< Hiob 42 >

1 Na Hiob buaa Awurade se,
And Job said in answer to the Lord,
2 “Minim sɛ wutumi yɛ nneɛma nyinaa; obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛe.
I see that you are able to do every thing, and to give effect to all your designs.
3 Wubisa se, ‘Hena ni a onni nimdeɛ nso osiw mʼafotu ho kwan?’ Ampa ara mekaa nneɛma a mente ase no ho nsɛm, nneɛma a ɛyɛ nwonwa ma me.
Who is this who makes dark the purpose of God by words without knowledge? For I have been talking without knowledge about wonders not to be searched out.
4 “Wokae se, ‘Tie na menkasa; mebisa wo nsɛm na ɛsɛ sɛ woma me mmuae.’
Give ear to me, and I will say what is in my mind; I will put questions to you, and you will give me the answers.
5 Mate wo nka pɛn, na mprempren de, mʼani ahu wo.
Word of you had come to my ears, but now my eye has seen you.
6 Ɛno nti mibu me ho animtiaa na mete mfutuma ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”
For this cause I give witness that what I said is false, and in sorrow I take my seat in the dust.
7 Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas se, “Me bo afuw wo ne wo nnamfonom baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob kae no.
And it came about, after he had said these words to Job, that the Lord said to Eliphaz the Temanite, I am very angry with you and your two friends, because you have not said what is right about me, as my servant Job has.
8 Afei, momfa anantwi ason ne adwennini ason, na monkɔ me somfo Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho. Me somfo Hiob bɛbɔ mpae ama mo, na metie ne mpaebɔ no na merenyɛ mo sɛnea ɛfata mo nkwaseasɛm no, nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob yɛe no.”
And now, take seven oxen and seven sheep, and go to my servant Job, and give a burned offering for yourselves, and my servant Job will make prayer for you, that I may not send punishment on you; because you have not said what is right about me, as my servant Job has.
9 Enti Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no; na Awurade tiee Hiob mpaebɔ.
And Eliphaz the Temanite, and Bildad the Shuhite, and Zophar the Naamathite, went and did as the Lord had said. And the Lord gave ear to Job.
10 Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfonom akyi no, Awurade san yɛɛ no ɔdefo bio na ɔde nʼahode a na ɔwɔ kan no mmɔho abien maa no.
And the Lord made up to Job for all his losses, after he had made prayer for his friends: and all Job had before was increased by the Lord twice as much.
11 Afei, ne nuabarimanom, ne nuabeanom nyinaa ne obiara a na onim no dedaw no baa ne fi ne no bedidii. Wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kaa.
And all his brothers and sisters, and his friends of earlier days, came and took food with him in his house; and made clear their grief for him, and gave him comfort for all the evil which the Lord had sent on him; and they all gave him a bit of money and a gold ring.
12 Awurade hyiraa Hiob nkwa awiei sen ne mfiase. Onyaa nguan mpem dunan, yoma mpem asia, anantwinini mpamho apem ne mfurum abere apem.
And the Lord's blessing was greater on the end of Job's life than on its start: and so he came to have fourteen thousand sheep and goats, and six thousand camels, and two thousand oxen, and a thousand she-asses.
13 Bio onyaa mmabarima baason ne mmabea baasa.
And he had seven sons and three daughters.
14 Ɔtoo ne babea piesie no din Yemima, na nea odi so no Kesia na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-Hapuk.
And he gave the first the name of Jemimah, the second Keziah, and the third Keren-happuch;
15 Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmabea no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuabarimanom no ho maa wɔn agyapade.
And there were no women so beautiful as the daughters of Job in all the earth: and their father gave them a heritage among their brothers.
16 Eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan; ohuu ne mma ne ne nenanom awo ntoatoaso anan.
And after this Job had a hundred and forty years of life, and saw his sons, and his sons' sons, even four generations.
17 Afei owui a na wabɔ akwakoraa pa ara.
And Job came to his end, old and full of days.

< Hiob 42 >