< Yoɛl 3 >

1 “Saa nna no mu, mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba.
For, in those days and in that time, when I bring back again the captivity of Judah and Jerusalem,
2 Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bon mu. Ɛhɔ na mebu wɔn atɛn wɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho, efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
I will also gather all the nations and bring them down into the Valley of Jehoshaphat, and there I will enter into judgment with them for my people and my heritage Israel, whom they have scattered among the nations, and divided my land.
3 Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto, Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman. Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa, a wɔbɛnom.
They have cast lots for my people. They have traded boys for prostitutes, and sold girls for wine, and drunk it.
4 “Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
What are you to me, Tyre and Sidon and all the districts of Philistia? Were you repaying any deed of mine, or were you doing something for me? Quickly will I return your deed upon your heads.
5 Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu.
You who have taken my silver and my gold, and you have brought my goodly jewels into your palaces,
6 Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
you have sold the people of Judah and of Jerusalem to the Greeks, so that you might remove them far from their own borders.
7 “Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka.
I am about to stir them up from the place to which you have sold them, and I will turn your deeds upon your own head.
8 Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.
I will sell your sons and your daughters into the hands of the people of Judah, and they will sell them to the Sabeans, to a nation far off, for the Lord has spoken.
9 Mompae mu nka eyi wɔ aman so: Munsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyan asraafo! Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.
Proclaim this among the nations, sanctify war. Arouse the warriors, let all the fighting men muster and go up.
10 Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa, na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw. Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se, “mewɔ ahoɔden!”
Beat your ploughshares into swords, and your pruning-hooks into lances; let the weak say, I, indeed, am strong.
11 Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofo bra, Awurade!
Bestir yourselves and come, all you nations round about. Quickly gather yourselves together, ask the Lord to bring his warriors.
12 “Wɔnkanyan aman no; wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu, efisɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
Let the nations rouse themselves and come up to the Valley of Jehoshaphat, for there will I sit to judge all the surrounding nations.
13 Munhwim kantankrankyi no, efisɛ otwabere no adu so. Mommra, muntiatia bobe no so, efisɛ nsakyiamoa no ayɛ ma na ahina no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!”
Put in the sickle, for the harvest is ripe; go in, tread, for the wine press is full. The vats overflow, for great is their wickedness.
14 Nnipadɔm, nnipadɔm wɔ gyinaesi subon no mu! Awurade da no abɛn wɔ gyinaesi subon no mu.
Noisy multitudes, noisy multitudes in the valley of decision. For near is the Lord’s day in the valley of decision!
15 Owia ne ɔsram beduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio.
Sun and moon have turned dark, and the stars withdrawn their shining.
16 Awurade bɛbobɔ mu afi Sion, ne nne gyegyeegye afi Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwosow. Nanso Awurade bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo, ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo.
Whenever the Lord roars from Zion and utters his voice from Jerusalem, earth and sky quake; but the Lord is a refuge to his people, and a fortress to the people of Israel.
17 “Afei mubehu sɛ, me Awurade, mo Nyankopɔn, mete Sion, me bepɔw kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafo rentu wɔn so sa bio.
And you will know that I am the Lord your God, I who dwells in Zion, my holy mountain, and Jerusalem will be holy, and strangers will not pass through her any more.
18 “Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu, na nufusu ateɛ wɔ nkoko so; Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asuti betue afi Awurade fi, na agugu akasia subon no so nsu.
In that day, the mountains will drop sweet wine, the hills will flow with milk, all the channels of Judah will flow with water, a fountain will spring from the house of Judah, and will water the Valley of Shittim.
19 Nanso Misraim bɛdan amamfo, na Edom nso bɛyɛ nweatam, esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti. Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui.
Egypt will become a desolation, and Edom a wilderness, because of the violence done to the people of Judah, because they shed innocent blood in their land,
20 Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ na Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
Judah will remain inhabited forever, and Jerusalem from generation to generation.
21 So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana? Mɛtɔ kɛ.”
I will avenge their blood which I have not yet avenged. The Lord lives in Zion!

< Yoɛl 3 >