< Hiob 40 >
1 Afei Awurade buaa Hiob se,
And the LORD said to Job:
2 “Nea ɔne Otumfo no wɔ asɛm no bɛteɛ ne so ana? Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”
“Will the faultfinder contend with the Almighty? Let him who argues with God give an answer.”
3 Na Hiob buaa Awurade se,
Then Job answered the LORD:
4 “Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae? Mede me nsa mua mʼano.
“Behold, I am insignificant. How can I reply to You? I place my hand over my mouth.
5 Makasa baako, nanso minni mmuae mprenu so, na merenkasa bio.”
I have spoken once, but I have no answer— twice, but I have nothing to add.”
6 Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,
Then the LORD answered Job out of the whirlwind and said:
7 “Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mebisa wo nsɛm, na ɛsɛ sɛ wubua me.
“Now brace yourself like a man; I will question you, and you shall inform Me.
8 “Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana? Wubebu me fɔ de abu wo ho bem ana?
Would you really annul My justice? Would you condemn Me to justify yourself?
9 Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn de, na wo nne betumi abobɔ mu sɛ ne de ana?
Do you have an arm like God’s? Can you thunder with a voice like His?
10 Ɛno de fa anuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, na fura nidi ne kɛseyɛ.
Then adorn yourself with majesty and splendor, and clothe yourself with honor and glory.
11 Hwie wʼabufuwhyew mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,
Unleash the fury of your wrath; look on every proud man and bring him low.
12 hwɛ ɔhantanni biara na si no fam na tiatia amumɔyɛfo so wɔ faako a wogyina hɔ.
Look on every proud man and humble him; trample the wicked where they stand.
13 Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfutuma mu; kata wɔn anim wɔ ɔda mu.
Bury them together in the dust; imprison them in the grave.
14 Na afei mʼankasa megye ato mu sɛ wo ara wo basa nifa betumi agye wo nkwa.
Then I will confess to you that your own right hand can save you.
15 “Hwɛ susono, nea meyɛɛ no kaa wo ho na ɔwe sare te sɛ nantwi.
Look at Behemoth, which I made along with you. He feeds on grass like an ox.
16 Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasen mu ne ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu so were mu!
See the strength of his loins and the power in the muscles of his belly.
17 Ne dua hinhim sɛ sida; ne srɛ mu ntin yɛ peperee.
His tail sways like a cedar; the sinews of his thighs are tightly knit.
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafrae dorobɛn, nʼabasa ne ne nʼanan te sɛ nnade praban.
His bones are tubes of bronze; his limbs are rods of iron.
19 Odi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan, nanso ne Yɛfo betumi de nʼafoa akɔ ne so.
He is the foremost of God’s works; only his Maker can draw the sword against him.
20 Nkoko fifi wɔn nnɔbae ma no, na wuram mmoa nyinaa goru bɛn hɔ.
The hills yield him their produce, while all the beasts of the field play nearby.
21 Nsɔensɔe nnua ase na ɔda, na dontori mu demmire akata no so.
He lies under the lotus plants, hidden among the reeds of the marsh.
22 Nsɔensɔe nwini no kata ne so; na nsunoa nnua twa ne ho hyia.
The lotus plants conceal him in their shade; the willows of the brook surround him.
23 Nsu nworoso nhaw no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, onni ɔhaw.
Though the river rages, Behemoth is unafraid; he remains secure, though the Jordan surges to his mouth.
24 Obi betumi akyere no animono; anaa obi betumi de afiri ayi no na wabɔre ne hwene mu ana?
Can anyone capture him as he looks on, or pierce his nose with a snare?