takes it away from me, but I lay it down by myself. I have power to lay it down, and I have power to take it again. I received this commandment from my Father.”
19 Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu.
Therefore a division arose again among the Jews because of these words.
20 Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?”
Many of them said, “He has a demon and is insane! Why do you listen to him?”
21 Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?”
Others said, “These are not the sayings of one possessed by a demon. It isn’t possible for a demon to open the eyes of the blind, is it?”
22 Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu wɔ Yerusalem no,
It was the Feast of the Dedication at Jerusalem.
23 Yesu kɔpasee wɔ asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ hɔ se Salomo Abrannaa so.
It was winter, and Jesus was walking in the temple, in Solomon’s porch.
24 Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”
The Jews therefore came around him and said to him, “How long will you hold us in suspense? If you are the Christ, tell us plainly.”
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse,
Jesus answered them, “I told you, and you don’t believe. The works that I do in my Father’s name, these testify about me.
26 nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan.
But you don’t believe, because you are not of my sheep, as I told you.
27 Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi.
My sheep hear my voice, and I know them, and they follow me.
28 Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. (aiōn , aiōnios )
I give eternal life to them. They will never perish, and no one will snatch them out of my hand. (aiōn , aiōnios )
29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.
My Father who has given them to me is greater than all. No one is able to snatch them out of my Father’s hand.
30 Me ne Agya no yɛ baako.”
I and the Father are one.”
31 Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no.
Therefore the Jews took up stones again to stone him.
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”
Jesus answered them, “I have shown you many good works from my Father. For which of those works do you stone me?”
33 Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”
The Jews answered him, “We don’t stone you for a good work, but for blasphemy, because you, being a man, make yourself God.”
34 Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’
Jesus answered them, “Isn’t it written in your law, ‘I said, you are gods’?
35 Ɛno nti sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a,
If he called them gods, to whom the word of God came (and the Scripture can’t be broken),
36 adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm?
do you say of him whom the Father sanctified and sent into the world, ‘You blaspheme,’ because I said, ‘I am the Son of God’?
37 Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni.
If I don’t do the works of my Father, don’t believe me.
38 Nanso sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”
But if I do them, though you don’t believe me, believe the works, that you may know and believe that the Father is in me, and I in the Father.”
39 Nkurɔfo no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.
They sought again to seize him, and he went out of their hand.
40 Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ.
He went away again beyond the Jordan into the place where John was baptizing at first, and he stayed there.
41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.”
Many came to him. They said, “John indeed did no sign, but everything that John said about this man is true.”
42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.
Many believed in him there.