< Hiob 7 >

1 “Asase so som nyɛ den mma onipa ana? Ne nkwanna nte sɛ ɔpaani de?
¿No es el destino del hombre en la tierra una lucha? ¿No son sus días como los de un jornalero,
2 Sɛnea akoa ani gyina anwummere sunsuma, anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,
Como el esclavo que anhela la sombra o como un jornalero que espera su pago?
3 saa ara na wɔatwa asram hunu ato me hɔ, ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.
Así yo heredé meses sin provecho y me fueron asignadas noches de aflicción.
4 Sɛ meda a, midwen bisa se, ‘Bere bɛn na ade bɛkye?’ Nanso anadwo twa mu nkakrankakra, na mepere kosi ahemadakye.
Cuando estoy acostado digo: ¿Cuándo me levantaré? Y la noche se alarga, y me lleno de inquietudes hasta el alba.
5 Asunson ne aporɔporɔw afura me nipadua, me were atetew na ɛrefi nsu.
Mi carne está cubierta de gusanos y de costras de polvo. Mi piel se agrieta y supura.
6 “Me nna kɔ ntɛm sen ɔnwemfo akurokurowa, na ɛkɔ awiei a anidaso biara nni mu.
Mis días se me van más veloces que la lanzadera y se me acaban sin esperanza.
7 Ao, Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ɔhome; na mʼani renhu anigye bio da.
Acuérdate que mi vida es un soplo. Mis ojos no volverán a ver el bien.
8 Ani a ehu me mprempren no renhu me bio; mobɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ bio.
El ojo del que me ve ya no me verán. Tus ojos se fijarán en mí, pero no existiré.
9 Sɛnea omununkum yera na etu kɔ, saa ara na nea ɔkɔ ɔda mu no nsan mma bio. (Sheol h7585)
Como la nube se deshace y se va, así el que baja al Seol no subirá. (Sheol h7585)
10 Ɔrensan mma ne fi da biara da bio; nʼatenae renkae no bio.
No regresa a su vivienda y ya no lo reconoce su lugar.
11 “Ɛno nti meremmua mʼano; mifi me honhom ahoyeraw mu akasa, mefi me kra ɔyaw mu anwiinwii.
Por tanto, no refrenaré mi boca. Hablaré en la angustia de mi espíritu. Me quejaré en la amargura de mi alma.
12 So meyɛ ɛpo anaa aboa kɛse a ɔwɔ bun mu, na mode me ahyɛ ɔwɛmfo nsa yi?
¿Soy yo el mar o el monstruo marino para que asignes guardia sobre mí?
13 Sɛ midwen sɛ minya awerɛkyekye wɔ me mpa so, na mʼakongua adwudwo mʼanwiinwii ano a,
Si digo: Me consolará mi lecho, mi cama aliviará mi queja,
14 ɛno mpo na wode adaeso yi me hu na wode anisoadehu hunahuna me,
entonces me aterras con sueños y me turbas con visiones.
15 ɛno nti mepɛ ɔsɛn ne owu, sen me nipadua yi.
De manera que mi alma prefiere la asfixia, la muerte más bien que mis huesos.
16 Mimmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. Munnyaa me; na me nna nka hwee.
Repugno la vida. No voy a vivir para siempre. Déjame, mis días son vanidad.
17 “Ɔdesani ne hena a ne ho hia wo sɛɛ, na wʼani ku ne ho,
¿Qué es el hombre para que lo engrandezcas, para que te preocupes por él,
18 na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara na wosɔ no hwɛ bere biara?
para que lo examines cada mañana y lo pruebes en todo momento?
19 Worennyi wʼani mfi me so da, anaasɛ worennyaa me bere tiaa bi mpo ana?
¿Hasta cuándo no apartarás tu mirada de mí, ni me soltarás para que trague saliva?
20 Sɛ mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo, Ao adesamma so wɛmfo? Adɛn nti na watu wʼani asi me so? Mayɛ adesoa ama wo ana?
Si pequé, ¿cuál [daño] te hago a Ti, oh Guardián de los hombres? ¿Por qué me pones como blanco tuyo hasta convertirme en una carga para mí mismo?
21 Adɛn nti na wonkata me mmarato so na womfa me bɔne nkyɛ me? Ɛrenkyɛ biara, mɛda mfutuma mu. Wobɛhwehwɛ me nanso na minni hɔ bio.”
¿Por qué no quitas mi rebelión y perdonas mi iniquidad? Porque ahora me acostaré en el polvo. Tú me buscarás, pero no estaré.

< Hiob 7 >