< Hiob 8 >

1 Na Suhini Bildad buae se:
书亚人比勒达回答说:
2 “Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn? Wo nsɛm yɛ mframa huhuw.
这些话你要说到几时? 口中的言语如狂风要到几时呢?
3 Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana? Otumfo kyea nea ɛteɛ ana?
神岂能偏离公平? 全能者岂能偏离公义?
4 Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no, ogyaw wɔn maa wɔn bɔne so akatua.
或者你的儿女得罪了他; 他使他们受报应。
5 Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so na woabɔ Otumfo no mpae,
你若殷勤地寻求 神, 向全能者恳求;
6 sɛ woyɛ kronkron, na woteɛ a, wo nti, ɔbɛma ne ho so mprempren na wama wo asi wo dedaw mu.
你若清洁正直, 他必定为你起来, 使你公义的居所兴旺。
7 Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakra na daakye woanya ama abu so.
你起初虽然微小, 终久必甚发达。
8 “Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no, na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui,
请你考问前代, 追念他们的列祖所查究的。
9 na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee, yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsuma.
我们不过从昨日才有,一无所知; 我们在世的日子好像影儿。
10 Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana? Wɔremfi wɔn ntease mu nka nsɛm bi ana?
他们岂不指教你,告诉你, 从心里发出言语来呢?
11 So paparɔso betumi anyin akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? Demmire betumi afifi baabi a nsu nni ana?
蒲草没有泥岂能发长? 芦荻没有水岂能生发?
12 Bere a ɛrenyin a wontwae no, ɛhyew ntɛm so sen sare.
尚青的时候,还没有割下, 比百样的草先枯槁。
13 Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te; saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee.
凡忘记 神的人,景况也是这样; 不虔敬人的指望要灭没。
14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden; nea ɔde ne ho to so no yɛ ananse ntontan.
他所仰赖的必折断; 他所倚靠的是蜘蛛网。
15 Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew; oso mu dennen, nanso ɛnyɛ yie.
他要倚靠房屋,房屋却站立不住; 他要抓住房屋,房屋却不能存留。
16 Ɔte sɛ afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu, ɛtrɛtrɛw ne mman mu wɔ turo no so;
他在日光之下发青, 蔓子爬满了园子;
17 Ne ntin nyin fa abotan ho, na ɛhwehwɛ ɔkwan kɔ abo mu.
他的根盘绕石堆, 扎入石地。
18 Nanso sɛ wotu fi ne sibea a, saa beae no nnim no bio na ɛka se, ‘Minhuu wo da.’
他若从本地被拔出, 那地就不认识他,说: 我没有见过你。
19 Ampa ara ne nkwa twa mu, na afifide foforo nyin asase no so.
看哪,这就是他道中之乐; 以后必另有人从地而生。
20 “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm na ɔnhyɛ amumɔyɛfo nsa mu den.
神必不丢弃完全人, 也不扶助邪恶人。
21 Ɔbɛma woaserew bio, na wode ahosɛpɛw ateɛteɛ mu.
他还要以喜笑充满你的口, 以欢呼充满你的嘴。
22 Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo, na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe.”
恨恶你的要披戴惭愧; 恶人的帐棚必归于无有。

< Hiob 8 >