< Hiob 39 >

1 “So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo? Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba?
Knowest thou the time when the wild goats of the rock bring forth? Or canst thou observe when the hinds are in labor?
2 So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn? Wunim bere a wɔwo ana?
Canst thou number the months they fulfill, And know the season when they bring forth?
3 Wɔkotow wowo wɔn mma; wɔn awoko yaw to twa.
They bow themselves; they bring forth their young; They cast forth their pains.
4 Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram; na wogyaw wɔn awofo hɔ a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio.
Their young ones are strong; they grow up in the fields; They go away, and return not to them.
5 “Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di? Hena na ɔsan ne hama?
Who hath sent forth the wild ass free? Who hath loosed the bands of the wild ass,
6 Mede asase kesee maa no sɛ ne fi, ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenae.
To whom I have given the wilderness for his house, And the barren land for his dwelling-place?
7 Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ; na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu.
He scorneth the tumult of the city, And heedeth not the shouting of the driver;
8 Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibea ɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara.
The range of the mountains is his pasture; He seeketh after every green thing,
9 “Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana? Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana?
Will the wild-ox consent to serve thee? Will he pass the night at thy crib?
10 Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana? Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana?
Canst thou bind the wild-ox with the harness to the furrow? Or will he harrow the valleys after thee?
11 Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti? Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?
Wilt thou rely upon him because his strength is great, And commit to him thy labor?
12 Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛba na waboa ano de akɔ awiporowbea ana?
Wilt thou trust him to bring home thy grain, And gather in thy harvest?
13 “Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so, nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho.
The wing of the ostrich moveth joyfully; But is it with loving pinion and feathers?
14 Ɔtow ne nkesua gu asase so ma mfutuma ka no hyew,
Nay, she layeth her eggs on the ground; She warmeth them in the dust,
15 ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no, sɛ wuram aboa bi betiatia so.
And forgetteth that the foot may crush them, And that the wild beast may break them.
16 Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea; ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa,
She is cruel to her young, as if they were not hers; Her labor is in vain, yet she feareth not;
17 efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa wamma no nhumu biara.
Because God hath denied her wisdom, And hath not given her understanding.
18 Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a, ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.
Yet when she lasheth herself up on high, She laugheth at the horse and his rider.
19 “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden anaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no?
Hast thou given the horse strength? Hast thou clothed his neck with his trembling mane?
20 Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi, na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana?
Hast thou taught him to bound like the locust? How majestic his snorting! how terrible!
21 Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu, na afei ɔbɔ wura ɔko mu.
He paweth in the valley; he exulteth in his strength, And rusheth into the midst of arms.
22 Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara; ohu afoa a onguan.
He laugheth at fear; he trembleth not, And turneth not back from the sword.
23 Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu, na peaw ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.
Against him rattle the quiver, The flaming spear, and the lance.
24 Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam; na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako.
With rage and fury he devoureth the ground; He will not believe that the trumpet soundeth.
25 Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’ ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri, ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ.
At every blast of the trumpet, he saith, Aha! And snuffeth the battle afar off, —The thunder of the captains, and the war-shout.
26 “Wo nyansa na ɛma akoroma tu na ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo?
Is it by thy wisdom that the hawk flieth, And spreadeth his wings toward the south?
27 Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosoro kɔyɛ ne berebuw wɔ hɔ?
Doth the eagle soar at thy command, And build his nest on high?
28 Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda; ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandennen.
He dwelleth and lodgeth upon the rock, Upon the peak of the rock, and the stronghold.
29 Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan; nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri.
From thence he spieth out prey; His eyes discern it from afar.
30 Mogya yɛ ne mma aduan, na faako a atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”
His young ones suck up blood; And where the slain are, there is he.

< Hiob 39 >