< Hiob 41 >
1 “So wubetumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn anaa wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma?
“Can you pull in Leviathan with a hook or tie down his tongue with a rope?
2 So wubetumi de hama afa ne hwenem, anaasɛ wubetumi de darewa aso nʼabogye mu?
Can you put a cord through his nose or pierce his jaw with a hook?
3 Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hu no mmɔbɔ ana? Ɔne wo bɛkasa brɛoo ana?
Will he beg you for mercy or speak to you softly?
4 Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ ana?
Will he make a covenant with you to take him as a slave for life?
5 Wubetumi de no ayɛ abɛbɛ te sɛ anomaa anaa wubetumi asa no hama de no ama wo mmabea?
Can you pet him like a bird or put him on a leash for your maidens?
6 So aguadifo bɛpɛ sɛ wode no bedi nsesagua? Wɔbɛkyekyɛ ne mu ama aguadifo ana?
Will traders barter for him or divide him among the merchants?
7 Wubetumi de mpeaw awowɔ ne were mu anaasɛ wode mpataa mpɛmɛ bɛwowɔ ne ti ho?
Can you fill his hide with harpoons or his head with fishing spears?
8 Wode wo nsa ka no a, wobɛkae sɛnea ɔbɛwosow ne ho, nti worenyɛ saa bio!
If you lay a hand on him, you will remember the battle and never repeat it!
9 Ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akyere no; ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwudwo.
Surely hope of overcoming him is false. Is not the sight of him overwhelming?
10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no. Afei hena na obetumi ne me adi asi?
No one is so fierce as to rouse Leviathan. Then who is able to stand against Me?
11 Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de.
Who has given to Me that I should repay him? Everything under heaven is Mine.
12 “Me werɛ remfi sɛ mɛka nʼakwaa, nʼahoɔden ne ne bɔbea fɛfɛ no ho asɛm.
I cannot keep silent about his limbs, his power and graceful form.
13 Hena na obetumi aworɔw ne ho ahama, na hena na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?
Who can strip off his outer coat? Who can approach him with a bridle?
14 Hena na obetumi abue nʼabogye, a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?
Who can open his jaws, ringed by his fearsome teeth?
15 Nʼakyi wɔ bona a ɛsesa so, ɛtetare so a ɔkwan nna mu koraa;
His rows of scales are his pride, tightly sealed together.
16 sɛnea ɛtetare so fa no nti, mframa biara mfa ntam.
One scale is so near to another that no air can pass between them.
17 Ɛtoatoa mu denneennen a emu ntumi ntetew.
They are joined to one another; they clasp and cannot be separated.
18 Sɛ ɔnwansi a, ɛpepa gya; nʼaniwa aba te sɛ adekyeenim hann.
His snorting flashes with light, and his eyes are like the rays of dawn.
19 Agyatɛn turuw fi nʼanom na nsramma turuturuw fi mu.
Firebrands stream from his mouth; fiery sparks shoot forth!
20 Wusiw sen fi ne hwene mu te sɛ ɔsɛn a esi gya so.
Smoke billows from his nostrils as from a boiling pot over burning reeds.
21 Ne home ma gyabiriw ano sɔ, na ogyaframa tu fi nʼanom.
His breath sets coals ablaze, and flames pour from his mouth.
22 Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa; wɔn a wohu no no aba mu bu.
Strength resides in his neck, and dismay leaps before him.
23 Ne were a abubu agu so no yɛ peperee; ayɛ pemee a ɛnka ne ho.
The folds of his flesh are tightly joined; they are firm and immovable.
24 Ne koko so yɛ den sɛ ɔbotan ɛyɛ den sɛ awiyammo.
His chest is as hard as a rock, as hard as a lower millstone!
25 Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfo bɔ huboa; sɛ ɔwosow ne ho a woguan.
When Leviathan rises up, the mighty are terrified; they withdraw before his thrashing.
26 Afoa wɔ no a, ɛnka no, peaw, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.
The sword that reaches him has no effect, nor does the spear or dart or arrow.
27 Ɔfa dade sɛ wura bi na kɔbere mfrafrae te sɛ dua a awu bi ma no.
He regards iron as straw and bronze as rotten wood.
28 Agyan mma no nguan; ahwimmo mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.
No arrow can make him flee; slingstones become like chaff to him.
29 Kontibaa te sɛ sare wɔ nʼani so; na ɔserew pɛmɛ nnyigyei.
A club is regarded as straw, and he laughs at the sound of the lance.
30 Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so. Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa dontori mu a, eyiyi akam.
His undersides are jagged potsherds, spreading out the mud like a threshing sledge.
31 Ɔma bun mu huru sɛ nsu a ɛwɔ ɛsɛn mu na onunu po mu sɛ srade a ɛwɔ kuku mu.
He makes the depths seethe like a cauldron; he makes the sea like a jar of ointment.
32 Nea ɔbɛfa no, ɛhɔ nsu no pa yerɛw yerɛw; na obi besusuw sɛ po bun adan ayɛ dwen.
He leaves a glistening wake behind him; one would think the deep had white hair!
33 Asase so biribiara ne no nsɛ. Ɔyɛ abɔde a onsuro hwee.
Nothing on earth is his equal— a creature devoid of fear!
34 Ommu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara; ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomaso no nyinaa so hene.”
He looks down on all the haughty; he is king over all the proud.”