< Hiob 6 >
2 “Sɛ wobetumi akari mʼawerɛhowdi na me haw nso wɔde agu nsania so a,
“Sɛ wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie na me haw nso wɔde agu nsania so a,
3 anka emu bɛyɛ duru asen nwea a ɛwɔ po mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.
anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.
4 Otumfo agyan no wɔ me mu, me honhom nom ano bɔre no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.
Otumfoɔ agyan no awɔ me mu, me honhom nom ano awuduro no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.
5 Wuram afurum su wɔ bere a wanya sare ana, na nantwi nso su wɔ bere a wanya nʼaduan ana?
Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa, na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa?
6 So wodi aduan a nkyene nni mu? Na ɔdɛ bi wɔ nkesua mu fufu mu ana?
Wɔdi aduane a nkyene nni mu anaa, na kosua mu fufuo nso ɔdɛ bi wɔ mu anaa?
7 Mempɛ sɛ mede me nsa ka; aduan a ɛte saa no bɔ me yare.
Mempɛ sɛ mede me nsa ka; aduane a ɛte saa no bɔ me yadeɛ.
8 “Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisade, sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea mʼani da so no ama me,
“Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisadeɛ, sɛ Onyankopɔn bɛyɛ deɛ mʼani da so ama me.
9 sɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔdwerɛw me sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,
Mepɛ sɛ Onyankopɔn dwerɛ me, sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,
10 ɛne anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekye yi, a ɛyɛ anigye a mewɔ wɔ ɔyaw a entwa da yi mu, ne Ɔkronkronni no nsɛm a mimmuu so yi.
ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi. Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi no memmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da.
11 “Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ minya anidaso? Daakye nneɛma pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?
“Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ menya anidasoɔ? Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ?
12 Mewɔ ahoɔden sɛ ɔbo ana? Me honam yɛ kɔbere mfrafrae ana?
Mewɔ ahoɔden sɛ ɛboɔ anaa? Me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ anaa?
13 So mewɔ tumi bi a mede bɛboa me ho saa bere yi a nkonimdi apare me yi ana?
Mewɔ tumi a mede bɛboa me ho anaa? Saa ɛberɛ yi a nkonimdie apare me yi?
14 “Obiara a ɔbɔ nʼadamfo ayamye sɛn no gyaw Otumfo no ho suro.
“Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ, ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba wɔ Otumfoɔ no suro ho.
15 Nanso ahotoso nni me nuanom mu sɛ nsuwansuwa a eyiri na ɛyow, sɛ nsuwansuwa a eyiri
Nanso ahotosoɔ nni me nuanom mu. Wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie na ɛweɛ, wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie
16 bere a sukyerɛmma renan na mparuwbo nso redan nsu,
ɛberɛ a sukyerɛmma renane na asukɔtweaa nso redane nsuo,
17 nanso owiabere mu no ɛsen bio na ɔhyew nti nsu no tu yera.
nanso owiaberɛ mu no, ɛntene bio na ɔhyew enti nsuo no tu yera.
18 Akwantufo man fi wɔn akwan so; wɔforo kɔ nsase a awuwu so ma wowuwu.
Akwantufoɔ mane firi wɔn akwan so; wɔforo kɔ nsase bonini so na wɔwuwu.
19 Tema akwantufo hwehwɛ nsu, Seba aguadifo akwantufo de anidaso hwehwɛ nsu.
Tema akwantufoɔ hwehwɛ nsuo, adwadifoɔ akwantufoɔ a wɔfiri Seba de anidasoɔ hwehwɛ nsuo.
20 Wɔn ho yeraw wɔn, efisɛ na wɔwɔ awerehyɛmu; woduu hɔ, na wɔn anidaso yɛ ɔkwa.
Wɔn ho yera wɔn, ɛfiri sɛ na wɔwɔ awerɛhyɛmu; wɔduruu hɔ, nanso wɔn anidasoɔ yɛ ɔkwa.
21 Afei, wo nso woakyerɛ sɛ wo so nni mfaso; wuhu biribi a ɛyɛ hu na wusuro.
Afei wo nso woakyerɛ sɛ wo ho nni mfasoɔ; Woahunu mʼamanehunu no, na ama woasuro.
22 So maka pɛn se, ‘Me nti momma biribi, sɛ mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika,
Maka sɛ, ‘Momma me biribi? Maka sɛ momfiri mo ahodeɛ ntua me tiri so sika,
23 sɛ munnye me mfi mʼatamfo nsam, ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?’
anaasɛ monnye me mfiri mʼatamfoɔ nsam, ne atirimuɔdenfoɔ nkyehoma mu anaa?’
24 “Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm; monkyerɛ me mfomso a mayɛ.
“Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm; monkyerɛ me mfomsoɔ a mayɛ.
25 Nokwareka yɛ yaw, na mo adwenkyerɛ no kosi dɛn?
Nokorɛka yɛ yea, na mo adwenkyerɛ no, ɛkɔsi sɛn?
26 So mokyerɛ sɛ mubesiesie sɛ nea meka no, na moafa mʼahometew nsɛm sɛ mframa ana?
Mokyerɛ sɛ deɛ maka no nnyɛ nokorɛ, mofa obi a nʼabamu abu asɛm sɛ mframa anaa?
27 Mpo mobɛbɔ ayisaa so ntonto, na mode mo adamfo adi nsesagua.
Mpo mobɛbɔ awisiaa so ntonto, na mode mo adamfo adi nsesa dwa.
28 “Afei momfa ahummɔbɔ nhwɛ me. Metumi adi atoro wɔ mo anim ana?
“Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me. Mɛtumi adi atorɔ wɔ mo anim anaa?
29 Montɔ mo bo ase, mummu ntɛnkyew; monsan nnwen ho, efisɛ eyi fa me pɛpɛyɛ ho.
Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea; monsane nnwene ho, ɛfiri sɛ me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ.
30 Amumɔyɛsɛm wɔ mʼano ana? Minnim papa ne bɔne ntam nsonoe ana?
Amumuyɛsɛm wɔ mʼano anaa? Mennim papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ anaa?