< Hiob 9 >

1 Na Hiob kasaa bio se:
Then Job answered and said,
2 “Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim?
Of a truth I know that it is so. But how can man be just with God?
3 Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a, ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
If he is pleased to contend with him, he cannot answer him one of a thousand.
4 Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so. Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?
He is wise in heart, and mighty in strength. Who has hardened himself against him, and prospered?
5 Otutu mmepɔw a wonnim ho hwee obubu wɔn fa so wɔ nʼabufuw mu.
He who removes the mountains, and they do not know it when he overturns them in his anger,
6 Ɔwosow asase fi ne sibea, na ɔma ne nnyinaso wosow biribiri.
who shakes the earth out of its place, and the pillars of it tremble,
7 Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn, na ɔsɔw nsoromma hyerɛn ano.
who commands the sun, and it does not rise, and seals up the stars,
8 Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu, na ɔnantew po asorɔkye so.
who alone stretches out the heavens, and treads upon the waves of the sea,
9 Ɔno ne Nyankrɛnte, Akokɔbeatan ne ne mma Yɛfo; anafo fam nsorommakuw no.
who makes the Bear, Orion, and the Pleiades, and the chambers of the south,
10 Ɔyɛ anwonwade a wontumi nte ase, nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan.
who does great things past finding out, yea, marvelous things without number.
11 Sɛ ɔnam me ho a, minhu no; sɛ ɔsen a, minhu no.
Lo, he goes by me, and I do not see him. He also passes on, but I do not perceive him.
12 Sɛ ohwim kɔ a, hena na osiw no kwan? Hena na obetumi abisa no se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’
Behold, he seizes; who can hinder him? Who will say to him, What are thou doing?
13 Onyankopɔn nkora nʼabufuw so; Rahab aboafo mpo ho popo wɔ nʼanim.
God will not withdraw his anger. The helpers of Rahab stoop under him.
14 “Na me ne hena a mene no beyiyi ano? Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de begye akyinnye?
How much less shall I answer him, and choose out my words to reason with him?
15 Sɛ minnim ho hwee mpo a, merentumi nyi nʼano; ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔbɔ afi me temmufo nkyɛn.
Whom, though I were righteous, yet I would not answer. I would make supplication to my judge.
16 Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a, minnye nni sɛ obetie mʼasɛm.
If I had called, and he had answered me, yet I would not believe that he hearkened to my voice.
17 Ɔde asorɔkye bɛhwe me ama mʼapirakuru adɔɔso kwa.
For he breaks me with a tempest, and multiplies my wounds without cause.
18 Ɔremma minnya mʼahome, bio, ɔde awerɛhow bɛhyɛ me ma tɔ.
He will not allow me to take my breath, but fills me with bitterness.
19 Sɛ ɛyɛ ahoɔden asɛm a, ɔyɛ ɔhoɔdenfo! Na sɛ ɛba atɛntrenee nso a, hena na ɔne no bedi asi?
If of strength, lo, he is mighty! And if of justice, who will summon me?
20 Sɛ midi bem mpo a, mʼano bebu me kumfɔ; sɛ me ho nni asɛm a, ebebu me fɔ.
Though I be righteous, my own mouth shall condemn me. Though I be perfect, it shall prove me perverse.
21 “Ɛwɔ mu sɛ midi bem de, nanso mimmu me ho; abrabɔ afono me.
Though I were perfect, I do not regard myself. I despise my life.
22 Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno nti na meka se, ‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne omumɔyɛfo.’
It is all one thing. Therefore I say, He destroys the perfect and the wicked.
23 Bere a amanehunu de owu aba no, ɔserew nea ne ho nni asɛm no abawpa.
If the scourge kills suddenly, he will laugh at the trial of the innocent.
24 Bere a asase akɔ amumɔyɛfo nsam no, ofura ɛso atemmufo ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?
The earth is given into the hand of the wicked. He covers the faces of the judges of it. If not he, who then is it?
25 “Me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo; ɛsen kɔ a anigye kakra mpo nni mu.
Now my days are swifter than a runner. They flee away. They see no good,
26 Etwa mu kɔ sɛ akorow a wɔde paparɔso ayɛ te sɛ akɔre a wɔretow akyere wɔn hanam.
They are passed away as the swift ships, as the eagle that swoops on the prey.
27 Sɛ meka se, ‘Me werɛ mfi mʼanwiinwii, mɛsakra me nsɛnka, na maserew a,’
If I say, I will forget my complaint. I will put off my sad countenance, and be of good cheer,
28 me yaw ahorow no bɔ me hu ara. Na minim sɛ, woremmu me bem.
I am afraid of all my sorrows. I know that thou will not hold me innocent.
29 Woabu me fɔ dedaw nti, adɛn na ɛsɛ sɛ mehaw me ho kwa?
I shall be condemned. Why then do I labor in vain?
30 Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina guare na mede samina hohoro me nsa ho a,
If I wash myself with snow water, and make my hands ever so clean,
31 wobɛtow me akyene dontori amoa mu, ama mʼatade mpo akyi me.
yet thou will plunge me in the ditch, and my own clothes shall abhor me.
32 “Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano, na yɛakogyina asennii abobɔ yɛn nkuro.
For he is not a man, as I am, that I should answer him, that we should come together in judgment.
33 Sɛ anka obi wɔ hɔ a obesiesie yɛn ntam na waka yɛn baanu abɔ mu,
There is no umpire between us who might lay his hand upon us both.
34 obi a obeyi Onyankopɔn abaa afi me so, na nʼahunahuna ammɔ me hu bio.
Let him take his rod away from me, and let not his terror make me afraid.
35 Anka mɛkasa a merensuro no, nanso saa tebea a mewɔ mu yi de, mintumi.
Then I would speak, and not be afraid of him, for I am not so in myself.

< Hiob 9 >