< Hiob 5 >

1 “Wobɛfrɛ a frɛ, na hena na obegye wo so? Akronkronfo no mu hena nkyɛn na wobɛkɔ?
“Call out if you please, but who will answer? To which of the holy ones will you turn?
2 Ahisɛm kum ɔkwasea, na anibere kum atetekwaa.
For resentment kills a fool, and envy slays the simple.
3 Mʼankasa mahu ɔkwasea a ɔrefefɛw, nanso mpofirim, wɔdomee ne fi.
I have seen a fool taking root, but suddenly his house was cursed.
4 Ne mma ne bammɔ ntam kwan ware, wɔdwerɛw wɔn wɔ asennii a wonni ɔkamafo.
His sons are far from safety, crushed in court without a defender.
5 Nea ɔkɔm de no no di ne nnɔbae, na ɔfa fi nsɔe mu mpo, na nea osukɔm de no no pere di nʼahode akyi.
The hungry consume his harvest, taking it even from the thorns, and the thirsty pant after his wealth.
6 Ahokyere mpue mmfi dɔte mu na ɔhaw nso mfifi mmfi fam.
For distress does not spring from the dust, and trouble does not sprout from the ground.
7 Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu mpɛn dodow a gyaframa turuw kɔ soro no.
Yet man is born to trouble as surely as sparks fly upward.
8 “Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka meguan atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim.
However, if I were you, I would appeal to God and lay my cause before Him—
9 Ɔyɛ anwonwade a wontumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan ne dodow.
the One who does great and unsearchable things, wonders without number.
10 Ɔtɔ osu gu asase so; na ɔde kɔ wuram.
He gives rain to the earth and sends water upon the fields.
11 Ɔde ahobrɛasefo si nea ɛkorɔn, na ɔma wɔn a wodi awerɛhow nya asomdwoe.
He sets the lowly on high, so that mourners are lifted to safety.
12 Ɔsɛe aniferefo nhyehyɛe, ma wɔn nsa si fam.
He thwarts the schemes of the crafty, so that their hands find no success.
13 Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anifere mu, na ɔbɔ anitewfo nhyehyɛe gu.
He catches the wise in their craftiness, and sweeps away the plans of the cunning.
14 Sum duru wɔn awia ketee; na wɔkeka wɔ owigyinae mu te sɛ anadwo.
They encounter darkness by day and grope at noon as in the night.
15 Ogye ahiafo fi afoa a ɛhyɛ wɔn anom; ogye wɔn fi ahoɔdenfo nkyehama mu.
He saves the needy from the sword in their mouth and from the clutches of the powerful.
16 Enti ahiafo wɔ anidaso, na ntɛnkyew ka nʼano to mu.
So the poor have hope, and injustice shuts its mouth.
17 “Nhyira ne onipa a Onyankopɔn teɛ no, enti mmu Otumfo nteɛteɛ no animtiaa.
Blessed indeed is the man whom God corrects; so do not despise the discipline of the Almighty.
18 Efisɛ ɔno na opira na ɔno ara akyekyere; opira nanso ne nsa sa yare.
For He wounds, but He also binds; He strikes, but His hands also heal.
19 Obegye wo afi ɔhaw ahorow asia mu; ason so no, bɔne biara renka wo.
He will rescue you from six calamities; no harm will touch you in seven.
20 Ɔkɔm ba a, obegye wo afi owu mu, na ɔko mu nso, obegye wo afi afoa ano.
In famine He will redeem you from death, and in battle from the stroke of the sword.
21 Wɔbɛbɔ wo ho ban afi ntwirii ho na sɛ ɔsɛe ba a ɛnsɛ sɛ wusuro.
You will be hidden from the scourge of the tongue, and will not fear havoc when it comes.
22 Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm; na ɛnsɛ sɛ wusuro asase so mmoa.
You will laugh at destruction and famine, and need not fear the beasts of the earth.
23 Wo ne afuw so abo bɛyɛ apam, na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoe mu.
For you will have a covenant with the stones of the field, and the wild animals will be at peace with you.
24 Wubehu sɛ wo ntamadan wɔ bammɔ; na sɛ wosese wʼahode a wubehu sɛ hwee nyeraa ɛ.
You will know that your tent is secure, and find nothing amiss when inspecting your home.
25 Wubehu sɛ wo mma bɛyɛ bebree; na wʼase bɛfɛe sɛ asase so sare.
You will know that your offspring will be many, your descendants like the grass of the earth.
26 Wode ahoɔden bɛkɔ ɔda mu, te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwabere mu.
You will come to the grave in full vigor, like a sheaf of grain gathered in season.
27 “Yɛahwehwɛ eyi mu, na ɛyɛ nokware ɛno nti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”
Indeed, we have investigated, and it is true! So hear it and know for yourself.”

< Hiob 5 >